Nsɛm a Yebetumi Aka
De afi Bible adesua ase wɔ Memeneda a edi kan wɔ October mu
“Migye di sɛ wo ne me bɛyɛ adwene sɛ nnipa nkwa yɛ tiaa. Wususuw sɛ bere bi bɛba a yebetumi atu ɔyare ase na ama yɛatena ase akyɛ? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ asɛm a wɔaka wɔ ha yi.” Fa October 1 Ɔwɛn-Aban no ma ofiewura no, na munsusuw asɛm a ɛwɔ asɛmti ketewa a edi kan wɔ kratafa 16 ase, ne kyerɛw nsɛm a ɛwom no ho. Gyaw nsɛmma nhoma no ma no na yɛ nhyehyɛe san kɔsra no na munsusuw asɛmmisa a edi hɔ no ho.
The Watchtower October 1
“Nea enti a yɛaba wo nkyɛn ne sɛ, ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ a ɛrekɔ so wɔ nnwumam ne aban mu no haw nnipa pii. Wususuw sɛ yebetumi ayɛ ɔhaw yi ho biribi? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Yesu bɛyɛ ama wɔn a ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ ama wɔrehu amanne a wɔaka ho asɛm wɔ ha no. [Kenkan Dwom 72:12-14.] Nsɛmma nhoma yi ka sɛnea ɛrenkyɛ wobeyi ɔporɔw ne kɛtɛasehyɛ afi hɔ ho asɛm.”
Awake! October
“Awofo dodow no ara pɛ sɛ wɔn mma nya nhomasua a eye. Wususuw sɛ wɔatete mmofra a wowie sukuu saa bere yi mu ma wobetumi agyina asetena mu nsɛnnennen ano? [Twɛn ma ommua.] Hwɛ nea Bible ka fa sɛnea ɛho hia sɛ yenya nimdeɛ ne nyansa no ho. [Kenkan Ɔsɛnkafo 7:12.] Nsɛmma nhoma yi de nyansahyɛ anum a ebetumi aboa mmofra ma wɔatumi akɔ sukuu awie ma.”