ADESUA 42
W’atiefo Fa Mu Aba
NEA ɛbɛyɛ na aba aba asɛm a woreka akyerɛ w’atiefo no mu no, ɛnyɛ nea ehia ara ne sɛ wobɛka biribi a mfaso wɔ so ho asɛm ara kwa. Bisa wo ho sɛ: ‘Dɛn nti na ehia sɛ atiefo yi te asɛm yi? Dɛn na metumi aka na ama atiefo no ate nka sɛ wɔanya nkɔmmɔbɔ no so mfaso?’
Sɛ wɔma wo dwumadi sɛ yɛ ɔyɛkyerɛ bi fa kyerɛ sɛnea wodi obi adanse wɔ sukuu no mu a, wo fiewura no na ɔbɛyɛ wo tiefo. Ɛtɔ da bi nso a, wubetumi akasa akyerɛ asafo mũ no nyinaa.
Nea W’atiefo no Nim. Bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na atiefo no nim wɔ asɛm no ho?’ Ɛno bɛma woahu nea wubegyina so de ama wo kasa no. Sɛ worekasa akyerɛ asafo a Kristofo a wɔn ho akokwaw wom a, ntĩ mfitiasesɛm a wɔn mu pii nim no mu kɛkɛ. Gyina saa nokware no ho mfitiasesɛm no so kyerɛkyerɛ nsɛm mu kɔ akyiri. Nanso, sɛ anigyefo foforo pii wɔ hɔ a, ɛsɛ sɛ wususuw kuw abien no nyinaa ahiade ho.
Gyina nea w’atiefo no nim so yɛ nsakrae wɔ wo kasa no mu. Sɛ wode nsɛm bi a ɛda adi sɛ wɔn mu pii nim dedaw ka w’asɛm no ho a, ka no ntɛmntɛm wɔ ɔkwan a ɛfata so. Nanso sɛ woreka nsɛm bi a w’atiefo no mu pii nnim ho hwee a, tɔ wo bo ase ka, sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛte ase yiye.
Nea Ɛbɛma Aba Aba Wo Kasa no Mu. Sɛ́ aba bɛba wo kasa mu no nkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wunya nsɛm foforo bi ka bere nyinaa. Akasafo bi wɔ akwan a wɔfa so da nokwasɛm ahorow a ɛyɛ foforo adi wɔ ɔkwantiaa bi so a atiefo no mu pii bɛte ase yiye nea edi kan.
Wɔ asɛnka adwuma mu no, atesɛm bi a wobɛka de akyerɛ sɛ yɛwɔ nna a edi akyiri no mu no ara nnɔɔso. Fa Bible no di dwuma fa kyerɛ nea enti a saa asɛm no asi. Eyi bɛma ofiewura no ate asɛm no ase. Saa ara na, sɛ woreka nsɛm bi a ɛfa adebɔ mmara anaa nea ɛfa nnua, anaa mmoa asetra ho a, ɛnsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wobɛka nyansahu mu anwonwasɛm bi a wo fiewura no ntee da. Mmom no, ɛsɛ sɛ wode yɛ wo botae sɛ wode adebɔ mu nokwasɛm bɛfoa nea Bible no ka no so de akyerɛ sɛ Ɔbɔadeɛ bi wɔ hɔ a ɔdɔ yɛn. Eyi bɛboa ofiewura no ma wate nsɛm foforo a ntease wom.
Sɛ woreka asɛm bi a atiefo ate no mpɛn pii a, ebetumi ayɛ nea ɛhaw adwene yiye. Nanso sɛ wobɛyɛ ɔkyerɛkyerɛfo pa a, ɛho behia sɛ wusua sɛnea wɔyɛ eyi yiye. Ɔkwan bɛn so na wubetumi ayɛ eyi?
Nhwehwɛmu a wobɛyɛ betumi aboa. Sɛ anka wode nsɛm foforo biara a ɛbɛba wo tirim bɛka ho no, fa nyansahyɛ a wɔde yɛ nhwehwɛmu a wɔde ama wɔ kratafa 33 kosi 38 no di dwuma. Ma nyansahyɛ a wɔde ama wɔ hɔ no ntra w’adwenem wɔ botae a worebɔ mmɔden sɛ wubedu ho no ho. Wɔ wo nhwehwɛmu no mu no wubehu sɛ abakɔsɛm bi a nkurɔfo nnim ho nsɛm pii a ɛfa w’asɛm no ho wom. Anaasɛ ebia wubehyia nsɛm bi a wɔde too gua nkyɛe a ɛbɛkyerɛkyerɛ nsɛntitiriw a woabɔ wo tirim sɛ mubesusuw ho no mu.
Bere a worehwehwɛ wo dwumadi no mu no, kanyan w’ankasa nsusuwii denam nsɛmmisa te sɛ ɛdɛn? adɛn nti? bere bɛn? ɛhefa? hena? ne ɔkwan bɛn so? a wubebisa wo ho no so. Sɛ nhwɛso no: Dɛn nti na eyi yɛ nokware? Mɛyɛ dɛn akyerɛ? Gyidi a nnipa pii kura bɛn na ɛma no yɛ den ma ebinom sɛ wɔbɛte Bible mu nokware yi ase? Dɛn nti na ɛho hia? Ɔkwan bɛn so na eyi bɛka obi asetra? Nhwɛso bɛn na metumi ayɛ de akyerɛ mfaso a sɛ wɔde yɛ adwuma a wobetumi anya afi mu? Dɛn na Bible mu nokware yi ka fa Yehowa nipasu ho? Ɛdenam asɛm a moresusuw ho so no, wubetumi abisa sɛ: Bere bɛn na eyi sii? Ɔkwan bɛn so na yebetumi de asɛm a ɛyɛ ne bere mu de yi adi dwuma nnɛ? Wubetumi ama wo nsɛm no ayɛ anigye denam nsɛm yi bi a wubebisa na woama ho mmuae bere a worema wo kasa no so.
Ebehia sɛ wode kyerɛw nsɛm bi a w’atiefo no nim di dwuma wɔ wo kasa no mu. Wobɛyɛ dɛn atumi ama aba aba saa a wobɛyɛ no mu? Nkenkan kɛkɛ; kyerɛkyerɛ mu.
Sɛ aba bɛba kyerɛwsɛm a wonim dedaw a moresusuw ho no mu a ebehia sɛ wokyerɛkyerɛ mu mmiako mmiako, na yi afã horow a ɛfa w’asɛmti no ho no to nkyɛn na kyerɛkyerɛ mu. Susuw nokwasɛm bi a ɛfa kyerɛwsɛm bi te sɛ Mika 6:8 wɔ New World Translation mu no ho. Dɛn ne “atɛntrenee”? Hena gyinapɛn a ɛfa atɛntrenee ho na wɔaka ho asɛm no? Wobɛyɛ dɛn akyerɛkyerɛ nea “adetreneeyɛ” kyerɛ no mu? Anaa nea “adɔepɛ” kyerɛ no mu? Dɛn ne ahobrɛase? Sɛ woreka saa asɛm no afa ɔpanyin bi ho a wobɛkyerɛkyerɛ mu dɛn? Nanso, ɛsɛ sɛ wugyina nneɛma bi te sɛ w’asɛmti, wo botae, w’atiefo, ne bere a wowɔ so hyehyɛ nsɛm a wobɛka no.
Nsɛmfua ahorow bi a wobɛkyerɛkyerɛ mu tiawa nso betumi aboa. Wɔ ebinom fam no, sɛ wohu nea asɛmfua “ahenni” a wɔka ho asɛm wɔ Mateo 6:10 no kyerɛ a ɛyɛ wɔn nwonwa. Asɛm bi nkyerɛase a wɔkae Kristoni bi a wasom akyɛ no betumi aboa no ma wate nea kyerɛwsɛm no ka ase yiye. Sɛ yɛkenkan 2 Petro 1:5-8 na yɛhwehwɛ nea nsɛntitiriw te sɛ: gyidi, mmaninyɛ, nimdeɛ, anidahɔ, boasetɔ, onyamesom pa, onuadɔ, ne ɔdɔ, kyerɛ no mu a ɛma eyi da adi pefee. Sɛ nsɛm bi a ɛne nkyerɛase no hyia wɔ akenkan no mu a, asekyerɛ a wobɛhwehwɛ no betumi aboa ma asɛm biara ada nsow wɔ foforo ho. Ɛno yɛ nokware wɔ nsɛm te sɛ, nyansa, nimdeɛ, nhumu, ne ntease a wɔde dii dwuma wɔ Mmebusɛm 2:1-6 no ho.
Sɛ wo ne w’atiefo no susuw kyerɛwsɛm no ho a, wobehu sɛ aba wom. Sɛ ebinom behu wɔ Genesis 2:7 sɛ Adam yɛ ɔkra teasefo na Hesekiel 18:4 nso ka sɛ ɔkra no wu wɔ Bible nkyerɛase horow bi mu bere a edi kan a, ɛyɛ wɔn nwonwa. Bere bi Yesu maa Sadukifo no ho dwiriw wɔn bere a ɔfaa asɛm a ɛwɔ Exodus 3:6 a wɔkyerɛ sɛ wogye di no, de totoo awufo a wobenyan wɔn ho no.—Luka 20:37, 38.
