ADESUA 46
Nneɛma a Wonim a Wɔde Ma Mfatoho
NOKWAREM no, ɛho hia sɛ mfatoho biara a wode bedi dwuma no fa asɛm a moresusuw ho no ho. Nanso sɛ ɛbɛyɛ nea etu mpɔn sen biara a, ɛsɛ sɛ ɛfata w’atiefo no nso.
Ɔkwan bɛn so na atiefo ko a wobɛkasa akyerɛ wɔn no betumi anya mfatoho ahorow a wobɛpaw de akasa akyerɛ nnipakuw bi no so nkɛntɛnso? Dɛn na Yesu Kristo yɛe? Sɛ́ ebia na Yesu rekasa akyerɛ nnipakuw anaasɛ n’asuafo no, wamfa nsase a na enni Israel so asetra anni dwuma wɔ ne nhwɛso ahorow mu. Na anka n’atiefo no rente nhwɛso ahorow a ɛte saa no ase. Sɛ nhwɛso no, Yesu amfa Misrifo adehyesɛm anaa Indiafo som mu nneyɛe anni dwuma. Nanso, ne nhwɛso ahorow no twee adwene sii nneɛma a nnipa nim wɔ asase nyinaa so so. Ɔkaa ntadepam, adwumayɛ, biribi a ɛsom bo a ɛyera, ne ayeforohyia ahorow ase a wɔkɔ ho asɛm. Ɔtee sɛnea nkurɔfo yɛ wɔn ade wɔ tebea ahorow mu no ase, na ɔde saa nimdeɛ yi nyinaa dii dwuma. (Marko 2:21; Luka 14:7-11; 15:8, 9; 19:15-23) Esiane sɛ na Yesu baguam asɛnka no gyina Israelfo no so titiriw nti, na ne mfatoho ahorow no taa ka nneɛma ne nnwuma a wɔyɛ no daa ho asɛm. Enti, ɔkaa nneɛma te sɛ kuayɛ, sɛnea nguan tie wɔn hwɛfo nne, ne sɛnea wɔde nsa gu aboa nhoma kotoku mu ho asɛm. (Marko 2:22; 4:2-9; Yoh. 10:1-5) Bio nso ɔtwee adwene sii abakɔsɛm ho nhwɛso ahorow a wonim—te sɛ awarefo a wodii kan bɔɔ wɔn, Noa nna no mu Nsuyiri, Sodom ne Gomora sɛe, ne Lot yere wu, so. (Mat. 10:15; 19:4-6; 24:37-39; Luka 17:32) So saa ara na sɛ worepaw mfatoho ahorow a wususuw nneɛma a w’atiefo no nim, ne faako a wofi ho?
Na sɛ wɔn a worekasa akyerɛ wɔn no nyɛ nnipakuw, na mmom onipa biako anaa nnipa kakraa bi ɛ? Bɔ mmɔden sɛ wobɛpaw mfatoho a ɛfata saa atiefo kakraa bi no. Bere a Yesu kasa kyerɛɛ Samariani bea no wɔ asubura a ɛbɛn Sikar no, ɔkaa “nkwa nsu,” ‘a ɛmma osukɔm nne obi da,’ ne “nsu abura a efifi kɔ daa nkwa mu”—a ne nyinaa yɛ nyansakasa a ɛfa ɔbea no adwuma a ɔyɛ ho ho asɛm. (Yoh. 4:7-15) Na bere a ɔkasa kyerɛɛ mmarima a na wɔrehoro wɔn asawu no, nyansakasa a ɔpawee no faa mpataayi ho. (Luka 5:2-11) Wɔ nsɛm abien no nyinaa mu no, na anka obetumi ayɛ mfatoho afa kuadwuma ho esiane sɛ wɔte baabi a wɔyɛ kuadwuma nti, nanso hwɛ mfaso kɛse a na ɛwɔ so sɛ ɔkaa adwuma a wɔn ankasa yɛ ho asɛm! So wobɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ saa?
Bere a Yesu twee adwene sii “Israel fi nguan a ayera” so no, ɛnyɛ Israelfo nko nkyɛn na wɔsomaa ɔsomafo Paulo kɔe, na mmom ɔkɔɔ Amanaman mufo no nso nkyɛn. (Mat. 15:24; Aso. 9:15) So eyi maa Paulo sesaa sɛnea ɔkasa no? Yiw. Bere a ɔrekyerɛw Kristofo a wɔwɔ Korinto no, ɔkaa mmirikatufo ho asɛm, kaa aduan a wodi wɔ abosonnan mu, na ɔkaa nkonimdi aperententu, nneɛma a na Amanaman mufo no behu, ho asɛm.—1 Kor. 8:1-10; 9:24, 25; 2 Kor. 2:14-16.
So woyɛ ahwɛyiye te sɛ Yesu ne Paulo bere a worepaw mfatoho ne nhwɛso ahorow a wode bedi dwuma wɔ wo nkyerɛkyerɛ mu no? So wususuw faako a w’atiefo no fi ne adwuma a wɔyɛ daa no ho? Ɛwom, efi afeha a edi kan mu no, nneɛma asesa wɔ wiase. Nnipa pii te nsɛm a ɛrekɔ so wɔ wiase denam television so. Tebea horow a ɛkɔ so wɔ amannɔne nsase so yɛ nea wɔtaa nim. Baabi a ɛte saa no, ɛnyɛ mfomso sɛ wobɛtwe adwene asi amanneɛbɔ a ɛtete saa so de ayɛ mfatoho. Nanso, nneɛma a ɛtaa ka nkurɔfo koma yiye yɛ nea ɛfa wɔn asetra—wɔn fie, wɔn mmusua, wɔn nnwuma, nnuan a wodi, ne wim tebea a ɛwɔ hɔ no ho.
Sɛ wo mfatoho no behia nkyerɛkyerɛmu pii a, anhwɛ a wobɛka biribi a w’atiefo no nnim ho asɛm. Mfatoho a ɛte saa no betumi ama asɛntitiriw a moreka ho asɛm no ayera. Nea ebefi mu aba ne sɛ, w’atiefo no bɛkae wo mfatoho no na ɛnyɛ Kyerɛwnsɛm mu nokware a worebɔ mmɔden ama wɔate ase no.
Sɛ anka Yesu bɛyɛ mfatoho a ɛbɛma nkurɔfo adwenem ayɛ wɔn hwanyann no, ɔde nsɛm a ɛkɔ so da biara da dii dwuma. Ɔde nsɛm nketenkete kyerɛkyerɛɛ nsɛm akɛse mu na ɔde nsɛm a asete nyɛ den kyerɛkyerɛɛ nsɛm a asete yɛ den mu. Ɛdenam nsɛm a esisi daa a Yesu de kaa honhom mu nokware ahorow ho asɛm so no, ɔboaa nkurɔfo ma wɔtee honhom mu nokware ahorow a na ɔrekyerɛkyerɛ wɔn no ase, na ɛkaa wɔn tirim. Nhwɛso a ɛsɛ sɛ yesua bɛn ara ni!