KRISTOFO ABRABƆ
Yɛbɛyɛ Ɔsatu Titiriw Wɔ November Mu De Aka Onyankopɔn Ahenni No Ho Asɛm
Yesu kaa “Onyankopɔn Ahenni ho asɛmpa” kyerɛɛ afoforo. (Lu 4:43) Ɔsan kyerɛkyerɛɛ nkurɔfo sɛ, wɔmmɔ mpae na saa Ahenni no mmra. (Mt 6:9, 10) Yɛn nso November mu no, yɛbɛyɛ nea yebetumi biara aka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ nkurɔfo. (Mt 24:14) Enti toto wo nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de wo ho ahyɛ ɔsatu titiriw yi mu. Wɔn a wɔbɛyɛ akwampae boafo saa bosome no betumi de nnɔnhwerew 30 kosi 50 ayɛ asɛnka adwuma no.
Sɛ wuhyia obi wɔ w’asaasesin mu a, wubetumi akenkan kyerɛwsɛm bi a ɛfa Onyankopɔn Ahenni no ho akyerɛ no. Sɛ worehwehwɛ kyerɛwsɛm a wode bɛyɛ adwuma a, ɛyɛ a, bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na m’atiefo gye di, anaa dɛn na wonim fa Bible ho? Sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ na n’ani gye ho a, ma no Ɔwɛn-Aban No. 2 2020 no bi. Afei, yɛ nhyehyɛe na wo ne no ntoa nkɔmmɔ a mobɔe no so. Wubetumi de nhoma ahorow a ɛwɔ Nnwinnade Titiriw a Yɛde Kyerɛkyerɛ no mu baako afi Bible adesua ase. Aka kakraa bi na Onyankopɔn Ahenni abɛsɛe ahenni ahorow a ɛsɔre tia no no nyinaa. (Dan 2:44; 1Ko 15:24, 25) Ɛno nti, momma yɛmfa hokwan soronko yi nkyerɛ sɛ, yɛdɔ Yehowa na yɛtaa n’Ahenni no akyi!
Onyankopɔn Ahenni de Paradise bɛba asaase so!