Nea Ɛbɛma Yɛatu Mpɔn wɔ Asɛnka Mu—Fa Bible Kyerɛkyerɛ Nwoma no Kyerɛ Nkurɔfoɔ Sɛnea Yɛyɛ Bible Adesua
Nea Enti a Ɛho Hia: Sɛ yɛka sɛ yɛne nkurɔfoɔ sua Bible a wɔntua hwee a, ɛyɛ a nnipa pii nte aseɛ. Ebia ɛbɛyɛ wɔn sɛ ɛsɛ sɛ wɔdɔm adesua kuo bi, anaa wɔfa krataatwerɛ so sua adeɛ. Enti sɛ́ anka wobɛka akyerɛ obi sɛ wopɛ sɛ wo ne no sua Bible no, adɛn nti na wonkyerɛ no sɛnea yɛyɛ no mmom? Wobɛtumi agyina obi pon ano de simma kakraa bi akyerɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua ma no ahu sɛ ɛnyɛ den koraa, na ɔbɛtumi asua nneɛma pii ma n’ani agye.
Sɔ Wei Hwɛ Bosome Yi Mu:
Bɔ mpaeɛ ma Yehowa mmoa wo na fi Bible adesua foforɔ ase.—Filip. 2:13.
Wokɔ asɛnka a, bɔ mmɔden fa Bible Kyerɛkyerɛ nwoma no kyerɛ obi sɛnea yɛyɛ Bible adesua. Wopɛ nso a, yi video a wɔato din Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? Anyɛ yie koraa no sɔ wei hwɛ pɛnkoro wɔ asɛnka mu.