Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 September kr. 15
  • Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Ɛrenkyɛ Koraa Wiase Foforo Bi Bɛba!

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Ɛrenkyɛ Koraa Wiase Foforo Bi Bɛba!
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Yɛbɛyɛ Ɔsatu Titiriw Wɔ November Mu De Aka Onyankopɔn Ahenni No Ho Asɛm
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2020
  • Yɛbɛyɛ Asɛnka Adwuma Titiriw Bi Wɔ September Mu De Abɔ Onyankopɔn Ahenni No Ho Dawuru!
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Jehovah’s Witnesses—Organized to Share the Good News
    Yɛn Ahenni Som—2011
  • Monkyekyɛ Ahenni Asɛm a Ɛto so 35 no Kɛse
    Yɛn Ahenni Som—1997
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 September kr. 15
Awarefo bi wɔ Paradise; wɔreyɛ wɔn nnamfo baabae.

KRISTOFO ABRABƆ

Ma Nkurɔfo Nhu Sɛ Ɛrenkyɛ Koraa Wiase Foforo Bi Bɛba!

November mu no, yɛbɛyɛ ɔsatu titiriw bi ama nkurɔfo ahu sɛ ɛrenkyɛ koraa wiase foforo bi bɛba. (Dw 37:10, 11; Adi 21:3-5) Enti toto wo nneɛma yiye sɛnea ɛbɛyɛ a wubetumi de wo ho ahyɛ ɔsatu titiriw yi mu. Wɔn a wɔbɛyɛ akwampae boafo saa bosome no betumi de nnɔnhwerew 30 anaa 50 ayɛ asɛnka adwuma no.

Bɔ mmɔden sɛ wobɛkenkan kyerɛwsɛm bi a ɛfa wiase foforo no ho akyerɛ nnipa dodow biara a wubetumi. Sɛ worepɛ kyerɛwsɛm a wode bɛyɛ adwuma a, hwɛ nea nkurɔfo a wɔwɔ w’asaasesin mu no ani begye ho. Sɛ wo ne obi bɔ nkɔmmɔ na n’ani gye ho a, ma no Ɔwɛn-Aban No. 2 2021 no bi. Afei, yɛ nhyehyɛe na wo ne no ntoa nkɔmmɔ a mobɔe no so ntɛm ara. Bɔ mmɔden sɛ wode Wubetumi Anya Anigye Daa! nhomawa no befi Bible adesua ase. “Adepa ho asɛmpa” a yɛbɛka ho asɛm akyerɛ nkurɔfo saa bere no bɛma yɛn ani agye paa!—Yes 52:7.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu ɔkwan a wubetumi afa so afi nkɔmmɔbɔ ase a, hwɛ video a yɛato din Nsrahwɛ a Edi Kan: Asɛmpa no​—Dw 37:10, 11

HWƐ DWOM A ENNI YƐN NNWOM NHOMA MU VIDEO A YƐATO DIN WIASE FOFORO NO MU NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Daakye a ɛyɛ anigye bɛn na abeawa no redwinnwen ho?

  • Nneɛma a yɛn nsa bɛka wɔ wiase foforo no mu no, emu nea ɛwɔ he na worehwɛ kwan paa?

  • Sɛ yedwinnwen daakye papa a ɛda yɛn anim no ho a, adɛn nti na ɛbɛboa yɛn ama yɛayere yɛn ho ayɛ November ɔsatu no?—Lu 6:45

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena