Adwuma Titiriw Bi Bɛkɔ So wɔ August Mu!
Yɛbɛkyekyɛ Kratawa Foforo wɔ Wiase Nyinaa
1. Ɔsatu titiriw bɛn na yɛbɛyɛ no wiase nyinaa bere a aka kakra na Ahenni no adi mfe 100 no?
1 Efi bere a wɔde Onyankopɔn Ahenni sii hɔ no, aka kakraa bi na adi mfe 100. Enti ɛfata paa sɛ yɛyɛ ɔsatu titiriw de hyɛ Yehowa anuonyam! Yɛbɛkyekyɛ kratawa foforo bi wɔ August mu wɔ wiase nyinaa. Wɔato din Ɛhe na Yebenya Nsɛmmisa a Ɛho Hia Paa no Ho Mmuae? Sɛ nkurɔfo kenkan kratawa yi a, ɛbɛhyɛ wɔn nkuran ama wɔahwehwɛ nsɛmmisa a ɛwom no ho mmuae afi Bible mu. Afei ɛbɛma wɔahu sɛnea jw.org betumi aboa wɔn.
2. Dɛn na yebetumi ayɛ na ama yɛde ‘osebɔ kɛse ayi Yehowa ayɛ’ wɔ August mu?
2 Yɛde Osebɔ Kɛse Beyi Yehowa Ayɛ: Nea ɛbɛyɛ na adwurubɔfo atumi atrɛw wɔn som adwuma mu no, wɔayɛ nhyehyɛe soronko bi ama wɔn a wɔpɛ sɛ wɔyɛ akwampaefo aboafo wɔ August mu. Adawurubɔfo betumi de nnɔnhwerew 30 ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no wɔ saa bosome no mu. Esiane sɛ Fida, Memeneda, ne Kwasida nnum na ɛwɔ August bosome no mu nti, adawurubɔfo pii a wɔyɛ adwuma betumi de wɔn ho ahyɛ akwampaefo aboafo adwuma no mu. Sukuufo nso betumi de August akwamma bere no ayɛ akwampaefo aboafo adwuma no bi. Sɛ wo ba anaa wo Bible suani pɛ sɛ ɔbɛyɛ ɔdawurubɔfo a ɔmmɔɔ asu na ɔfata a, ntwentwɛn wo nan ase koraa, ka ho asɛm kyerɛ mpanyimfo ntam nkitahodifo no. Sɛ wotumi bɛyɛ adwurubɔfo wɔ saa bosome no mu, na yɛne wɔn nyinaa yɛ adwuma titiriw yi a, ɛbɛyɛ anigye paa! Daa akwampaefo pii wɔ hɔ a, ebedu August no, na wɔanya nnɔnhwerew a wɔhwehwɛ fi wɔn hɔ wɔ afe no mu, enti wɔtaa gogow wɔn ho kakra. Nanso ɛbɛyɛ yiye a, wobetumi asakra wɔn nhyehyɛe mu na ama wɔde wɔn ho ahyɛ ɔsatu titiriw yi mu denneennen. Ɛsɛ sɛ mmusua fi saa bere yi susuw nea wobetumi ayɛ wɔ ho na ama yɛn nyinaa de ‘osebɔ kɛse ayi Yehowa ayɛ’ wɔ August mu.—Esra 3:11; Mmeb. 15:22.
3. Dɛn na yɛrehwɛ kwan sɛ yebetumi ayɛ wɔ saa ɔsatu yi mu?
3 Ɛnyɛ bere a edi kan a yɛreyɛ ɔsatu ni, nanso yegye di sɛ saa ɔsatu yi bɛyɛ soronko koraa. So yebetumi anya nnɔnhwerew, adawurubɔfo, ne akwampaefo aboafo nkɔanim foforo wɔ August mu? Aka kakra na yɛde 2014 ɔsom afe no aba awiei, enti yɛhwɛ kwan sɛ adwuma kɛse a Yehowa nkurɔfo bɛyɛ wɔ August mu no, Yehowa behyira so na ayɛ adansedi kɛse wɔ wiase nyinaa!—Mat. 24:14.