Fa Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu?—Fi Nkɔmmɔbɔ Ase
1. Ade foforo bɛn na ɛbɛtumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu?
1 Nwomawa foforo a wɔato din Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? bɛtumi aboa yɛn wɔ asɛnka mu. Ɔkwan bɛn so na nwomawa yi bɛtumi aboa yɛn ma yɛahu asɛm a yɛbɛka de afi nkɔmmɔbɔ ase? Wɔahyehyɛ nsɛmti ne ɛho kyerɛwnsɛm te sɛ Reasoning nwoma no. Enti ɛnyɛ den sɛ yɛde bɛfi nkɔmmɔbɔ ase.
2. Ɔkwan bɛn so na yɛbɛtumi de Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? nwomawa no ayɛ adwuma?
2 Sɛ wode asɛmmisa a ɛtɔ so 8 reyɛ adwuma a, wobɛtumi aka sɛ: “Asɛm bi kyere nnipa pii adwene; ɛno na yɛne yɛn mpɔtam hafo resusu ho. Ɛse ‘Nnipa amanehunu, efi Onyankopɔn anaa?’ [Baabi wɔ hɔ a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode asɛmmisa no kyerɛ fiewura no.] Wodwene ho sɛn? [Twɛn ma ɔmmua.] Bible ma yɛn mmuae a ɛtɔ asom.” Kenkan kyerɛwsɛm a ɛwɔ hɔ no mu baako anaa mmienu fi Bible mu tee na monsusu ho. Sɛ ofiewura no ani gye nkɔmmɔ no ho a, wobɛtumi de nsɛmmisa 20 a wɔahyehyɛ wɔ kratafa 1 no akyerɛ no ma wapaw baako a wo ne no bɛsusu ho bere foforo. Wopɛ nso a, wobɛtumi ama no nwoma a ɛkyerɛkyerɛ asɛm no mu kɔ akyiri.
3. Sɛ yɛreka asɛm no wɔ baabi a nnipa ani nnye Kristosom ho a, ɔkwan bɛn so na Dɛn na Ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm Mu? nwomawa no bɛtumi aboa ma yɛafi nkɔmmɔbɔ ase?
3 Sɛ woreka asɛm no wɔ baabi a nnipa ani nnye Kristosom ho a, asɛmmisa 4 ne 13 kɔsi 17 bɛtumi aboa wo paa. Wobɛtumi de asɛmmisa 17 ayɛ adwuma na woaka sɛ: “Yɛne mmusua a ɛwɔ ha resusu asɛm bi ho. Wonnye ntom sɛ ɛnnɛ mmusua rehyia ɔhaw pii? [Twɛn ma ɔmmua.] Awarefo pii de afotusɛm yi ayɛ adwuma ma aboa wɔn. Ɛka sɛ: ‘Ɔyere deɛ, ɔnnya obuo kɛseɛ mma ne kunu.’ [Ɛnhia sɛ woka sɛ saa asɛm no wɔ Efesofoɔ 5:33. Sɛ wo ne ɔbaa na ɛrekasa a, wobɛtumi aka asɛm a ɛwɔ Efesofoɔ 5:28.] Wonnye nni sɛ wode afotu yi yɛ adwuma a, ɛbɛma w’aware asɔ?”
4. Wo ne obi a n’ani nnye Kristosom ho bɔ nkɔmmɔ wie a, dɛn na wobɛtumi ayɛ?
4 Sɛ mo wie a, wo ne no nyɛ nhyehyɛe na woatumi akɔ ne nkyɛn bio. Wosan kɔ a, wobɛtumi akɔtoa asɛm a morebɔ ho nkɔmmɔ no so, na moasusu kyerɛwnsɛm a aka no baako ho. Bere a ɛfata mu no, ma ofiewura no nhu sɛ asɛm a wo ne no susu ho no nyinaa fi Bible mu. Hwɛ nkɔmmɔ a moabɔ ne adwene a ɔwɔ wɔ Bible no ho na pɛ nwoma a n’ani bɛgye ho ma no.—Hwɛ krataa a ɛhyɛ Yɛn Ahenni Som a ɛbaa December 2013 mu no mu.