KRISTOFO ABRABƆ
Onyamesom Pa Ne Apɔwmuteɛteɛ
Apɔwmuteɛteɛ so wɔ mfaso anaa? Yiw, nanso sɛ yɛde toto onyamesom pa ho a, yehu sɛ mfaso a ɛwɔ apɔwmuteɛteɛ so no yɛ kakraa bi. (1Ti 4:8) Wei nti, ɛsɛ sɛ Kristofo kari pɛ wɔ agodi mu.
HWƐ NNEƐMA A WƆADRƆDRƆ AYƐ NO VIDEO A YƐATO DIN NEA ƐSƐ SƐ WUHU FA AGODI HO NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:
1. Mfaso bɛn na agodi betumi ama yɛanya?
2. Nneɛma mmiɛnsa bɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛahu sɛ agodi bi ye anaasɛ enye?
3. Ɔkwan bɛn so na Dwom 11:5 betumi aboa yɛn ama yɛahu agorɔ kõ a ɛsɛ sɛ yedi ne nea ɛsɛ sɛ yɛhwɛ?
4. Ɔkwan bɛn so na Filipifo 2:3 ne Mmebusɛm 16:18 betumi aboa yɛn ama yɛahu sɛnea ɛsɛ sɛ yedi agorɔ bi?
5. Ɔkwan bɛn so na Filipifo 1:10 bɛboa yɛn na sɛ yɛredi agorɔ bi anaa yɛrehwɛ a, yɛansɛe bere pii?