Yehowa a Yɛbɛsom No sɛ Abusua
1 Bible mmere mu no, na mmusua bom yɛ nneɛma pii. Ná wɔyɛ da biara nnwuma, na ne titiriw no, na wɔsom Yehowa sɛ abusua. (Lev. 10:12-14; Deut. 31:12) Ɛnnɛ, wɔ mmeae pii no, mmusua ntaa mmom nyɛ nneɛma. Nanso, Kristofo nim sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛbom ayɛ nneɛma sɛ abusua, titiriw wɔ ɔsom mu. Hwɛ sɛnea abusua Hyehyɛfo no ani gye bere a ohu sɛ mmusua de biakoyɛ resom no no!
2 Mommom Nkɔ Asɛnka: Asɛmpa no a abusua no bom ka no ma wonya abusuabɔ a emu yɛ den. Enti, afoforo a wɔwɔ asafo no mu a ɔpanyin ne wɔn bɛkɔ asɛnka akyi no, ɛsɛ sɛ ɔne ne yere ne ne mma bom yɛ adwuma daa nso. (1 Tim. 3:4, 5) Ɛmfa ho sɛ ahwɛfo akwantufo nni adagyew no, wogye bere ne wɔn yerenom kɔ asɛnka.
3 Awofo a wɔne wɔn mma kɔ asɛnka no tumi boa wɔn ma wonya nkɔso sɛ asɛmpakafo. Ɛnyɛ anigye ne akomatɔyam a awofo nya wɔ asɛnka mu no nko na mmofra no behu, na mmom wobehu sɛnea wɔn awofo da Yehowa ne wɔn mfɛfo nnipa ho dɔ a wɔwɔ no nso adi. (Deut. 6:5-7) Esiane sɛnea eyi ho hia nti, ɛnsɛ sɛ awofo gyae koraa sɛ wɔne wɔn mma a wɔrenyinyin no bɛkɔ asɛnka. Awarefo bi a wɔwɔ mmabarima baasa a wɔadi fi mfe 15 kosi 21 no da so ne wɔn mma kɔ asɛnka daa. Wɔn papa kae sɛ: “Yɛkyerɛ wɔn biribi bere biara. Na yɛhwɛ hu sɛ ɛyɛ anigye na ɛhyɛ wɔn nkuran nso.”
4 Mommom Nsiesie Mo Ho: Mmusua ahorow ahu sɛ mfaso wɔ so sɛ wɔbɛbom asiesie wɔn ho ama asɛnka. Mmofra ani taa gye bere a wɔma abusua no muni biara ka asɛm no kyerɛ wɔn mu bi anaa wɔma ɔyɛ ofiewura de sua sɛnea ɔbɛka asɛm no wɔ asɛnka mu no. Ebinom de simma kakra yɛ eyi bere a wɔayɛ abusua adesua awie no.
5 Yɛn ani gye kɛse bere a yɛne wɔn a yɛdɔ wɔn no yɛ nnwuma a ɛho hia na ɛma akomatɔyam no. Hwɛ anigye araa a ɛyɛ sɛ abusua mufo bɛbom akɔ asɛnka wɔ afie afie mu na wɔayɛ sankɔhwɛ ne Bible adesua ahorow nso! Bere a wo ne w’abusua bom som Yehowa no, wubetumi de anigye aka sɛ: “Me ne me fi de, yɛbɛsom [Yehowa, NW].”—Yos. 24:15.