Nsɛm a Yɛbɛtumi Aka
De Afi Bible Adesua Ase wɔ Memeneda a Edi Kan wɔ October Mu
“Yɛbaa ha a, ɛnyɛ bɔne. Yɛne yɛn nnamfonom resusuw aban papa bi ho. Wohwɛ a, aban bi betumi ayi nneɛma bi te sɛ nsɛmmɔnedi ne nsisi afi hɔ?” Twɛn ma ɔmmua. Twe ofiewura no adwene si Awurade Mpaebɔ no so, na ka kyerɛ no sɛ Yesu kyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔmmɔ mpae mma saa aban anaa Onyankopɔn Ahenni no mmra. Afei, fa asɛm a ɛwɔ October 1 Ɔwɛn-Aban no akyi kyerɛ no, na monsusu asɛm a ɛwɔ asɛmmisa a edi kan no ase no ho; anyɛ yiye koraa no monkenkan kyerɛwsɛm baako na monsusu ho. Fa nsɛmma nhoma no ma no, na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na monsusu asɛmmisa a edi hɔ no ho.
Ɔwɛn-Aban October 1
“Ɛkame ayɛ sɛ obiara nim mpae a Yesu kyerɛɛ n’akyidifo no, ɛno na yɛne yɛn nnamfonom resusuw ho. [Kenkan Mateo 6:9, 10.] Obi akyerɛkyerɛ Onyankopɔn Ahenni no mu akyerɛ wo pɛn? Na wonim nea enti a Yesu kaa ho asɛm pii saa no? [Twɛn ma ɔmmua.] Sɛ wopɛ sɛ wohu nea Bible ka fa Onyankopɔn Ahenni ho, ne nhyira a ɛde bɛba asase yi so a, ne nyinaa ho asɛm wɔ nhoma yi mu.”
Nyan! October
“Yɛreboa nkurɔfo ama wɔanya asɛmmisa yi ho mmuae. [Fa Nyan! no kyerɛ no.] Wohwɛ a, obi nya sika a na ɛkyerɛ sɛ asi no yiye? [Twɛn ma ɔmmua.] Bible ma yenya adwene a ɛfata wɔ wiase agyapade ho. [Kenkan Luka 12:15.] Bible ma yehu sɛ ɛbɛtumi asi obiara yiye. Nhoma yi bɛma woanya asɛm no mu nkyerɛkyerɛmu pii.”