Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb16 November kr. 5
  • Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? Nhoma no, Sɛn na Yɛde Bɛyɛ Adwuma?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? Nhoma no, Sɛn na Yɛde Bɛyɛ Adwuma?
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Sɛ Wode Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma no Reyɛ Adesua a, Suasua Ɔkyerɛkyerɛfo Kɛse No
    Yɛn Ahenni Som—2007
  • Boa Afoforo Ma Wonni Nea Bible Kyerɛkyerɛ So
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2007
  • Bible Kyerɛkyerɛ Nhoma No—Nhoma Titiriw a Yɛde Bɛyɛ Bible Adesua
    Yɛn Ahenni Som—2006
  • Asɛmmisa Afã
    Yɛn Ahenni Som—2008
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka​—Adesua Nhoma (2016)
mwb16 November kr. 5

KRISTOFO ABRABƆ

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? Nhoma no, Sɛn na Yɛde Bɛyɛ Adwuma?

Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu?

Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no te sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no ara. Yɛde ne nyinaa kyerɛkyerɛ nkurɔfo nokware no. Yɛahyehyɛ Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no mu nsɛm te sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no. Nanso Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no mu nyɛ den, na emu mfatoho nso da fam. Wɔn a Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu yɛ den ma wɔn no na yɛayɛ nhoma foforo yi ama wɔn. Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no, nkekaho nnim. Nea yɛde asi anan ne “nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu.” Nsɛmfua ne nsɛm bi a emu yɛ den no, yɛakyerɛkyerɛ mu wɔ hɔ. Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no, nsɛmmisa nni eti biara mfiase. Adaka a yɛde yɛ ntĩmu nso nnim. Mmom wohwɛ eti biara awiei a, Bible mu nokware a ɛwom no, wɔabɔ no mmua wɔ hɔ. Yebetumi de Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no ama bere biara, te sɛ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no. Sɛ yɛde Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no reyɛ Bible adesua a, “nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu” ne “nsɛntitiriw” afã no, yɛde bɛyɛ adwuma sɛn?

Eti bi mu nsɛntitiriw a ɛwɔ Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no mu

NSƐNTITIRIW: Nnipa pii wɔ hɔ a, sɛ yɛne wɔn reyɛ Bible adesua na yɛkenkan nkyekyɛm a ɛwɔ Bible Kyerɛkyerɛ nhoma no mu na yɛbisa wɔn nsɛm no a, ɛkɔ yiye paa. Nanso yɛmfa no sɛ osuani no nnim akenkan papa anaa ɔnte kasa no yiye. Ɛba saa a, wubetumi de “nsɛntitiriw” a ɛwɔ Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no ti biara awiei ayɛ adesua no. Muwie a, na woahyɛ no nkuran sɛ n’ankasa nkenkan eti no mu nsɛm no. Mofa “nokwasɛm” baako biara a, mubetumi de bɛyɛ simma 15 asua. Nsɛntitiriw afã no nkyerɛkyerɛ nsɛm mu nkɔ akyiri, enti wo a woyɛ ɔdawurubɔfo no, ɛsɛ sɛ wusua no yiye paa, na ama woahu nea ɛbɛboa osuani no. Sɛ ɔdawurubɔfo no de eti no yɛ adesua no a, ɛnde obetumi de “nsɛntitiriw” no ayɛ ntĩmu.

Nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu afã a ɛwɔ Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no mu

NSƐM BI MU NKYERƐKYERƐMU: Nsɛmfua ne nsɛm bi a emu yɛ den wɔ nhoma no mu. Sei na yɛahyehyɛ no wɔ “nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu” afã hɔ: Eti a edi kan mu deɛ na edi kan, na eti a ɛto so mmienu adi so. Saa ara na wɔahyehyɛ no kosi eti a etwa to. Ɔdawurubɔfo no pɛ a, nsɛm bi mu nkyerɛkyerɛmu afã a ɛwɔ Dɛn na Yebetumi Asua nhoma no mu no, obetumi ne osuani no asusuw ho aka adesua no ho.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena