Ɔkwan Foforo a Yebetumi Afa So De Bible’s Message Nhomawa no Adi Adwuma
Nnipa pii a wɔte yɛn asasesin mu, titiriw nyamesomfo a wɔnyɛ Kristofo no nnim Bible mu nsɛm. Sɛ adawurubɔfo bi ne nnipa a wɔte saa resua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no a, wɔde Bible’s Message nhomawa no boa wɔn asuafo no ma wohu nsɛm a ɛwɔ Bible no mu nyinaa ani so kakra. Sɛ nhwɛso no, bere a onua bi ne ne suani resua Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ti 3 no, ɔne no susuw nhomawa no fã 1 no ho. Ɛno akyi no, bere biara a wobesua ade awie no, wosusuw ɔfã bi ho. So wo ne obi a onni Bible no ho nimdeɛ ahe biara anaasɛ onni bi koraa resua ade? Nea ɛbɛyɛ na woatumi aboa no ma wasua ‘nkyerɛwee kronkron no a ebetumi ama wahu nyansa akɔ nkwagye mu’ no, wubetumi de nsɛm a ɛwɔ Bible’s Message nhomawa no mu aka Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ho.—2 Tim. 3:15.