Ntwentwɛn Wo Nan Ase
1. Egye akokoduru na ama yɛatumi ayɛ dɛn, na dɛn ntia?
1 Esiane sɛ wusuro sɛ wobedi wo ho fɛw nti, so woatwentwɛn wo nan ase sɛ wubedi adanse wɔ sukuu mu pɛn? Nokwasɛm ni, sɛ woyɛ obi a ɔfɛre ade a, egye akokoduru paa ansa na woatumi akasa. Dɛn na ebetumi aboa wo?
2. Dɛn nti na atɛmpa ho hia na ama yɛatumi adi adanse wɔ sukuu mu?
2 Fa Atɛmpa Yɛ Adwuma: Ɛwom sɛ wubetumi de sukuu mu ayɛ w’asasesin de, nanso kae sɛ ɛnyɛ obiara na wubetumi ne no afi nkɔmmɔbɔ ase sɛnea ɛte wɔ afie afie asɛnka mu no. Fa atɛmpa yɛ adwuma na ama woahu bere a ɛsɛ sɛ wokasa. (Ɔsɛnk. 3:1, 7) Biribi a wo ne wo mfɛfo sukuufo resua anaa dwumadi bi a wɔde ama mo betumi ama woanya hokwan aka wo gyidi ho asɛm. Anaa ebia wo mfɛfo sukuufo bebisa wo nea enti a womfa wo ho nhyɛ dwumadi ahorow bi mu. Nea Kristofo binom yɛ ne sɛ wɔka kyerɛ wɔn akyerɛkyerɛfo wɔ sukuu afe no mfiase sɛ wɔyɛ Yehowa Adansefo, na wɔma wɔn nhoma ahorow a ɛka yɛn gyidi ho asɛm. Ebinom nso de yɛn nhoma ahorow no to wɔn pon so sɛnea ɛbɛyɛ a sukuufo no bebisa ho nsɛm.
3. Ahosiesie bɛn na wubetumi ayɛ na ama woatumi adi adanse wɔ sukuu mu?
3 Siesie Wo Ho: Sɛ wusiesie wo ho a, wubenya akokoduru kɛse. (1 Pet. 3:15) Enti fa w’adwene bu nsɛm a ebetumi asɔre, na dwene ɔkwan a wobɛfa so abua no ho. (Mmeb. 15:28) Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, fa wo Bible ne nhoma bi te sɛ Reasoning, Young People Ask, ne nhoma afoforo a ɛka abɔde ho asɛm hyɛ wo ho kɔ sukuu na sɛ ɛho hia a, wode adi dwuma. Ka kyerɛ w’awofo ma monyɛ nsɛm bi a ebetumi asɔre ho ɔyɛkyerɛ wɔ mo abusua som ase.
4. Dɛn nti na ɛsɛ sɛ wokɔ so di adanse wɔ sukuu mu?
4 Nya Adwempa: Mfa nhyɛ w’adwenem sɛ bere biara a wobɛka nokware no ho asɛm no, wo mfɛfo sukuufo bedi wo ho fɛw. Ebetumi aba sɛ ebinom ani begye akokoduru a woda no adi no ho, na ebi mpo a wɔatie wo. Nanso sɛ obiara antie wo a, mma w’abam mmu. Yehowa ani bɛsɔ mmɔden a wobɔe no. (Heb. 13:15, 16) Kɔ so ka kyerɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo mma ‘womfa akokoduru nyinaa nkasa.’ (Aso. 4:29; 2 Tim. 1:7, 8) Sɛ obi tie wo a, wo de hwɛ sɛnea w’ani begye afa! Ebi mpo a, akyiri yi onii no bɛba abɛka wo ho ma moasom Yehowa!