Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ September mu
“Nnipa a wofi aman ahorow so na ɛsono wɔn gyidi bɔ mpae da biara da. Wugye di sɛ Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa?” Twɛn ma ommua. Afei fa September 1 Watchtower no bi ma ofiewura no, na wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan no ase wɔ kratafa 16 no, na munsusuw kyerɛw nsɛm a wɔatwe adwene asi so no mu biako anaa nea ɛboro saa ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower September 1
Fa nsɛmma nhoma no kyerɛ no, na ka sɛ: “Dɛn na wobɛka wɔ asɛmmisa yi ho? [Twɛn ma ommua.] Tie nea Bible no ka wɔ ha. [Kenkan 1 Yohane 5:19.] Sɛnea kyerɛwsɛm yi kyerɛ no, “ɔbɔnefo no,” anaa Ɔbonsam na odi wiase yi so. Nanso eyi ma yebisa sɛ: Hena na ɔbɔɔ Ɔbonsam? Ɔyɛ obi a ɔwɔ hɔ ankasa? Onyankopɔn bɛma no kwan ma wadi tumi akosi bere bɛn? Nsɛmma nhoma yi ma yehu nea Bible ka wɔ asɛm yi ho.”
Awake! September
“Ɛnnɛ, sikasɛm ama nnipa pii ahaw. Wususuw sɛ dɛn na ama asetena mu ayɛ den saa? [Twɛn ma ommua.] Afotusɛm pii wɔ Bible mu a ebetumi aboa ma yɛatoto yɛn sikasɛm yiye. [Kenkan kyerɛw nsɛm a ɛwɔ kratafa 8-9 no mu biako.] Nyansahyɛ a ebetumi aboa wɔn a ɛka remene wɔn wɔ nsɛmma nhoma yi mu.”