ADESUA 18
Bible a Wɔde Bua Asɛm
SƐ WOBISA yɛn nsɛm fa yɛn gyidi, yɛn asetra kwan, yɛn nsusuwii wɔ nneɛma a ɛresisi nnansa yi ho, yɛn anidaso ma daakye ho a, yɛbɔ mmɔden sɛ yɛde Bible bedi dwuma ama ho mmuae. Dɛn ntia? Efisɛ ɛyɛ Onyankopɔn Asɛm. Yenya yɛn gyidi no fi Bible mu. Yɛde yɛn asetra kwan gyina Bible no so. Ɛso na yegyina susuw nneɛma a ɛkɔ so wɔ wiase ho. Yɛn anidaso ma daakye gyina Bible bɔhyɛ ahorow a efi honhom mu no so pintinn.—2 Tim. 3:16, 17.
Yenim asɛyɛde a ɛbata yɛn din ho no yiye. Yɛyɛ Yehowa Adansefo. (Yes. 43:12) Enti ɛnyɛ nnipa nyansapɛ so na yegyina bua nsɛm, na mmom nea Yehowa ka wɔ N’asɛm a efi honhom mu no so. Nokwarem, sɛ́ ankorankoro no, yɛwɔ nneɛma ho adwene, nanso yɛma kwan ma Onyankopɔn Asɛm kyerɛ yɛn nsusuwii kwan efisɛ yegye di koraa sɛ ɛne nokware no. Ɛwom, Bible no ma yɛn kwan ma yefi yɛn pɛ mu de yɛn nsusuwii di dwuma wɔ nneɛma pii mu. Enti sɛ anka yɛde yɛn nsusuwii bɛhyɛ afoforo so no, nea yɛpɛ ne sɛ yɛbɛkyerɛkyerɛ wɔn Kyerɛwnsɛm mu nnyinasosɛm mu, na yɛnam saayɛ so ama wɔafi wɔn pɛ mu apaw nneɛma sɛnea yetumi yɛ no. Te sɛ ɔsomafo Paulo no, yɛpɛ sɛ yɛhyɛ ‘osetie a efi gyidi mu’ ho nkuran.—Rom. 16:26.
Wɔka Yesu Kristo ho asɛm wɔ Adiyisɛm 3:14 sɛ “ɔdansefo a ɔsɛ sɛ wogye no di na ɔyɛ ɔnokwafo.” Ɔkwan bɛn so na ɔmaa nsɛmmisa ho mmuae dii nsɛm tebea a ohyiae no ho dwuma? Ɛtɔ mmere bi a na ɔde mfatoho a ɛbɛma nkurɔfo adwen nsɛm ho na edi dwuma. Wɔ mmere afoforo mu no, ɔnam nea obisa asɛm no adwene a ɔwɔ wɔ kyerɛwsɛm bi ho so. Mpɛn pii no, ɔfa kyerɛw nsɛm mu asɛm ka, kyerɛkyerɛ mu, anaasɛ ɔtwe adwene si so. (Mat. 4:3-10; 12:1-8; Luka 10:25-28; 17:32) Wɔ afeha a edi kan mu no, na wɔtaa de nhoma mmobɔwee sie wɔ hyiadan mu. Adanse biara nni hɔ a ɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ nhoma mmobɔwee yi pii, nanso na onim Kyerɛwnsɛm no yiye, na ɔtwee adwene sii so mpɛn pii bere a na ɔrekyerɛkyerɛ afoforo no. (Luka 24:27, 44-47) Nokwarem no, na obetumi aka sɛ nsɛm a ɔkyerɛkyerɛe no mfi n’ankasa. Nea ɔte fii N’agya hɔ no na ɔka kyerɛe.—Yoh. 8:26.
Yɛpɛ sɛ yedi Yesu nhwɛso no akyi. Yɛn ankasa ntee sɛ Onyankopɔn rekasa sɛnea Yesu yɛe no. Nanso Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm. Sɛ yegyina so ma yɛn nsɛmmisa ho mmuae a, yɛkwati sɛ yɛbɛtwe adwene aba yɛn ho so. Yɛma ɛda adi sɛ, sɛ anka yɛbɛda nnipa a wɔnyɛ pɛ nsusuwii adi no, yɛasi yɛn bo koraa sɛ yɛbɛma nokware no afi Onyankopɔn nkyɛn.—Yoh. 7:18; Rom. 3:4.
Nokwarem no, ɛnyɛ nea yɛpɛ ne sɛ yɛde Bible no bedi dwuma kɛkɛ, na mmom sɛ yɛbɛyɛ saa wɔ ɔkwan a nea ɔretie yɛn no benya so mfaso kɛse so. Yɛpɛ sɛ ɔde adwempa tie. Ɛdenam sɛnea onipa no nneyɛe te so no, wubetumi de Bible mu asɛm bi afi ase sɛ: “Wunsusuw sɛ nea Onyankopɔn ka na ehia kɛse?” Anaasɛ wubetumi aka sɛ: “So wunim sɛ Bible no ka saa asɛmmisa no ho asɛm?” Sɛ wo ne obi a ommu Bible no rekasa a, ebia ebehia sɛ wofa kwan foforo so. Wubetumi aka sɛ: “Ma me ne wo nsusuw tete nkɔmhyɛ bi ho nhwɛ.” Anaasɛ wubetumi aka sɛ: “Nhoma a wɔakyekyɛ sen biara wɔ nnipa abakɔsɛm mu no ka sɛ . . . ”
Ɛtɔ mmere bi a, wubetumi de w’ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm bi mu. Nanso sɛ ɛbɛyɛ yiye a, eye paa sɛ wubebue Bible no ankasa mu na woakenkan nea ɛwom no. Baabi a ɛbɛyɛ yiye no, kyerɛ onii no faako a kyerɛwsɛm no wɔ wɔ n’ankasa Bible mu. Bible no a yɛde di dwuma tẽẽ yi taa nya nkurɔfo so tumi kɛse.—Heb. 4:12.
Kristofo mpanyimfo wɔ asɛyɛde titiriw a ɛne sɛ ɛsɛ sɛ wɔde Bible no di dwuma bere a wɔrebua nsɛmmisa no. Ade biako a wogyina so ma onua bi som sɛ ɔpanyin ne sɛ ‘oso nokwasɛm no mu pɛpɛɛpɛ wɔ ne nkyerɛkyerɛ mu.’ (Tito 1:9) Asafo no muni bi betumi asi gyinae a ɛho hia paa wɔ n’asetra mu bere a asafo mu panyin bi ama no afotu awie no. Enti hwɛ hia a ehia sɛ ɔma afotu yi gyina Kyerɛwnsɛm no so! Nhwɛso a ɔpanyin bɛyɛ wɔ eyi mu no betumi anya afoforo pii so nkɛntɛnso wɔ wɔn nkyerɛkyerɛ mu.