Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 9/13 kr. 2
  • Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?
  • Yɛn Ahenni Som—2013
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛnea Yɛde Asɛmpa a Efi Onyankopɔn Hɔ! no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Sɛnea Yɛde Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? no
    Yɛn Ahenni Som—2013
  • Din Kronkron No
    Yɛn Ahenni Som—1985
  • Asafo Nhoma Adesua Nhyehyɛe Ɔfã 1: Adesua Sohwɛfo Asɛyɛde
    Yɛn Ahenni Som—1991
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2013
km 9/13 kr. 2

Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ?

1. Bere bɛn na yebefi ase asua Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no, na mfaso bɛn na yebenya afi so?

1 Efi October 28 dapɛn no, yebefi ase asua Henanom na Wɔreyɛ Yehowa Apɛde Nnɛ? nhomawa no wɔ Asafo Bible Adesua ase. Woyii nhomawa foforo yi adi wɔ “Bɔ Wo Koma Ho Ban!” Ɔmantam nhyiam no ase. Wɔayɛ nhomawa yi sɛ yɛmfa nkyerɛkyerɛ Bible asuafo mma wonhu Yehowa ahyehyɛde no. Nhomawa yi a yebesua no bɛma yɛn ani agye paa sɛ yɛka Yehowa ahyehyɛde no ho. Afei nso, ɛbɛma yɛahu nhomawa a ɛsom bo yi a yɛde yɛ adwuma wɔ asɛnka mu no mu nsɛm yiye.—Dw. 48:13.

2. Ɔkwan bɛn na yɛbɛfa so asua nhomawa yi wɔ asafo no mu?

2 Ɔkwan a Yɛbɛfa so Asua: Ɛsɛ sɛ onua a ɔbɛhwɛ adesua no so no kyekyɛ ne bere mu yiye na ama wɔasusuw adesua asɛm no mu biara ho yiye. Ɔbɛda adesua asɛm 28 a wɔayɛ nsɛmti no asɛmmisa no mu biara a wobesua no adi de afi adesua biara ase. Afei ɔbɛma ɔkenkanfo no akenkan nkyekyɛm a edi kan no. Ɔkenkan wie a, nea ɔhwɛ so no bebisa asɛm bi a ɔno ankasa asiesie afa nkyekyɛm a edi kan no ho. Ɛno akyi no, ɛsɛ sɛ wɔkenkan ɔfã a wɔde nkyerɛwde tuntum paa akyerɛw no mmiako mmiako, na afei wosusuw emu biara ho. Sɛ wɔkenkan ɔfã no wie a, nea ɔhwɛ so no bɛma wɔakyerɛ sɛnea emu nsɛm bua adesua no asɛmti a ɛyɛ asɛmmisa no. Afei nso, mfonini pii wɔ nhomawa no mu a wobetumi aka ho asɛm. Ɛsɛ sɛ wɔkenkan emu kyerɛw nsɛm atitiriw no sɛnea bere bɛma kwan. Ɛsɛ sɛ nea ɔhwɛ so no de nsɛmmisa a ɛwɔ kratafa no ase yɛ ntĩmu ansa na wɔakɔ adesua asɛm a edi hɔ no so. Sɛ “Sua Pii Ka Ho” adaka wɔ adesua asɛm no ho a, ɔbɛma ɔkenkanfo no akenkan na afei wama atiefo no akyerɛ sɛnea Bible asuafo betumi anya nea wɔka wɔ hɔ a wɔde bɛyɛ adwuma no so mfaso. Sɛ bere wom a, nea ɔhwɛ adesua no so no betumi de adesua biara asɛmti ayɛ ntĩmu asɛmmisa de awie. Momma yɛnkae sɛ eyi nkyerɛ ankasa sɛ saa kwan yi so na ɛsɛ sɛ yɛfa yɛ ofie Bible adesua.

3. Yɛbɛyɛ dɛn atumi anya nhomawa a yɛrebesua yi so mfaso paa?

3 Sɛ wubetumi anya adesua no so mfaso paa a, di kan sua no yiye ansa na woakɔ adesua no. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma mmuae. Sɛ adesua no rekɔ so a, dwinnwen nea enti a Bible asuafo benya so mfaso ho. Momma nhomawa foforo a yebesua yi nsiesie yɛn mma yɛmmoa afoforo mma wɔmmɛka yɛn ho nyɛ Onyankopɔn apɛde na ama wɔn nso wɔanya daa nkwa ho anidaso no bi.—1 Yoh. 2:17.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena