Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/11 kr. 4
  • Nsɛm a Yebetumi Aka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Nsɛm a Yebetumi Aka
  • Yɛn Ahenni Som—2011
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Dɛn Na Bible Ka Fa Atoyerɛnkyɛm Ho?
    Bible Nsɛmmisa Ho Mmuae
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Nsɛm a Yebetumi Aka
    Yɛn Ahenni Som—2012
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2011
km 11/11 kr. 4

Nsɛm a Yebetumi Aka

De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ December mu

“Migye di sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ obiara hia adamfo. Su bɛn na w’adamfo wɔ a w’ani gye ho paa? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea nhoma yi ka fa nea enti a ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye bere a yɛrepaw nnamfo no ho.” Afei fa December 1 Watchtower no bi ma ofiewura no, na wo ne no nkenkan asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase no na munsusuw ho. Anyɛ yiye koraa no, monkenkan kyerɛw nsɛm no mu biako. Fa nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe ne no nkosusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.

The Watchtower December 1

“Woasusuw nea enti a atoyerɛnkyɛm taa sisi nnansa yi no ho pɛn? [Twɛn ma ommua.] Anwonwasɛm ne sɛ, Bible ka too hɔ sɛ bere bi bɛba a asiane besisi. [Kenkan Mateo 24:7, 8.] Nsɛmma nhoma yi bua nsɛmmisa a edidi so yi: Dɛn nti na yehu sɛ atoyerɛnkyɛm pii sisi nnansa yi saa? So Onyankopɔn na ɔde retwe yɛn aso? Dɛn na ɛma yegye di sɛ Onyankopɔn bɛma atoyerɛnkyɛm nyinaa to atwa nnansa yi ara.”

Awake! December

Kenkan 2 Timoteo 3:16. Afei ka sɛ: “Ebinom gye tom sɛ Onyankopɔn na ɔma wɔkyerɛw Bible no, afoforo nso nnye ntom. Wudwen ho dɛn? [Twɛn ma ommua.] Ɛwom sɛ nkurɔfo adwene nhyia wɔ saa asɛm no ho de, nanso nnipa dodow no ara gye tom sɛ Bible no ne nhoma a wɔabɔ mmɔden paa sɛ wɔbɛsɛe no. Nsɛmma nhoma yi ma yehu mmɔden a wɔabɔ fi mfehaha pii sɛ wɔbɛsɛe Bible no sɛnea ɛbɛyɛ a nnipa rennya bi nkenkan. Ɛsan nso kyerɛkyerɛ nea enti a wɔantumi ansɛe no no mu.”

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena