BIBLE MU AKORADE | DWOM 135-141
Sɛnea Yehowa Yɛɛ Yɛn no Yɛ Nwonwa
Dawid dwinnwen nneɛma a Onyankopɔn abɔ ho, na ohuu ne su a ɛyɛ fɛ no. Ɛmaa no de ahoɔden som Yehowa ne nkwa nna nyinaa.
Bere a Dawid too ne bo dwen abɔde ho no, ɔkamfoo Yehowa:
“Mɛkamfo wo efisɛ sɛnea woyɛɛ me no yɛ hu na ɛyɛ nwonwa”
“Me nnompe anhintaw wo bere a woyɛɛ me ahintawee mu, bere a wonwenee me asase yam tɔnn no”
“Bere a meyɛ mogyatɔw mpo no, w’aniwa huu me, na wɔkyerɛw m’akwaa nyinaa wɔ wo nhoma mu”