United By Divine Teaching Video—Onuayɛ a Biakoyɛ Wom Ankasa Ho Nhwehwɛmu
Ɔmansin sohwɛfo bi traa Bible adesua a wɔne ɔbea bi a na omfii ase mmaa asafo nhyiam mu yɛe mu. Ɔtoo nsa frɛɛ no sɛ ɔmmɛhwɛ United by Divine Teaching video no bi. Saa dapɛn no ɔbea no baa asafo nhyiam na ɔkae sɛ n’ani gyei yiye sɛ ɔbae. Dɛn nti na video yi tumi yɛɛ biribi pa ntɛm saa? Ɔbea no ani gyee yɛn onuayɛ a biakoyɛ wom a ɛda adi wɔ wiase a basabasayɛ ne nitan wom mu a ohui no ho.—Yoh. 13:35.
Hwɛ video yi na hu asomdwoe ne ɔdɔ a ɛda adi wɔ Yehowa Adansefo mu wɔ asase so nyinaa no na ma ɛnka wo koma. Afei susuw nsɛmmisa yi ho:
(1) Dɛn nti na na “Ɔsoro Nkyerɛkyerɛ” yɛ 1993-94 ɔmantam nhyiam no asɛmti a ɛfata?—Mika 4:2.
(2) Dɛn na Bible mu nokware ayɛ ama mmusua bi? Dɛn na ayɛ ama w’abusua?
(3) Dɛn nti na ɛho hia sɛ Yehowa bɛkyerɛkyerɛ yɛn?—Dw. 143:10.
(4) Nsɛnnennen bɛn na ɛsɛ sɛ yedi ho dwuma na ama yɛasiesie yɛn ho ama amanaman ntam nhyiam akɛse?
(5) Ɔkwan bɛn so na woahu sɛ Dwom 133:1 ne Mateo 5:3 nya mmamu wɔ Kristofo ɔmantam nhyiam a woakɔ no ase?
(6) Nkɛntɛnso kɛse a ɔsoro nkyerɛkyerɛ nya wɔ nnipa so ho adanse a ɔmanfo hu bɛn na ɛwɔ hɔ?—Adi. 7:9.
(7) Bere bɛn na wɔbɔɔ nokware Kristofo a wɔdɔɔso sen biara asu?
(8) Mika, Petro, ne Yesu nsɛm bɛn na Yehowa Adansefo ama ɛrenya mmamu?
(9) Dɛn na ɛma wuhu sɛ adesamma abusua a wɔayɛ biako na wɔwɔ anigye nyɛ adaeso ara kwa?
(10) Henanom na wubeyi video yi akyerɛ wɔn, na dɛn ntia?
Bere a onuawa bi hwɛɛ video yi no, ɔbɔɔ asɛm no mua fɛfɛɛfɛ sɛ: “Video no bɛboa ma makɔ so ama atra m’adwene mu sɛ anuanom Kristofo mmarima ne mmea pii a wɔwɔ wiase nyinaa resom Yehowa nokwaredi mu mprempren yi ara. . . . Hwɛ sɛnea yɛn onuayɛ a biakoyɛ wom no som bo!”—Efe. 4:3.