Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb20 July kr. 7
  • Yehowa Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Yehowa Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Okunkɛse ho Nneɛma Akorae ne Yehowa Adansefo
    Nyan!—1993
  • Gyidi a Edi Mu Wɔ Ɔtaa Mu
    Nyan!—2000
  • Dɛn na Bible Aka?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • Kaesarea Ne Tete Kristofo No
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ​—1989
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
mwb20 July kr. 7

KRISTOFO ABRABƆ

Yehowa Bɔ Ne Nkurɔfo Ho Ban

Papa bi ne ne ba de mogya resrasra wɔn apongua ho ne n’atifi.

Twam a edi kan a Israelfo dii no, na ɛyɛ biribi a wɔbɛkae daa. Bere a Farao sɔree saa anadwo no na ohui sɛ n’abakan no awu no, ɔka kyerɛɛ Mose sɛ: “Monsɔre na mo ne Israelfo a wɔaka nyinaa mfi me man mu na monkɔsom Yehowa, sɛnea moaka no.” (Ex 12:31) Nea Yehowa yɛe yi kyerɛ sɛ, ɔbɔ ne nkurɔfo ho ban.

Sɛ yɛhwɛ Yehowa Adansefo abakɔsɛm mu a, yetumi hu paa sɛ, Yehowa da so ara rekyerɛ n’asomfo kwan na ɔbɔ wɔn ho ban. Yehu saa nokwasɛm yi wɔ tete nneɛma akorae a yɛato din “Nnipa a Yehowa Din Da Wɔn So” a ɛwɔ wiase nyinaa adwumayɛbea ti no.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN TETE NNEƐMA AKORAE A ƐWƆ WARWICK NSRAHWƐ: “NNIPA A YEHOWA DIN DA WƆN SO” NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • ‘Photo-Drama of Creation’ ho mfoni.

    Afe 1914 mu no, nnwinnade bɛn na Bible Asuafo no de yɛɛ adwuma sɛnea ɛbɛyɛ a nkurɔfo begye adi sɛ Bible no yɛ Onyankopɔn Asɛm? Dɛn na efii mu bae?

  • Anuanom a wɔkyeree wɔn guu afiase wɔ 1918 ho mfoni.

    Afe 1916 ne 1918 mu no, sɔhwɛ ahorow bɛn na Yehowa nkurɔfo hyiae? Dɛn na ɛma yehu sɛ na Yehowa rekyerɛ n’ahyehyɛde no kwan?

  • Anuanom a wɔn gyidi nti wɔkyeree wɔn guu afiase ho mfoni wɔ tete akorae hɔ. Ɔdan bi a wɔadrɔdrɔ Paradise ho mfoni wom; wɔabue ne pon ato hɔ.

    Esiane Yehowa nkurɔfo gyidi nti, nkurɔfo sɔre tiaa wɔn. Nanso ɔkwan bɛn so na wɔkɔɔ so gyinaa pintinn?

  • Nnwinnade a yɛde yɛɛ asɛnka adwuma no wɔ afe 1930 ne 1940 a egu tete akorae hɔ.

    Afe 1935 mu no, ntease foforo bɛn na Yehowa nkurɔfo nyae? Ɛkaa wɔn sɛn?

  • Sɛ woakɔhwɛ tete nneɛma akorae a ɛwɔ Warwick no pɛn a, dɛn na wuhui a ɛma wugye di sɛ Yehowa rekyerɛ ne nkurɔfo kwan na ɔbɔ wɔn ho ban?

Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wobɛfa so akɔhwɛ tete nneɛma akorae hɔ a, kɔ jw.org® na klik Yɛn Ho Asɛm afã hɔ

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena