Fa jw.org Di Dwuma wɔ Asɛnka Mu
Yɛn Wɛbsaet no yɛ adwinnade a ɛsom bo paa; ɛboa ma yɛtumi trɛw asɛmpa no mu ‘kɔ asase ano nohoa.’ (Aso. 1:8) Nnipa pii nnim sɛnea wɔbɛkɔ jw.org Wɛbsaet no so, gye sɛ ɔdawurubɔfo bi kyerɛ wɔn.
Ɔhwɛfo kwantufo bi atwe video a wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? no agu ne fon so. Enti ɔhyia obi na hokwan no bue pɛ a, oyi video no kyerɛ no. Sɛ ɔrekɔ afie afie asɛnka na ɔhyia obi a, ɔka sɛ: “Mereboa nkurɔfo ama wɔanya nsɛmmisa mmiɛnsa bi a ɛho hia ho mmuae: Adɛn nti na ɔhaw abu so wɔ wiase saa? Dɛn na Onyankopɔn bɛyɛ wɔ ho? Ɛnkosi saa bere no, yɛbɛyɛ dɛn agyina ano? Video tiawa yi bɛma woanya nsɛm no ho mmuae.” N’ano si pɛ a, ofi ase yi video no. Enti video no rekɔ so nyinaa na ɔrehwɛ ofiewura no. Video no ka koma paa, enti nnipa dodow no ara hwɛ a, wɔmmɔ wɔn ani kosi sɛ ɛbɛsi. Afei ɔhwɛfo kwantufo no toa so ka sɛ: “Wɔkaa wɔ video no mu sɛ wobɛtumi afa Intanɛt so abisa ama obi ne wo abesua Bible. Nanso mewɔ ha yi deɛ, mɛtumi akyerɛ wo sɛnea yɛyɛ no.” Ofiewura no pene so a, ɔkyerɛ no sɛnea yɛde Asɛmpa nhomawa no yɛ Bible adesua. Sɛ onipa no nni adagyew a, ɔyɛ nhyehyɛe a ɛbɛma wasan akɔkyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua no. Sɛ ɔkɔtena baabi regye n’ahome, na obi bɛtena ne nkyɛn a, ɔne no bɔ nkɔmmɔ kakra a, ná wakɔfa video no ho asɛm aba. Wo nso, wode jw.org di dwuma wɔ asɛnka mu?