Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 4/14 kr. 2-3
  • “Boaboa Nkurɔfo no Ano”

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • “Boaboa Nkurɔfo no Ano”
  • Yɛn Ahenni Som—2014
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • 1983 “Ahenni Biakoyɛ” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1983
  • 1988 “Ɔsoro Atɛntrenee” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1988
  • 1987 “Yehowa Mu Ahotoso” Ɔmantam Nhyiam
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Tie na Sua
    Yɛn Ahenni Som—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2014
km 4/14 kr. 2-3

“Boaboa Nkurɔfo no Ano”

1. Nsɛdi bɛn na ɛwɔ nhyiam kɛse a Israelfo yɛe bere a wofii Egypt no ne amantam ne amanaman nhyiam a yɛyɛ no nnɛ no mu?

1 Bere a Israelfo fii Egypt no, ankyɛ koraa na Yehowa ka kyerɛɛ Mose sɛ ‘ɔmmoaboa nkurɔfo no ano’ wɔ Bepɔw Sinai ase ma wontie Yehowa asɛm na wonsuro no, na wɔmfa ne mmara nkyerɛkyerɛ wɔn mma. (Deut. 4:10-13) Yebetumi aka sɛ saa nhyiam no maa Israelfo no ani gyei na ɛhyɛɛ wɔn gyidi den paa! Ɛrenkyɛ, Yehowa nkurɔfo bɛkɔ amantam ne amanaman nhyiam ma Yehowa akyerɛkyerɛ wɔn. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya nhyiam no nyinaa so mfaso a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ?

2. Dɛn na ɛsɛ sɛ yɛyɛ de ‘siesie yɛn ho’ ma nhyiam no?

2 ‘Siesie Wo Ho’: Yehowa ka kyerɛɛ Israelfo no sɛ “wonsiesie wɔn ho” nkɔ nhyiam kɛse a na wɔbɛyɛ wɔ Bepɔw Sinai ase no. (Ex. 19:10, 11) Ɛnyɛ wɔn a wɔwɔ dwumadi wɔ nhyiam no ase nkutoo na ɛsɛ sɛ wosiesie wɔn ho, ɛsɛ sɛ obiara a ɔbɛkɔ bi no nso siesie ne ho yiye. Ebinom wɔ hɔ a, ebehia sɛ wɔsrɛ kwan fi wɔn nnwumam. Ebia wo nso wo tebea no te sɛ Nehemia de no. Ná ɔno na ɔhyɛ Ɔhene Artasasta nsã, na na ɔpɛ sɛ ɔsrɛ kwan kɔboa ma wɔto Yerusalem afasu no. Nanso ɛyɛɛ no sɛ ɔhene no rempene. Nehemia bɔɔ mpae na onyaa akokoduru de n’abisade too Ɔhene Artasasta anim. N’asɛm no tɔɔ ɔhene no asom ma ɔpenee so sɛ ɔnkɔ, na ɔde nneɛma a Nehemia behia de ayɛ adwuma mpo kaa ne ho! (Neh. 2:1-9) Sɛ kwan a wobɛsrɛ afi adwumam da nkyɛn a, akwantu ne dabere ho asɛm nso ɛ? Woayɛ ho nhyehyɛe? Sɛ obi hia mmoa bi a, mpanyimfo no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa no. Yɛ nhyehyɛe sɛ da biara da wubedu nhyiam no ase ntɛm, na siesie wo ho sɛ ‘wode w’adwene besi nsɛm a wobɛte no so’ yiye.—Heb. 2:1.

3. Dɛn na ɛbɛboa ma yɛasiesie yɛn koma ama nhyiam no?

3 Ade foforo a ɛho hia a yebetumi ayɛ de asiesie yɛn ho ne sɛ yebesiesie yɛn koma, sɛnea ɛbɛyɛ a yebetumi atie asɛm no asua biribi afi mu. (Esra 7:10) Wɔde nhyiam program no bɛto jw.org Wɛbsaet hɔ. Ɛbɛma woahu ɔkasa ahorow no asɛmti; asɛmti biara nso wɔde kyerɛw nsɛm baako anaa mmienu bɛhyɛ ano. Eyi bɛma mmusua anya biribi a wobetumi de ayɛ wɔn anwummere Abusua Som ansa na wɔn nhyiam adu so. Anuanom bi tumi kɔ Wɛbsaet hɔ kɔtwe program no bi tintim, na wɔkɔ nhyiam a wɔayɛ kyerɛwtohɔ wɔ so.

4. Nhyiam a ɛreba yi, hokwan bɛn na awofo benya de akyerɛkyerɛ wɔn mma?

4 ‘Momfa Nkyerɛkyerɛ Mo Mma’: Nea enti a Onyankopɔn maa Israelfo yɛɛ nhyiam wɔ Bepɔw Sinai ase no, emu baako ne sɛ awofo de nea wɔbɛte no ‘bɛkyerɛkyerɛ wɔn mma.’ (Deut. 4:10) Nhyiam no nso bɛma awofo anya hokwan kɛse akyerɛkyerɛ wɔn mma. Sɛ nhyiam no rekɔ so a, ɛsɛ sɛ awofo ma wɔn mma tena wɔn nkyɛn, na wɔboa wɔn ma wɔyɛ aso tie asɛm. Da biara da sɛ mufi nhyiam no ase bedu fie a, mubetumi abom asusuw dwumadi no ho, na akyiri yi mubetumi de ayɛ abusua som.

5. Sɛ yɛkɔ nhyiam no a, mfaso bɛn na yebenya?

5 Nhyiam kɛse a Israelfo no yɛɛ wɔ Bepɔw Sinai ase no maa wohui sɛ ɛyɛ akwannya kɛse sɛ Onyankopɔn de wɔn ayɛ ne man. (Deut. 4:7, 8) Nhyiam a yɛrebɛkɔ no bɛma yɛahu sɛ yɛn nso yɛanya hokwan kɛse a ɛte saa. Satan wiase yi te sɛ sare so baabi a ɛhɔ yɛ hyew, nanso nnansa a yɛbɛkɔ nhyiam no bɛma yɛn ho atɔ yɛn, na yebenya nkuranhyɛ afi yɛn nuanom hɔ, na yɛne wɔn bɛbɔ fekuw wɔ yɛn honhom fam paradise no mu. (Yes. 35:7-9) Yehowa da no repenpɛn so, enti mommma yɛntoto nhyiam a yɛbɛkɔ no ase da, efisɛ yɛkɔ a, yenya hokwan hyehyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran!—Heb. 10:24, 25.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena