Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/13 kr. 7
  • Asɛmmisa Afã

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Asɛmmisa Afã
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Etwa To a Wɔne Wɔn a Wɔpɛ Sɛ Wɔbɔ Asu Susuw Ho
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
  • Afoforo A Wɔbɛboa Wɔn Ma Wɔasom Onyankopɔn
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
  • Asemmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—1990
  • Wɔn a Wɔka Asɛmpa No
    Nhyehyɛe a Wɔayɛ Ma Yɛde Ayɛ Yehowa Apɛde
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 7/13 kr. 7

Asɛmmisa Afã

◼ Ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu nya asafo nhyiam ne asɛnkakɔ mu kyɛfa kodu he ansa na wɔabɔ no asu?

Asubɔ yɛ gyinaesi a ɛho hia sen biara. Ɛno nti, ansa na obi bɛbɔ asu no ɛsɛ sɛ onya nea Onyankopɔn hwehwɛ fi ne hɔ no ho ntease a ɛfata. Bio nso, ɛsɛ sɛ ɔda no adi sɛ ɔde nea wasua no rebɔ ne bra sɛnea Onyankopɔn hwehwɛ.

Wɔhyɛ Kristofo sɛ ɛnsɛ sɛ wɔkwati sɛ wɔne wɔn ho behyiam, enti ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu da no adi sɛ ɔmmfa asafo nhyiamkɔ nni agoru. (Heb. 10:24, 25) Ɛsɛ sɛ ɔma mmuae wɔ asafo nhyiam ahorow ase. Ɛho hia sɛ ɔde ne din hyɛ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu, ɛwom sɛ ɛno nyɛ ahwehwɛde.

Afei nso, esiane sɛ wɔama Kristofo adwuma sɛ wɔnka asɛmpa no na wɔnyɛ asuafo nti, ɛsɛ sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu yɛ asɛnka adwuma no bi daa ansa na wɔabɔ no asu. (Mat. 24:14; 28:19, 20) Ɛsɛ sɛ ɔkɔ asɛnka asram ahe ansa na watumi abɔ no asu? Ɛbɛyɛ yiye a, ɛsɛ sɛ wɔma no kwan ma ɔda no adi sɛ wasi ne bo sɛ ɔde nsi bɛyɛ asɛnka adwuma no ɔsram biara. (Dw. 78:37) Nanso, ɛnsɛ sɛ bere a ofii asɛnka ase kosi bere a wɔbɛbɔ no asu no kyɛ pii, ebetumi ayɛ asram kakraa bi ntam. Ɛsɛ sɛ obu asɛnka a ɔkɔ ho akontaa asram ahe? Wɔnhyɛɛ eyi ho mmara katee biara. Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo susuw ɔdawurubɔfo biara tebea ho yiye na wɔda ntease adi.​—Luka 21:1-4.

Ɛsɛ sɛ asafo mu mpanyimfo (anaa asomfo a wɔwɔ asafo a mpanyimfo nnɔɔso wom mu) a wɔne wɔn a wɔpɛ sɛ wɔbɔ asu hyia no kae sɛ ɛsono onipa biara, na ɛsɛ sɛ wɔde atɛmpa di dwuma na ama wɔahu sɛ obi fata anaasɛ ɔmfata sɛ wɔbɔ no asu. Nea ɛsɛ sɛ wɔhwɛ ne sɛ onipa no wɔ ɔpɛ paa sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Ɔdansefo, ɔkyerɛ hokwan a wanya ne Yehowa ahyehyɛde bɔ no ho anisɔ, na ɔkɔ asɛnka. Mpanyimfo no nim sɛ ne ho nnya nkokwaw wɔ Yehowa som mu anaa onni osuahu te sɛ asɛmpakafo a wɔabɔ asu a wɔn ho akokwaw no. Sɛ mpanyimfo hu sɛ obi mfata sɛ wɔbɔ no asu a, ɛsɛ sɛ wofi ayamye mu de Kyerɛwnsɛm no boa no ma ohu nea enti a wosii gyinae no na wɔboa no wɔ honhom fam.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena