KRISTOFO ABRABƆ
Ɔdɔ Ma Yehu Wɔn a Wɔyɛ Nokware Kristofo—Baakoyɛ Som Bo, Enti Bɔ Ho Ban
NEA ENTI A ƐHO HIA: Ade rebɛkye ama Yesu awu no, ɔbɔɔ mpae anadwo no maa n’asuafo no “sɛnea wɔn biakoyɛ bedi mũ.” (Yoh 17:23) Sɛ yebetumi akɔ so atena ase baakoyɛ mu a, ɛsɛ sɛ yɛda ɔdɔ adi. Ɔdɔ nso de, ‘ɛmfa bɔne nhyɛ ne mu.’—1Ko 13:5.
SƐNEA WOBƐYƐ NO:
Hwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ afoforo ho fa suasua Yehowa
Yi wo yam fa bɔne kyɛ
Sɛ wo ne obi nya asɛm na musiesie mo ntam wie a, nkɔfa ho asɛm mma bio.—Mme 17:9
HWƐ VIDEO A YƐATO DIN “MONNODƆ MO HO”—MOMMFA BƆNE NNHYƐ MO MU. AFEI BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
Video no fã a edi kan no mu no, dɛn na Helena yɛe a ɛkyerɛ sɛ na ‘ɔde bɔne ahyɛ ne mu’?
Video no fã a ɛto so mmienu no mu no, Helena tumi de adwempa dii nsusuwii a na ɛmfata no so. Ɔyɛɛ no sɛn?
Awiei koraa no, ɔkwan bɛn so na Helena boa maa asomdwoe kɔɔ so tenaa asafo no mu?
Sɛ yɛde bɔne hyɛ yɛn mu a, hena na ebepira no kɛse?