Sɛnea Yɛde Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? no
Bɛyɛ Adwuma Nhomawa Foforo a Wɔayɛ sɛ Yɛmfa Nkyerɛkyerɛ Bible Asuafo ma Wonhu Yehowa Ahyehyɛde No
1. Kyerɛ nneɛma abiɛsa nti a wɔyɛɛ Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no?
1 Wode nhomawa foforo a wɔato din Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? no reyɛ adwuma? Nhomawa yi (1) bɛma Bible asuafo ahu nnipa ko a Yehowa Adansefo yɛ. (2) Ɛbɛboa wɔn ma wɔahu sɛnea yɛn adwuma no te, na (3) ɛbɛsan ama wɔahu sɛnea yɛn ahyehyɛde no yɛ adwuma. Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no kratafa biara kura adesua asɛm biako, na sɛ woyɛ Bible adesua wie a, wubetumi de simma anum kosi du pɛ ne osuani no asusuw ho.
2. Ka sɛnea wɔayɛ nhomawa no ne afã horow a ɛwom no ho asɛm.
2 Sɛnea Wɔayɛ Nhomawa Yi: Wɔakyekyɛ nhomawa no mu ayɛ no afã abiɛsa. Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, ɔfã biara bɛma osuani no ahu biribi foforo afa Yehowa ahyehyɛde no ho. Adesua nsɛm 28 na ɛwɔ nhomawa yi mu, na adesua asɛmti biara yɛ asɛmmisa. Asɛmti nketewa a wɔayɛ no tuntum paa no ma asɛmmisa no ho mmuae. Mfonini a efi aman bɛboro 50 so wɔ nhomawa no mu. Na ɛma osuani no hu sɛnea yɛyɛ yɛn adwuma no wɔ baabiara. Wɔayɛ nnaka wɔ adesua asɛm dodow no ara mu na wɔato din “Sua Pii Ka Ho.” Wubetumi ahyɛ wo Bible suani nkuran ma ɔde nyansahyɛ a ɛwom no ayɛ adwuma.
3. Yɛbɛyɛ dɛn de Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no ayɛ adwuma?
3 Sɛnea Yɛde Bɛyɛ Adwuma: Di kan twe osuani no adwene si asɛmti a wɔayɛ no asɛmmisa no so. Afei sɛ morekenkan adesua asɛm no a, twe n’adwene si asɛmti ketewa a wɔayɛ no tuntum paa no so. Sɛ muwie adesua no a, momfa nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa no ase no nyɛ ntĩmu. Mubetumi akenkan adesua asɛm no nyinaa asi ansa na moasusuw ho, anaasɛ mubetumi asusuw nkyekyɛm no ho mmiako mmiako. Hwɛ kyerɛw nsɛm a ebetumi aboa osuani no na monkenkan. Mma wo werɛ mmfi sɛ mubesusuw nnaka a wɔato din “Sua Pii Ka Ho” no mu nsɛm ne mfonini ahorow no ho. Mpɛn pii no, ɛsɛ sɛ mususuw adesua nsɛm no ho nnidiso nnidiso. Nanso, sɛ ɛho behia sɛ wo ne osuani no susuw adesua asɛm pɔtẽẽ bi ho a, mubetumi ayɛ no saa. Sɛ nhwɛso no, sɛ morebɛkɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam a, mubetumi asusuw adesua asɛm a ɛto so 11 no ho.
4. Dɛn na ɛma w’ani gye nhomawa foforo yi ho?
4 Sɛ yɛne obi sua Bible a, yɛboa no ma ohu yɛn soro Agya no yiye. Nanso, ɛsɛ sɛ yɛkyerɛkyerɛ no Yehowa ahyehyɛde no nso ho ade. (Mmeb. 6:20) Yɛn ani agye paa sɛ yɛanya nhomawa foforo a ɛbɛboa ma yɛayɛ saa!