Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb21 September kr. 11
  • Ma Wo Nuanom Mmoa Wo

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ma Wo Nuanom Mmoa Wo
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Dɛn Na Wobɛyɛ Na Ama Anigye a Wode Yɛ Asɛnka Adwuma No Ayɛ Kɛse?
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Ma Asɛm No Nka Wɔn Koma
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
  • Boa Wo Bible Asuafo Ma Wonnyae Nneyɛe Biara a Yehowa Kyi
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2022
  • Bɔ Mpae Srɛ Yehowa Sɛ Ɔmmoa Wo
    Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2021
mwb21 September kr. 11

MA W’ANI NKU ASƐNKA HO | DƐN NA WOBƐYƐ NA AMA ANIGYE A WODE YƐ ASƐNKA ADWUMA NO AYƐ KƐSE?

Ma Wo Nuanom Mmoa Wo

Yehowa de yɛn “nuanom a wɔwɔ wiase nyinaa” ama yɛn sɛ wɔmmoa yɛn mma yentumi nyɛ asɛnka adwuma no. (1Pe 5:9) Asuafoyɛ adwuma a yɛreyɛ no, sɛ yehyia ɔhaw bi a, wobetumi aboa yɛn ama yɛadi so. Wohwɛ ɔsomafo Paul sei a, Akwila ne Priskila, Silas, Timoteo, ne afoforo boaa no ma otumi yɛɛ asɛnka adwuma no.—Aso 18:1-5.

Dɛn na anuanom betumi ayɛ de aboa wo ama woayɛ asɛnka adwuma no? Wobetumi aboa wo ama woahu sɛnea wobɛyɛ sankɔhwɛ, sɛnea wubefi Bible adesua ase, sɛnea wobɛyɛ Bible adesua, ne nea wubetumi ayɛ bere a ofiewura bi aka biribi de atwa w’ano. Enti sɛ wuhu sɛ wuhia mmoa na ama woatu mpɔn wɔ asɛnka adwuma no mu a, ka ho asɛm kyerɛ onua bi a wunim sɛ obetumi aboa wo. Woyɛ saa a, ɛbɛma woasua biribi afi ne hɔ, na ɔno nso asua biribi afi wo hɔ, na mo nyinaa ani begye.—Flp 1:25.

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN MMOA A YEHOWA DE MA YƐN WƆ ASUAFOYƐ ADWUMA NO MU NO, SƐ YEGYE TOM A, ƐBƐMA YƐN ANI AGYE—YƐN NUANOM NO. WUWIE A, BUA NSƐMMISA A EDIDI SO YI:

  • Mfoni yi fi video a yɛato din “Mmoa a Yehowa De Ma Yɛn Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu No, Sɛ Yegye Tom a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Yɛn Nuanom” no mu. Neeta ne onuawa foforo akɔ Jade hɔ ne no resua ade.

    Dɛn na na Neeta yɛ de hyɛ Jade nkuran sɛ ɔmmra adesua?

  • Mfoni yi fi video a yɛato din “Mmoa a Yehowa De Ma Yɛn Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu No, Sɛ Yegye Tom a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Yɛn Nuanom” no mu. Neeta ne Abigay kɔ Jade nkyɛn, na Abigay reka akyerɛ Jade sɛ kan no, na ɔne nkurɔfo bi bɔ nnwom.

    Sɛ yɛrekɔyɛ Bible adesua a, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛma anuanom afoforo kogya yɛn?

  • Mfoni yi fi video a yɛato din “Mmoa a Yehowa De Ma Yɛn Wɔ Asuafoyɛ Adwuma No Mu No, Sɛ Yegye Tom a, Ɛbɛma Yɛn Ani Agye—Yɛn Nuanom” no mu. Neeta atu kwan, enti Abigay akɔ Jade hɔ ne no resua ade.

    Asafo mũ no nyinaa na ɛboa ma obi bɛyɛ osuani

    Dɛn na na Jade ne Abigay nyinaa ani gye ho?

  • Nneɛma a anuanom betumi aboa yɛn ama yɛatu mpɔn wom no, ebi ne dɛn?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena