Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 7/15 kr. 1
  • Fa W’adwene Si Asuafoyɛ Adwuma no So

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Fa W’adwene Si Asuafoyɛ Adwuma no So
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Fa Yɛ Wo Botae sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2010
  • Wubetumi Aboa Nkurɔfo Ama Wɔabɛyɛ Asuafo?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • So Pii Betumi Afi Bible Adesua Ase?
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Kyerɛkyerɛ Nokware No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2018
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 7/15 kr. 1

Fa W’adwene Si Asuafoyɛ Adwuma no So

1. Sɛ nkurɔfo bɛnya nkwa a, dɛn na ɛhia sɛ yɛyɛ?

1 Afe 2014 asɛnka akontaabu no ma yɛhu sɛ Onyankopɔn asomfo de nsi ne ahokeka reyɛ Ahenni asɛmpaka adwuma no. (Mat. 24:14) Ɛnnɛ, yɛfa akwan ahorow so boa nnipa pii ma wɔte Bible mu asɛm. Biribi saa nsii da! Yɛka asɛm no wɔ afie afie mu, badwam ne mmɔnten so, na yɛyɛ ɔsatu de kyekyɛ nkratawa de di nkurɔfo adanse, na yɛde bi nso to nsa frɛ wɔn ba yɛn dwumadi ahorow ase. Nanso sɛ nnipa bɛnya nkwa a, gye sɛ yɛne wɔn sua Bible no ma wɔbɛyɛ Yesu asuafo.—1 Tim. 2:4.

2. Nsɛmmisa bɛn na ɛbɛtumi akanyan yɛn ma yɛayɛ Bible adesua?

2 Yɛ Krado Sɛ Wobɛyɛ Bible Adesua: Sɛ obi kyerɛ asɛm no ho anigye a, kyerɛw ne din, ne tɛlɛfon nɔma, ne ne ho nsɛm foforo na woatumi akɔsra no ntɛm ara ne no afi Bible adesua ase. Wokae bere a wokɔsraa obi na da a ɛdi kan no ara wokyerɛɛ no sɛnea yɛyɛ Bible adesua? Da bɛn na wokaa Bible adesua ho asɛm kyerɛɛ wɔn a wotaa ma wɔn nsɛmma nwoma? Woayi video a wɔato din Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Wusua Bible? ne Yɛne Obi Sua Bible a, Yɛyɛ no Sɛn? no akyerɛ wo mfɛfo adwumayɛfo, sukuufo, afipamfo, abusuafo ne afoforo? Sɛ woreyɛ badwam adansedi adwuma no na obi bɛfa nwoma a woahyehyɛ no bi a, ɛyɛ a woma no hu sɛ yɛbɛtumi ne no asua Bible?

3. Dɛn na yɛhia na yɛatumi akyerɛkyerɛ nokware no?

3 Mmoa a Yehowa ne Yesu De Ma Yɛn: Bere a Yesu reka asɛnka adwuma no ho asɛm no, ɔka kyerɛɛ n’akyidifo sɛ: ‘Monkɔ nkɔyɛ m’asuafo.’ Hyɛ no nso sɛ ɔde asɛmfua “monkɔ” na ɛfii asɛm no ase. Wei ma yɛhu sɛ asɛnka adwuma no ho hia na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ no denneennen. Nanso wannya yɛn saa, mmom ɔhyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛka yɛn ho. (Mat. 28:19, 20) Afei nso, Yehowa de ne honhom kronkron boa yɛn na ɔma yɛn ntetee ne nea yɛhia biara a ɛbɛboa ma yɛatumi akyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no. (Sak. 4:6; 2 Kor. 4:7) Enti momma yɛmmɔ mpae na ‘yɛanya ɔpɛ’ a yɛde bɛyɛ adwumasono yi.—Filip. 2:13.

4. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho boa nkurɔfo ma wɔbɛyɛ Yesu asuafo?

4 Sɛ yɛka asɛmpa no a, yɛn ani gye. Nanso, nea ɛma yɛn ani gye boro so koraa ne sɛ yɛakyerɛkyerɛ obi ma wabɛka yɛn ho na yɛne no nyinaa afa ‘nkwa kwan’ no so. (Mat. 7:14; 1 Tes. 2:19, 20) Yehowa mpɛ sɛ “obiara bɛsɛeɛ, na mmom ɔpɛ sɛ obiara nya adwensakra.” Enti sɛ yɛyɛ krado sɛ yɛbɛboa nkurɔfo ma wɔabɛyɛ Yesu asuafo a, yɛbɛnya Yehowa anim dom.—2 Pet. 3:9.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena