ADESUA 41
Afoforo Tumi Te Ase
SƐ WOKASA a, nkasa te sɛ nea wode amanneɛbɔ rema ara kwa. Bɔ mmɔden sɛ wobɛma wɔn a wɔretie wo no ate nea woreka no ase. Eyi betumi aboa ma wo nkɔmmɔbɔ atu mpɔn, sɛ ebia worekasa akyerɛ asafo anaasɛ obi a ɔnyɛ Ɔdansefo no.
Akwan a wɔfa so te asɛm a obi ka ase no wɔ afã pii. Wɔaka ebi ho asɛm wɔ Adesua a ɛto so 26, “Nsɛm a Wɔhyehyɛ Ma Edidi So” no mu. Wɔasusuw bi nso ho wɔ Adesua a ɛto so 30, “Ɔfoforo Ho Anigye a Wɔkyerɛ” no mu. Wɔ adesua yi mu no, yebesusuw nsɛntitiriw kakraa bi a ɛka ho ho.
Nsɛmfua a Asete Nyɛ Den, Ɔkwan Tiaa a Wɔfa So. Nsɛm a asete nyɛ den ne kasamu ntiantiaa yɛ kasa mu nnwinnade a tumi wom a wɔde di nkitaho. Yesu Bepɔw so Asɛnka no yɛ ɔkasa ho nhwɛso a ɛkyɛn so a nnipa betumi ate ase ɛmfa ho nnipa ko a wɔyɛ ne faako a wɔte. Ebetumi aba sɛ na adwene a ɛwɔ akyi no yɛ wɔn foforo. Nanso, na wobetumi ate nea Yesu kae no ase efisɛ ɔkaa nsɛm a ɛfa yɛn nyinaa ho: ɔkwan a yɛbɛfa so anya anigye, sɛnea yɛne afoforo ntam abusuabɔ betu mpɔn, sɛnea yebegyina dadwen ano, ne sɛnea yebenya atirimpɔw wɔ asetra mu. Na ɔde kasa a obiara betumi ate ase na ɛkyerɛkyerɛɛ ne nsɛm mu. (Mat., ti 5-7) Ɛwom, Bible no de sɛnea ɔkasa horow bi tenten te ne ɔkwan a wɔfaa so hyehyɛe ho nhwɛso pii ma. Nea ɛsɛ sɛ ɛyɛ wo botae titiriw ne sɛ wobɛkyerɛkyerɛ wo nsɛm mu ama emu ada hɔ yiye na ntease aba mu.
Sɛ mpo wo nsɛm no mu dɔ a, ɔkwantiaa a wobɛfa so akyerɛkyerɛ mu no bɛma ayɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte ase. Wobɛyɛ dɛn ama wo nsɛm ayɛ tiaa a asete nyɛ den? Mfa asɛntenten a ɛho nhia nhaw w’atiefo no adwene. Hyehyɛ wo dwumadi no sɛnea ɛbɛyɛ a wo nsɛntitiriw no bedi mũ. Fa ahwɛyiye paw kyerɛw nsɛm titiriw a wopɛ sɛ wode di dwuma no. Sɛ́ anka wode ahopere befi biako so akɔ foforo so no, kenkan na munsusuw ho. Nka nsɛm pii mfa nsɛe aba a ɛwɔ asɛm bi mu no.
Sɛ woyɛ ofie Bible adesua a, fa saa nnyinasosɛm koro no ara di dwuma. Mmɔ mmɔden sɛ wobɛkyerɛkyerɛ biribiara mu. Boa osuani no ma ɔnte adwene titiriw a ɛwom no ase yiye. Akyiri yi, bere a ɔreyɛ ne kokoam adesua ne bere a ɔwɔ asafo nhyiam ase no, obetumi ahu nsɛm no nyinaa.
Nea ɛbɛyɛ na woatumi ama ɔkasa wɔ ɔkwan a ɛyɛ tiaa so no, ahosiesie pa ho behia. Sɛ wopɛ sɛ woma afoforo te w’asɛm no ase a, ɛsɛ sɛ w’ankasa wote ase yiye. Sɛ wote biribi ase yiye a, ɛnna wubetumi akyerɛ nea enti a ɛte saa no mu. Afei nso wubetumi de w’ankasa nsɛm akyerɛkyerɛ mu.
Kyerɛkyerɛ Nsɛm a Wɔnte Ase no Mu. Ɛtɔ mmere bi na sɛ wopɛ sɛ wɔte nsɛm bi ase a, ɛhwehwɛ sɛ wokyerɛkyerɛ nsɛm a atiefo no nnim anaa wɔnte ase no mu. Mmu w’atiefo no sɛ wonim dodo, na mmu wɔn nso sɛ wɔrente hwee ase. Esiane nea woasua afi Bible no mu nti, wubetumi de nsɛm bi a nkurɔfo nte ase adi dwuma. Sɛ woankyerɛkyerɛ mu a, wɔn a wɔnyɛ Yehowa Adansefo no rente ase sɛ “nkaefo,” ‘akoa nokwafo ne ɔbadwemma kuw,’ “nguan foforo,” ne “nnipakuw kɛse” no gyina hɔ ma nnipakuw pɔtee bi. (Rom. 11:5; Mat. 24:45; Yoh. 10:16; Adi. 7:9) Saa ara nso na sɛ obi nnim Yehowa Adansefo ahyehyɛde no ho hwee a, ebia ɔrente nsɛm bi te sɛ “ɔdawurubɔfo,” “ɔkwampaefo,” “ɔmansin sohwɛfo,” ne “Nkaedi” ase.
Ebia ebehia sɛ wɔkyerɛkyerɛ Bible mu nsɛm bi a wɔn a wɔnyɛ Adansefo mpo taa de di dwuma sɛnea wɔpɛ no mu. Nkurɔfo pii gye di sɛ “Harmagedon” kyerɛ nuklea okunkɛse. Wobetumi de “Onyankopɔn Ahenni” atoto obi komam tebea anaa ɔsoro ho sen sɛ wɔde bɛtoto nniso ho. Sɛ woka “ɔkra” ho asɛm a ebetumi ama wɔn adwene akɔ nea wɔfrɛ no nnipa honhom a ɛkɔ so tra ase wɔ owu akyi no so. Sɛnea wɔakyerɛkyerɛ nnipa pii no, “honhom kronkron” yɛ onipa, Baasakoro no fã. Esiane sɛ nnipa pii apo Bible abrabɔ kronn ho gyinapɛn nti, ebehia mpo sɛ wɔboa wɔn ma wɔte nea Bible no kyerɛ bere a ɛka sɛ: “Munguan aguamammɔ!” no ase.—1 Kor. 6:18.
Sɛ nkurɔfo ntaa nkenkan Bible no na sɛ woka kɛkɛ sɛ “Paulo kyerɛwee sɛ . . .” anaa “Luka kae sɛ . . .” a, ebia wɔrente nea wokyerɛ no ase. Ebia na wɔwɔ nnamfo anaa afipamfo a wɔfrɛ wɔn saa. Ebehia sɛ wode nkyerɛkyerɛmu bi bata ho de kyerɛ sɛ onii no yɛ Kristoni somafo anaa Bible kyerɛwfo.
Mpɛn pii no, nnɛyi atiefo hia mmoa na ama wɔate kyerɛw nsɛm a ɛfa sɛnea na tetefo no susuw ade ho anaa sɛnea na tete amammerɛ ahorow te ho no ase. Sɛ nhwɛso no, wɔrente asɛm a ɛne sɛ na Noa adaka no ntwemu yɛ basafa 300, ne trɛw yɛ basafa 50, na ne korɔn yɛ basafa 30 no ase papa. (Gen. 6:15) Nanso sɛ wode biribi a ɛbɛn w’atiefo no anaa nsɛm bi a wɔte ase yiye wɔ baabi a wɔte hɔ kyerɛ nneɛma a ɛne ne kɛse yɛ pɛ a, ɛrenyɛ den sɛ wubetwa sɛnea na adaka no kɛse te ankasa ho mfonini.
Fa Nkyerɛkyerɛmu a Ehia Ma. Sɛ wopɛ sɛ nsɛm mu da hɔ ma w’atiefo no a, ebia pii ho behia sen sɛ wode nsɛm bi nkyerɛase a ɛteɛ bɛma ara kwa. Wɔ Esra bere so wɔ Yerusalem no, sɛ wɔkenkan Mmara no a, na wɔsan kyerɛkyerɛ mu. Nea ɛbɛyɛ na nkurɔfo no ate ase no, na Lewifo no kyerɛ Mmara no ase na wɔsan de nkyerɛkyerɛmu ne sɛnea wobetumi de adi dwuma ma ɛne wɔn nsɛm tebea ahyia ma. (Neh. 8:8, 12) Wɔ ɔkwan a ɛte saa ara so no, gye bere fa kyerɛkyerɛ kyerɛw nsɛm a wokenkan no mu.
Wɔ Yesu wu ne ne wusɔre akyi no, ɔkyerɛkyerɛɛ mu kyerɛɛ n’asuafo no sɛ nea asi no yɛ Kyerɛwnsɛm no mmamu. Afei nso osii asɛyɛde a wɔwɔ sɛ wodi saa nneɛma no ho adanse no so dua. (Luka 24:44-48) Sɛ woboa nkurɔfo ma wohu nkɛntɛnso a ɛsɛ sɛ nea wɔakyerɛ wɔn no nya wɔ wɔn asetra so a, wɔbɛte nea ɛkyerɛ ankasa no ase yiye.
Sɛnea Ɛfa Koma no Ho. Ɛwom, sɛ wo nkyerɛkyerɛmu no mu da hɔ mpo a, nneɛma foforo nso betumi anya sɛnea obi foforo bɛte ase anaa ɔnte ase no so nkɛntɛnso. Sɛ obi koma yɛ den a, ɛno yɛ akwanside a ɛremma ɔnte nea wɔaka no ase. (Mat. 13:13-15) Wɔ wɔn a wɔasi wɔn bo sɛ wɔde honam aniwa nkutoo na ebesusuw nneɛma ho no fam no, honhom fam nsɛm yɛ nkwaseasɛm ma wɔn. (1 Kor. 2:14) Sɛ obi da suban a ɛte saa adi a, ɛbɛyɛ papa sɛ wode nkɔmmɔbɔ no ba awiei—ɛbɛyɛ a, gyae kakra ansa.
Nanso wɔ nsɛm tebea bi mu no, asetram tebea a enye na ɛma koma no yɛ den. Sɛ onipa a ɔte saa nya hokwan tie Bible mu nokware kodu bere bi a, ebia obebue ne komam atie. Bere a Yesu ka kyerɛɛ n’asomafo no sɛ wɔrebɛka no mpire na wɔakum no no, wɔante ase. Dɛn nti na wɔante ase? Ɛnyɛ ɛno na na wɔhwɛ kwan na akyinnye biara nni ho sɛ ɛnyɛ ɛno na na wɔpɛ! (Luka 18:31-34) Nanso, bere kɔɔ so no, asomafo no mu 11 tee ase, na wɔde nea Yesu akyerɛ wɔn no dii dwuma de kyerɛɛ saa.
Nkɛntɛnso a Nhwɛso Pa Wɔ. Ɛnyɛ nsɛm a yɛka no nko na yɛde boa nkurɔfo ma wɔte nsɛm ase na mmom yɛn nneyɛe nso ka ho. Ɛdefa nsrahwɛ a edi kan a nnipa pii de kɔɔ Ahenni Asa so ho no, nea wɔka ne sɛ ɔdɔ a na ɛda adi wɔ hɔ no na wɔkae, ɛnyɛ nea wɔtee no. Saa ara na anigye a yɛda no adi no aboa afiewuranom pii ma wɔatie Bible mu nokware no. Adɔe a Yehowa nkurɔfo yi no adi kyerɛ wɔn ho wɔn ho ne ayamye mu a wofi susuw afoforo ho bere a wohyia amanehunu no ama nnipa binom aka sɛ Adansefo no na wɔwɔ nokware som. Enti bere a worebɔ mmɔden aboa nkurɔfo ma wɔate Bible mu nokwasɛm ase no, susuw ɔkwan a wofa so kyerɛkyerɛ nsɛm mu ne nhwɛso a woyɛ no ho.