Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 September kr. 8
  • Yɛne Obi Reyɛ Bible Adesua a, Nneɛma Bɛn na Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yɛne Obi Reyɛ Bible Adesua a, Nneɛma Bɛn na Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ?
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ofie Bible Adesua a Wobɛyɛ
    Yɛn Ahenni Som—1993
  • Wo Ho a Wubesiesie Ama Ofie Bible Adesua Ne Ne Yɛ
    Yɛn Ahenni Som—1987
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wɔmmɔ Asu
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2021
  • Mma Wo Nkyerɛkyerɛ Nnyɛ Hwanyann
    Dɔ Nnipa—Boa Wɔn Ma Wɔmmɛyɛ Asuafo
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 September kr. 8

KRISTOFO ABRABƆ

Yɛne Obi Reyɛ Bible Adesua a, Nneɛma Bɛn na Ɛnsɛ sɛ Yɛyɛ?

Nea Yɛaprente
Onua bi ne obi resua ade, na ɔrekasa dodo

Ɛnkasa Pii: Wo ne obi resua ade a, nnya adwene sɛ wo na ɛsɛ sɛ wokyerɛkyerɛ biribiara mu. Sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a, na otumi de nsɛmmisa yɛ adwuma ma nkurɔfo nya ntease a ɛsɛ sɛ wonya. (Mt 17:24-27) Sɛ wode nsɛmmisa yɛ adwuma a, ɛma adesua no yɛ anika na wuhu osuani no ntease ne nea ogye di. (be 253 ¶3-4) Sɛ wubisa wo suani bi asɛm a, nya abotare ma ommua. Sɛ osuani no ma mmuae tĩ a, ɛmpere wo ho nka mmuae no nkyerɛ no. Mmom bisabisa nsɛm foforo a ɛbɛma no anya ntease a ɛsɛ sɛ onya. (be 238 ¶1-2) Wokasa ntɛm dodo a, osuani no adwene ntumi nkye nneɛma foforo a ɔresua no.​—be 230 ¶4.

Nkwakoraabɔ ne mmerewabɔ ho nkyerɛkyerɛmu nwonworann

Mma no Nyɛ Nwonworann: Nea wunim fa asɛm no ho no, ɛnyɛ ne nyinaa na ɛsɛ sɛ woka. (Yoh 16:12) Nsɛntitiriw a ɛwɔ adesua no mu, ɛno na fa w’adwene si so. (be 226 ¶4-227 ¶1) Sɛ wode nsɛm pii hyehyɛ mu a, ɛyɛ dɛ sɛ dɛn mpo a, ɛbɛma nsɛntitiriw no ayera. (be 235 ¶3) Sɛ osuani no nya te nsɛntitiriw no ase a, monkɔ nkyekyɛm a edi hɔ.

Onua bi ne obi resua ade, na nea wɔresua no dɔɔso araa ma osuani no adwene atu afra

Mfa Adesua no Ntu Mmirika: Ɛnyɛ yɛn botae ne sɛ yebewie nhoma no ntɛm, mmom yɛpɛ sɛ adesua no pusuw osuani no. (Lu 24:32) Onyankopɔn Asɛm wɔ nkwa, enti kyerɛw nsɛm a esi nsɛntitiriw no so dua no, ɛno na fa yɛ adwuma. (2Ko 10:4; Heb 4:12; be 144 ¶1-3) Fa mfatoho kyerɛkyerɛ, nanso mma emu nyɛ den. (be 245 ¶2-4) Osuani biara wɔ ne haw ne nea ogye di, enti ma adesua no mfa osuani no ho. Wubetumi abisa nsɛm bi te sɛ: “Nea yɛresua no ka wo sɛn?” “Ɛdɛn na ɛkyerɛ yɛn wɔ Yehowa ho?” “Wode afotu yi yɛ adwuma a, wohwɛ a mfaso bɛn na wubenya?”​—be 238 ¶3-5; 259 ¶1.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena