Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp20 nɔma 3 kr. 14-15
  • Wubetumi Anya Ɔbɔadeɛ No Nhyira Afebɔɔ

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Wubetumi Anya Ɔbɔadeɛ No Nhyira Afebɔɔ
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Ná Yesu Dɔ Nnipa
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2015
  • Yesu Anwonwade No Dɛn Na Wubetumi Asua Afi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2004
  • Anwanwade Ahorow a Yesu Yɛe No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Mu?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2023
  • Yesu Awonwade Ahorow—So Esisii Ankasa?
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2020
wp20 nɔma 3 kr. 14-15
Nnipa ahorow a ɛsono baabi a wofi abom regye wɔn ani wɔ Paradise asase so.

“Asase bɛma ne nnɔbae; Onyankopɔn, yɛn Nyankopɔn, behyira yɛn.”—DWOM 67:6

Wubetumi Anya Ɔbɔadeɛ No Nhyira Afebɔɔ

Onyankopɔn hyɛɛ agya panyin Abraham bɔ sɛ ɔnam n’aseni bi so na obehyira “asase so aman nyinaa.” (Genesis 22:18) Hena na na ɔbɛyɛ saa aseni no?

Bɛyɛ mfe 2,000 ni, Onyankopɔn maa Yesu a ɔyɛ Abraham aseni tumi ma ɔde yɛɛ anwonwade pii. Anwonwade ahorow a Yesu yɛe no ma yehu sɛ ɔno ne Abraham aseni a Onyankopɔn hyɛɛ bɔ sɛ ɔbɛfa no so ahyira asase so aman nyinaa no.—Galatifo 3:14.

Anwonwade ahorow a Yesu yɛe no maa nkurɔfo hui sɛ ɔno na Onyankopɔn nam no so behyira nnipa. Anwonwade ahorow no nso ma yehu nneɛma a Onyankopɔn nam Yesu so bɛyɛ ama nnipa afebɔɔ. Sɛ yɛhwɛ anwonwade ahorow a Yesu yɛe no a, ɛma yehu ne suban ahorow a ɛka koma no bi.

Ayamhyehye—Yesu saa ayarefo yare.

Da bi, kwatani bi srɛɛ Yesu sɛ ɔnsa no yare. Yesu soo ne mu kaa sɛ: “Mepɛ.” Ɛhɔ ara kwata no tu ­yerae.—Marko 1:40-42.

Ayamye—Wɔn a ɔkɔm de wɔn no, Yesu maa wɔn aduan dii.

Ade baako a na Yesu mpɛ ne sɛ obehu sɛ ɔkɔm de nkurɔfo. Ɔyɛɛ anwonwade maa nnipa mpempem pii nyaa aduan dii. Ná paanoo ne nam kakraa bi na ɛwɔ hɔ, nanso ɔkyɛ ma ɛsoo wɔn nyinaa so. (Mateo 14:17-21; 15:32-38) Nnipakuw no didi mee ma bebree kae. Ɛnyɛ pɛnkoro pɛ na ɔyɛɛ saa.

Mmɔborɔhunu—Yesu nyan awufo.

Bere a Yesu hui sɛ ɔbea kunafo bi ba a odi no bakoro awu, na onni obiara a ɔbɛhwɛ no no, “ɔyɛɛ no mmɔbɔ” na onyan no.—Luka 7:12-15.

YEBENYA NHYIRA AFEBƆƆ WƆ ASASE SO

Anwonwade a Yesu yɛe no ma yehu sɛ Onyankopɔn wɔ tumi a ɔde bɛyɛ nneɛma pa pii ama nnipa. Ɛrenkyɛ, Yesu bɛsan aba sɛnea ɔhyɛɛ bɔ no, na sɛ ɔba a, ade nyinaa so Tumfoɔ no nam no so bɛyɛ anwonwade wɔ asase so nyinaa. Anwonwade a ɔbɛyɛ saa bere no, ɛbɛkyɛn kan de no!

Sɛ bɔ a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham no bam a, sɛn na asetena bɛyɛ wɔ asase so? Wɔn a wɔdɔ Onyankopɔn na wosuro no no “benya asase no adi, na wɔagye wɔn ani asomdwoe bebree mu.” (Dwom 37:11) Onyankopɔn Asɛm ka sɛ: “Owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio.”—Adiyisɛm 21:4.

Wo de hwɛ o, wubetumi atena asase so daa wɔ asomdwoe mu! Nhyira bɛn na ɛkyɛn wei? Nhyira a ɛrenkyɛ Onyankopɔn de bɛbrɛ nnipa no, wopɛ sɛ wusua ho asɛm pii a, yɛsrɛ wo, kɔ www.jw.org/tw.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena