Wo Ho a Wubesiesie Ama Ofie Bible Adesua Ne Ne Yɛ
1 Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo no sɛ wɔnka asɛmpa no na ‘wɔnyɛ asuafo.’ (Mat. 24:14; 28:19, 20) Ofie Bible adesuayɛ yɛ ɔkwan a etu mpɔn kɛse a wɔnam so yɛ asuafo. Esiane sɛ adwuma a ɛho hia yi yɛ yɛn som fã, nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden yere yɛn ho kɛse bere a yesiesie yɛn ho ma ofie Bible adesua ne ne yɛ no.
WO HO A WUBESIESIE AMA ADESUA NO
2 Wo ho a wubesiesie ama ofie Bible adesuayɛ hwehwɛ pii sen asɛm no mu a wobɛkenkan na woahwɛ kyerɛw nsɛm a emu nsɛm nni mu no. Sɛnea ɛbɛyɛ a ebedu yɛn Bible suani no komam no, ɛho hia sɛ yɛde asɛm no ma wɔ ɔkwan a ɛbɛkanyan no so.
3 Nea edi kan no, ɛsɛ sɛ yenya asɛm no mu ntease a emu da hɔ. Ɛho hia sɛ yehu sɛnea kyerɛw nsɛm no nyinaa fa nkyekyem no ne Bible osuani no ho. Nsɛntitiriw a yebetwitwa ase no bɛboa yɛn ma yɛakae. Ɛho hia sɛ yɛhyɛ adesua no mu nsɛntitiriw nsow na yesusuw sɛnea yɛbɛda no adi akyerɛ osuani no ho. Bio nso, ɛsɛ sɛ yesusuw kyerɛw nsɛm no mu nimdeɛ a osuani no wɔ, nneɛma ahorow bi a na ɛyɛ den ma no sɛ obegye atom, faako a ɛho hia sɛ ɔma ne Kristofo nipasu no nya nkɔso ne nea ɛtete saa ho. Yebetumi abisa sɛ: ‘Ɔkwan bɛn so na metumi de adesua yi mu nsɛm ne kyerɛw nsɛm no aboa no ma wanya nkɔso?’ Ebia ɛtɔ bere bi a nhwehwɛmu foforo a wobɛyɛ ho behia. Sɛ osuani no benya mu mfaso ankasa a, ɛho hia sɛ wusiesie wo ho yiye.
4 Yehowa a wobɛbɔ no mpae ho hia wɔ wo ho a wusiesie ma Bible adesua no mu. Bɔ onipa no ne n’ahiade ho mpae pɔtee. Srɛ Yehowa sɛ ɔmmoa wo na du ne komam.—1 Kor. 3:6.
ADESUA NO YƐ
5 Obi a yɛbɛboa no ma ɔde nokware no ayɛ ne de no gye mmɔdenbɔ wɔ yɛn fam. Ebia adesua no mu nsɛm a mubesusuw ho wɔ nhomasua kwan so ara kwa no bɛboa onipa no ma wanya nimdeɛ, nanso so ogye nea ɔresua no di? Boa osuani no ma onhu sɛnea asɛm no fa ne ho ankasa ne nea ɛsɛ sɛ ɔde nea wasua no yɛ.—Kol. 3:10.
6 Ɔkwati adeyɛ bi a enye a ɛne nkɔmmɔbɔ no a wobɛma kwan ma adan akosi nsɛm a ɛmfa asɛm a moresusuw ho tẽẽ so no. Mubetumi asusuw eyinom ho wɔ adesua no akyi anaasɛ bere foforo. Ɛho hia nso sɛ wobɛma osuani no de n’ankasa nsɛm ama mmuae sen sɛ ɔbɛkenkan afi nhoma no mu. Eyi bɛboa wo ma woahu sɛ ɛyɛ nea ɔte asɛm no ase anaasɛ dabi.
7 Ɔkyerɛkyerɛfo pa si nsɛntitiriw so dua sɛnea ɛbɛyɛ a osuani no ani rempa so. Yesu de nsemmisa a ɛkanyan adwene a ɛma wohuu asɛm no mu yiye yɛɛ eyi. (Mat. 16:13-16; 17:24-27) Ɛnyɛ boa nko na nsemmisa boa wo ma wuhu sɛ osuani no ate ase na mmom ɛda nea ɛwɔ ne komam nso adi. Yesu nso de mfatoho ntiatia a emu da hɔ dii dwuma de boaa n’atiefo ma wosusuw nea na ɔreka no ho.—Mat. 13:31-33; 24:32, 33.
8 Hwɛ sɛ wode kyerɛw nsɛm atitiriw no bɛka wo ntimu no ho wɔ adesua no awiei. Fa nsemmisa a ɛma wutumi hu sɛnea osuani no te nka wɔ nea wasua no ho na ɛtwe adwene si sɛnea obetumi de adi dwuma so no di dwuma. Ti emu nsɛntitiriw no mu bio sɛnea ɛho hia wɔ mo adesua a ebedi hɔ no mfiase.
9 Yɛretete nkurɔfo ma wɔabɛyɛ Yehowa asomfo. Eyi yɛ hokwan a yɛanya ne asɛyɛde a anibere wom nso. So wubetumi ama ɔkwan a wofa so kyerɛkyerɛ wɔ ofie Bible adesuayɛ mu no anya nkɔso? Ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho kɛse bere a yesiesie yɛn ho ma ofie Bible adesua ne ne yɛ no.—1 Tim. 4:15, 16.