Asemmisa Afã
● Ansa na wɔbɛpene so abɔ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu no asu no, ɛsɛ sɛ onya asɛnka mu kyɛfa kodu he?
Obi a ɔfata sɛ ɔdawurubɔfo a wɔmmɔɔ no asu no ada ɔpɛ a emu yɛ den a ɔwɔ sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako no adi dedaw wɔ akwan horow pii so. (Dw. 110:3) Kyerɛwnsɛm a ɔde nsiyɛ asua no ama wayɛ nsakrae wɔ ne nsusuwii, ne su, ne n’asetra kwan mu. Bible suani a ɔte saa no fi ɔpɛ a efi koma mu, a ɔwɔ sɛ ɔbɛsɔ Yehowa ani na wayɛ N’apɛde no mu, ne Yehowa nkurɔfo bɔ daa wɔ asafo adesua, nhyiam nketewa ne akɛse ase. (Heb. 10:24. 25) Wɔ Kristofo nhyiam a ɛte saa a ɔkɔ daa akyi no, ɛda adi nso sɛ ne koma aka no ma ɔka ne gyidi ho asɛm baguam denam mmuae a ɔma, wɔ nhyiam ase no so, na ebia wakyerɛw ne din wɔ Teokrase Ɔsom Sukuu no mu.—Dw. 40:9.10; omTW kr. 73.
Bere a Bible suani bi agye nokware no atom, na ɔda no adi sɛ ohu bo a Ahenni nkrasɛm no som ara pɛ no. obetumi anya hokwan de ne ho ahyɛ afie afie ɔsom adwuma no mu. Eyi ne Yehowa Adansefo adwuma titiriw. (Mat. 24:14; 28:19, 20; omTW kr. 111) Ɛdefa eyi ho no, ɔdawurubɔfo a ɔne no sua ade ne mpanyimfo no nyinaa wɔ asɛyɛde a anibere wom sɛ wɔbɛhwɛ ahu sɛ osuani no asetra nyinaa ne Kristofo nnyinasosɛm ahorow hyia. Ɛsɛ sɛ onya ɔpɛ ankasa sɛ ɔbɛyɛ Yehowa Adansefo mu biako, na ohu hokwan a ɔwɔ sɛ obenya Ahenni asɛnka ne asuafoyɛ adwuma no mu kyɛfa no.—Gal. 6:6; wTW88 11/15 kr. 17; omTW 98-9. 174.
Enhia sɛ ɛyɛ bere tenten fi bere a Bible osuani fata sɛ ɔne yɛn benya ɔsom adwuma no mu kyɛfa, ansa na watumi de ne ho ama sɛ wɔmmɔ no asu wɔ nsu mu. Ebedu saa bere no de, na n’asetra kwan ne Kristofo nnyinasosɛm nyinaa hyia dedaw, na mmom osuahu na onni wɔ baguam ɔsom adwuma no mu. Ɛsɛ sɛ wɔma no bere a ɛdɔɔso ma ɔde kyerɛ sɛ wasi ne bo pintinn sɛ obenya asɛnka mu kyɛfa daa ne wɔ nsiyɛ mu.—Dw. 40:8; Rom. 10:9, 10, 14, 15.
Ebedu bere a onipa no asiesie ne ho ama asubɔ no, ɛda adi yiye sɛ na ɔka asɛmpa no kyerɛ afoforo, na ɔde bɛboro dɔnhwerew biako anaa abien pɛ yɛ adwuma wɔ asɛnka mu ɔsram biara. (wTW12/84 kr. 8 nky. 2) Ɛwom, ɛsɛ sɛ wɔsan hwehwɛ obiara a ɔhwehwɛ asubɔ no nsɛm tebea mu. na wosusuw ne mmɔdenbɔ. ne mfe, ne sintɔ ahorow, ne nea ɛkeka ho ho. Mpanyimfo no bɛpɛ sɛ wɔma akwankyerɛ a wɔde ama wɔn wɔ Yɛn Som Adwuma nhoma no kratafa 175 no kyerɛ wɔn kwan: “Nea yɛn ani gye ho ne Wɔn a wɔn koma adan aba Yehowa nkyɛn na wɔate Bible mfitiase nokware horow no ase. Ɛdenam mo mmoa a efi ɔdɔ mu so no, wɔn a wɔrebɔ wɔn asu no benya nkuranhyɛ ne mmoa de aba Kristofo som adwuma no mu a wɔasiesie wɔn sɛnea ɛsɛ ma wɔayɛ saa adwuma titiriw no.”—Mat. 16:24; Yoh.4:34; 1 Pet. 2:21.