KRISTOFO ABRABƆ
Wokɔ Sohyia Midia So a, Henanom Na Wo Ne Wɔn Bɔ?
Yɛka adamfo a, ɔne hena? Ɛyɛ “obi a ɔde ne ho abɔ ne yɔnko esiane obu a ɔwɔ ma no, anaa pɛ a ɔpɛ n’asɛm nti.” Ɛho nhwɛso ne sɛ, bere a Dawid kum Goliat akyi no, Yonatan ne no faa adamfo a emu yɛ den. (1Sa 18:1) Ná wɔn mu biara wɔ suban a ne yɔnko ani gye ho, na ɛno ma wɔbɛpɛɛ wɔn ho asɛm. Wei kyerɛ sɛ, sɛ wo ne obi betumi afa adamfo a emu yɛ den a, ɛsɛ sɛ muhu mo ho yiye. Egye bere na woatumi ahu obi yiye; ɛnna fam. Nanso ɛnnɛ wokɔ sohyia midia so a, nea ehia ara ne sɛ wobɛklike biribi so, na woanya adamfo. Nnipa a wɔwɔ sohyia midia so no, wɔtaa ka wɔn ho nsɛm a ɛbɛyɛ nkurɔfo asom dɛ. Enti wotumi de sɛnea wɔn suban te ankasa sie. Wei ma ɛyɛ den sɛ wubehu sɛnea wɔte ankasa. Enti, ɛsɛ sɛ wudwen ho yiye hwɛ nnipa kõ a wobɛpene so ama wɔafa wo adamfo wɔ sohyia midia so. Sɛ obi a wunnim no yiye ka sɛ ɔpɛ sɛ ɔfa wo adamfo a, mma ɛnhaw wo sɛ wobɛka daabi. Nka sɛ woka daabi a, ɛbɛhaw no, enti wobɛpene so. Ebinom wɔ hɔ a, asiane a ɛwɔ sohyia midia so nti, wɔayɛ sɛ wɔremfa nni dwuma koraa. Nanso, sɛ wopaw sɛ wode sohyia midia bedi dwuma a, nneɛma bɛn na ɛsɛ sɛ woma ɛtena w’adwenem?
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN WOKƆ SOHYIAL NƐTWƐK SO A, HWƐ YIE NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Dɛn na ɛsɛ sɛ wudwen ho ansa na wode asɛm anaa mfoni bi ato sohyia midia so?
Sɛ worefa adamfo wɔ sohyia midia so a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ woyɛ ahwɛyiye?
Adɛn nti na wokɔ sohyia midia so a, ɛsɛ sɛ wode bere to ho?—Efe 5:15, 16