Sɛnea Abusuafo De Biakoyɛ Nya Kyɛfa Kosi Ase—Wɔ Asɛnka Mu
1 Dɛn na ɛyɛ anigye sen sɛ wubehu okununom ne ɔyerenom, awofo ne wɔn mma, sɛ wɔbom yɛ Kristofo som adwuma no, na woyi Yehowa din ayɛ wɔ baguam? (Dw. 148:12, 13) Ɛsɛ sɛ mmusua nyinaa yɛ nhyehyɛe pa nya kyɛfa wɔ asɛnka adwuma mu daa. So w’abusua no wɔ da pɔtee bi wɔ dapɛn biara mu a wɔde kɔ asɛnka? Sɛ ɛte saa a, ɛnde na obiara nim nea ɛsɛ sɛ ɔyɛ ho nhyehyɛe pɔtee, na obetumi anya mu kyɛfa akosi ase.—Mmeb. 21:5a.
2 Ansa na abusua no nyinaa bɛbom akɔ asɛnka no, dɛn nti na mommom nni kan mmobɔ nsɛm a wɔka kyerɛ a abusua no de bedi dwuma no so? Bobɔ a mobɛbobɔ so no betumi aboa mo yiye, na ebetumi ama abusua no anya biakoyɛ honhom ankasa. Hwɛ mfaso ara a ɛwɔ so bere a asɛnka adwuma no bɛyɛ abusua mu adeyɛ na abusua mufo no nyinaa asiesie wɔn ho yiye no!
3 Ɔhwɛfo kwantufo bi ne abusua bi mufo nyinaa kɔɔ nsɛmma nhoma kyekyɛ. Bere a na ɔne mmabea no biako reyɛ afie afie adwuma no, abeawa no bisaa no sɛ: “Wo ne me bɛyɛ adwuma akosi bere bɛn?” Afei abeawa no kae sɛ sɛ wowie a, ɔne ne papa bɛtoa so. Ná ɛda adi sɛ sɛ ɔne ne papa kɔ asɛnka bom a, wɔn ani gye ankasa. Abusua ntam ayɔnkofa pa bɛn ara ni!
4 Mmusua binom betumi de ɔsram biako abom ayɛ akwampaefo aboafo adwuma wɔ afe biara mu. Anaasɛ ebetumi aba sɛ anyɛ yiye koraa no, abusua no muni biako bɛkɔ so asom sɛ ɔkwampaefo boafo anaa mpo ɔde ne ho bɛhyɛ daa akwampae adwuma no mu. Sɛ abusua no mufo nyinaa toto wɔn nneɛma yiye na wɔyɛ biako a, ebia wɔn nyinaa betumi ayɛ pii wɔ ɔsom adwuma no mu denam mmoa a wɔde bɛma nea ɔreyɛ akwampae adwuma no so. Akyinnye biara nni ho sɛ abusua no mufo benya nhyira ne osuahu a ɛyɛ anigye a wonya wɔ asɛnka mu no.—Mal. 3:10.
5 Asɛnka adwuma mu kyɛfa a yebenya akosi ase no bɛboa aka mmusua abom, na wɔanya anigye wɔ Yehowa som adwuma mu!—Fa toto Filipifo 2:1, 2 ho.