Ɛtɔ mmere bi na worekyerɛkyerɛ kyerɛwsɛm bi mu nsɛm a ɛfa ho ne nipa ko a ɔreka asɛm no anaa nea ɔretie no mu a, ɛma emu da hɔ yiye ma wɔte ase. Na Farisifo no nim nsɛm a ɛwɔ Dwom 110 no yiye. Nanso, Yesu twee wɔn adwene sii asɛntitiriw bi a ɛwɔ nkyekyem a edi kan no mu no so. Obisaa wɔn sɛ: “Mudwen Kristo no ho dɛn? Hena ba ne no? Wosee no sɛ: Dawid. Osee wɔn sɛ: Ɛnde adɛn na Dawid nam honhom mu frɛ no owura ka sɛ: [Yehowa, NW] see me wura sɛ: Tra me nifa kosi sɛ mede w’atamfo megu wo nan ase? Sɛ Dawid frɛ no owura a, na ɛyɛɛ dɛn na ɔyɛ ne ba?” (Mat. 22:41-45) Sɛ wususuw Kyerɛwnsɛm no ho sɛnea Yesu yɛe no a, wobɛboa afoforo ma wɔakenkan Onyankopɔn Asɛm no yiye.
Sɛ ɔkasafo bi rekyerɛ bere a wɔde kyerɛw Bible nhoma bi anaa bere a asɛm bi sii a, ɛsɛ sɛ ɔsan kyerɛ tebea a na ɛwɔ hɔ saa bere no nso. Saa kwan no so no, atiefo no betumi ate hia a nhoma no anaa asɛm a esii no hia ase yiye.
Mfatoho betumi aboa ma asɛm a woka no atɔ asom yiye. Wubetumi de nea nnipa pii susuw no atoto asɛm koro no ara a Bible ka ho asɛm no ho. Anaa wubetumi de Bible kyerɛwtohɔ bi a edi nsɛ atoto ho. So nsonsonoe bi wɔ mu? Dɛn nti na ɛte saa? Dɛn na yesua fi mu? Eyi a wobɛyɛ no betumi ama w’atiefo no anya ntease foforo wɔ asɛm no ho.
Sɛ wɔde dwumadi bi hyɛ wo nsa sɛ munsusuw biribi a ɛfa Kristofo som adwuma ho ho a, wubetumi ama wo kasa no ayɛ dɛ denam asɛm no a wobɛbɔ no mua de afi ase no so. Munsusuw nea ɛsɛ sɛ wɔyɛ, nea enti a ehia sɛ wɔyɛ, ne ɔkwan a ɛfa yɛn botae sɛ Yehowa Adansefo ho no ho. Na afei kyerɛkyerɛ faako, ne bere ko, ne ɔkwan a wɔbɛfa so ayɛ adwuma no mu.
Nanso sɛ ɛba sɛ sɛnea wo kasa no te no behia sɛ mususuw “Onyankopɔn ade a emu dɔ” no bi ho nso ɛ? (1 Kor. 2:10) Sɛ wufi ase denam kyerɛ a wobɛkyerɛkyerɛ nsɛntitiriw a ɛwɔ asɛm no mu so a, wɔbɛte emu nsɛntitiriw no ase yiye. Na sɛ wobɔ w’asɛm no mua tiatiaa de wie a, w’atiefo no bɛte nka sɛ wɔasua biribi ankasa.
Afotu a Ɛfa Kristofo Asetra Ho. Sɛ woboa w’atiefo no ma wohu sɛnea asɛm a ɛwɔ wo kasa no mu no fa wɔn asetra ho a, wobenya so mfaso ankasa. Bere a moresusuw kyerɛw nsɛm a ɛwɔ wo dwumadi no mu ho no, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn nti na wɔakora saa nsɛm yi so abesi yɛn bere yi so?’ (Rom. 15:4; 1 Kor. 10:11) Susuw asetram nsɛm ahorow a w’atiefo rehyia no ho. Gyina Kyerɛwnsɛm mu afotusɛm ne nnyinasosɛm so susuw tebea horow no ho. Wɔ wo kasa no mu no, susuw Kyerɛwnsɛm no ho fa kyerɛ sɛnea ebetumi aboa obi ma wadi saa tebea horow no ho dwuma nyansam. Kwati adwenhorow a enni nnyinaso. Susuw su ne nneyɛe ahorow pɔtee bi ho.
Sɛ worebefi ase asiesie ɔkasa bi a, fa nyansahyɛ ahorow a ɛwɔ atifi hɔ no biako anaa abien di dwuma. Bere a worenya osuahu no, fa emu pii di dwuma. Bere rekɔ so no wubehu sɛ w’atiefo no bɛhwɛ kwan sɛ wobetie wo kasa a wɔwɔ awerɛhyem sɛ wɔbɛte biribi a ɛso bɛba wɔn mfaso ankasa.