Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • km 11/15 kr. 3
  • Bible Kyerɛkyerɛ no Afã Horow

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Bible Kyerɛkyerɛ no Afã Horow
  • Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Wode Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Reyɛ Adesua a, Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Sɛnea Wɔde Nimdeɛ Nhoma no Yɛ Asuafo
    Yɛn Ahenni Som—1996
Hwɛ Pii Ka Ho
Yɛn Ahenni Som—2015
km 11/15 kr. 3

Bible Kyerɛkyerɛ no Afã Horow

Sɛ Bible suani hu nea Bible kyerɛkyerɛ na ɔde yɛ adwuma a, ɛbɛma ne ho akokwa na waso aba. (Dw. 1:1-3) Yɛbɛyɛ dɛn de Bible Kyerɛkyerɛ nwoma no aboa osuani no ama wanya nkɔso? Ɛsɛ sɛ yɛhu nwoma no afã horow na yɛde yɛ adwuma yie.

Nsɛmmisa a Ɛwɔ Ɛti no Mfiase: Ɛti biara wɔ nsɛmmisa a ɛho mmuaeɛ wɔ adesua no mu. Wobɛtumi abobɔ nsɛmmisa no so ama osuani no ahu nneɛma a mobɛsusu ho. Anaasɛ wobɛtumi ama wakyerɛ n’adwene wɔ nsɛmmisa no ho. Sɛ ɔka asɛm bi na ɛntene mpo a, ɛnhia sɛ woka biribi de tene no; ɛno bɛma woahu sɛnea wobɛkyerɛkyerɛ nsɛm mu wɔ adesua no mu.—Mmeb. 16:23; 18:13.

Nkekaho: Sɛ wohu sɛ osuani no ate adesua no ase a, wobɛtumi ahyɛ no nkuran sɛ ɔno ara nkɔkenkan nkekaho no. Ɛda a mobɛsan asua adeɛ no, wobɛtumi ahwɛ sɛ ɔtee aseɛ anaa. Nanso sɛ wohu sɛ ɔnte nneɛma bi ase yie a, ɛnneɛ gye bere ne no nsusu nkekaho no anaa ne fã bi ho. Mobɛtumi akenkan na woabisa no nsɛm. Ɛbɛyɛ papa sɛ wodi kan hu nsɛmmisa a wode bɛyɛ adwuma.

Adaka a Yɛde Yɛ Ntĩmu: Nsɛmmisa a ɛwɔ ti biara mfiase no, ɛho mmuaeɛ wɔ ntĩmu adaka no mu. Ɛbɛma woahu sɛ osuani no te adesua no ase na ɔbɛtumi akyerɛkyerɛ nsɛntitiriw no mu anaa. Kenkan nsɛm a ɛwɔ adaka no mu ne kyerɛwnsɛm no nyinaa. Afei ma osuani no mfa kyerɛwnsɛm no nkyerɛ nea enti a ɔgye di sɛ nsɛm a ɛwɔ adaka no mu yɛ nokware.—Aso. 17:2, 3.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena