Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • mwb23 May kr. 13
  • Ɔdio Bible No, Wode Reyɛ Adwuma Yiye?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • Ɔdio Bible No, Wode Reyɛ Adwuma Yiye?
  • Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nsɛm a Yɛbɔ Tie
    Yɛn Ahenni Som—2015
  • Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woakenkan Bible Da Biara
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2025
  • Yɛn Intanɛt Dwumadibea​—Fa Boa Obi a Ɛsono Kasa a Ɔka
    Yɛn Ahenni Som—2012
  • Woabisa Saa Nsɛm Yi Pɛn?
    Nyan!—2019
Hwɛ Pii Ka Ho
Kristofo Abrabɔ Ne Yɛn Asɛnka—Adesua Nhoma—2023
mwb23 May kr. 13
Mfoni: Anuanom bi retie ɔdio Bible no. 1. Onua bi akɔtena abɔnten, na ɔde headphone ahyɛ ne ti retie ɔdio Bible wɔ ne fon so. 2. Onuawa bi ne ne babea kumaa retie ɔdio Bible no, na wɔabue Bible a yɛaprente no bi rehwɛ mu di akyi. 3. Onuawa bi te keteke mu rekɔ baabi, na ɔde ade ahyehyɛ n’asom retie ɔdio Bible wɔ ne fon so.

KRISTOFO ABRABƆ

Ɔdio Bible No, Wode Reyɛ Adwuma Yiye?

Dɛn ne ɔdio Bible? Wiase Foforo Nkyerɛase Bible a yɛayɛ no foforo no, yɛakan agu Intanɛt so. Ɛno na yɛfrɛ no ɔdio Bible no. Yɛayɛ no wɔ kasa bebree mu, na Bible mu nhoma biara a yɛbɛkan awie no, na yɛde ato Intanɛt so. Ade baako a ɛyɛ anika wɔ ɔdio Bible no ho ne sɛ, ɛnyɛ ɔbaakofo na ɛkenkan; wɔn a ɛkan no dɔɔso. Enti sɛ woretie a, wobɛte no sɛ nnipa ahorow bi na ɛrebɔ nkɔmmɔ. Akenkanfo no kenkan ma emu da hɔ, na wɔde atenka a Bible mu nipa no de kasae no na ɛkan. Ne nyinaa ma yɛte Bible no ase yiye.

Sɛn na ɔdio Bible no aboa ebinom? Wɔn a wɔtaa tie ɔdio Bible no ka sɛ, ɛma wɔte nka sɛ, asɛ Bible mu nsɛm no sisii no, na wɔwɔ hɔ bi. Wɔka sɛ, sɛnea Bible mu nipa biara obi foforo na ɛkenkan n’anom asɛm no, ɛma wɔtumi twa ho mfoni yiye, na ɛma wɔte Bible mu asɛm no ase yiye. (Mme 4:5) Ebinom nso ka sɛ, sɛ nneɛma hyɛ wɔn so na wɔtie ɔdio Bible no a, ɛma wɔn koma tɔ wɔn yam.—Dw 94:19.

Sɛ obi rekenkan Onyankopɔn Asɛm no na yɛte no yɛn asom a, ebetumi apusuw yɛn. (2Be 34:19-21) Sɛ wɔakenkan Bible no nyinaa anaa ne fã bi wɔ wo kasa mu a wubetumi atie a, adɛn nti na nneɛma a woyɛ no daa de som Onyankopɔn no, womfa nka ho?

HWƐ VIDEO A YƐATO DIN SƐNEA YƐYƐƐ ƆDIO BIBLE NO—NE FÃ BI. WUWIE A, BUA ASƐMMISA A EDI SO YI:

Sɛnea wɔyɛ ɔdio Bible no, dɛn na ɛma w’ani gye ho?

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena