Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb18 June kr. 7
  • Kwati Asiane a Ɛwɔ Sohyial Nɛtwɛk So No

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Kwati Asiane a Ɛwɔ Sohyial Nɛtwɛk So No
  • Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Wokɔ Sohyia Midia So a, Henanom Na Wo Ne Wɔn Bɔ?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Mmofra ne Sohyia Midia—Ɔfã 1: Memma Me Ba Nkɔ Sohyia Midia So Anaa?
    Mmoa a Wɔde Ma Abusua No
  • Apɔwmuden Ho Nimdefo Panyin Bi De Ato Gua Sɛ, Sohyia Midia Redi Mmabun Awu—Dɛn Na Bible Ka?
    Nsɛm Foforo a Wubenya
  • Sohyia Midia Resɛe Wo Ba Anaa?—Sɛnea Bible Betumi Aboa Awofo
    Nsɛm Foforo a Wubenya
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2018
mwb18 June kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Kwati Asiane a Ɛwɔ Sohyial Nɛtwɛk So No

Yesu po sɛ ɔbɛdan abo paanoo

NEA ENTI A ƐHO HIA: Sɛnea nnwinnade pii te no, sohyial nɛtwɛk betumi aboa yɛn anaa apira yɛn. Kristofo binom asi gyinae sɛ wɔremfa sohyial nɛtwɛk nyɛ adwuma. Kristofo binom nso de, wɔfa so ne wɔn abusuafo ne wɔn nnamfo di nkitaho. Nanso Ɔbonsam mpɛ sɛ yɛde sohyial nɛtwɛk yɛ adwuma nyansam. Wei betumi asɛe yɛn din ne yɛne Yehowa ntam. Sɛnea Yesu yɛe no, yebetumi de nnyinasosɛm a ɛwɔ Onyankopɔn Asɛm mu ayɛ adwuma de ahu asiane ahorow, na yɛatwe yɛn ho afi ho.—Lu 4:4, 8, 12.

ASIANE AHOROW A ƐSƐ SƐ YƐKWATI:

  • Bere pii a yɛsɛe wɔ sohyial media so. Sɛ yɛsɛe bere pii wɔ sohyial nɛtwɛk anaa sohyial media so a, bere a ɛho hia pa ara a ɛsɛ sɛ yɛde yɛ Onyankopɔn som mu nneɛma no, ebetumi aba sɛ yɛrennya.

    Bible nnyinasosɛm: Efe 5:15, 16; Flp 1:10

  • Nneɛma a ɛmfata a yɛbɛhwɛ. Sɛ obi hwɛ nneɛma a ɛkanyan akɔnnɔ bɔne a, ebetumi ama wahwɛ ponografi na ɛbɛyɛ den sɛ obegyae. Afei nso, ebetumi ama ɔde ne ho ahyɛ ɔbrasɛe mu. Sɛ obi kenkan nneɛma a awaefo de agu Intanɛt so a, ebetumi asɛe ne gyidi.

    Bible nnyinasosɛm: Mt 5:28; Flp 4:8

  • Nsɛm ne mfoni a ɛmfata a wɔde gu Intanɛt so. Esiane sɛ koma no yɛ ɔdaadaafo nti, obi adwene betumi ayɛ no sɛ ɔmfa nsɛm anaa mfoni a ɛnyɛ papa ngu sohyial nɛtwɛk so. Nanso, wei betumi asɛe obi din anaa ama ne gyidi ayɛ mmerɛw.

    Bible nnyinasosɛm: Ro 14:13; Efe 4:29

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN WOKƆ SOHYIAL NƐTWƐK SO A, HWƐ YIE, NA DWINNWEN SƐNEA WOBƐKWATI TEBEA A EDIDI SO YI:

Ɔkorɔmfo bi afa sohyial media so ahu sɛ ofiewura bi atu kwan enti onni fie
Adwumawura bi ahu mfoni a ɛmfata a obi a ɔrebɛpɛ adwuma de ato sohyial nɛtwɛk so
Wokɔ sohyial nɛtwɛk so a, wubetumi ate kasa fĩ
Ayɛ den ama obi a watena sohyial media ho anadwo mũ no nyinaa sɛ ɔbɛsɔre anɔpa
    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena