ADESUA HO NYANSAHYƐ
Nea Ɛbɛboa Wo Ma Woakenkan Bible Da Biara
Nnwuma bebrebe a egu wo so nti, ɛyɛ a ɛyɛ den ma wo sɛ wobɛkenkan Onyankopɔn Asɛm no da biara anaa? (Yos. 1:8) Sɛ saa a, sɔ nea edidi so yi bi hwɛ:
Yɛ biribi a ɛbɛkae wo da biara. Sɛɛte alaam wɔ wo fon anaa wo tablɛt so na ɛnkae wo sɛ kenkan Bible.
Fa wo Bible to baabi a wubehu. Sɛ Bible a wɔatintim na wokenkan a, fa to baabi a ɛbɛyɛ mmerɛw sɛ da biara wubehu.—Deut. 11:18.
Tie Bible a wɔayɛ no ɔdio. Wubetumi abɔ atie bere a woreyɛ nneɛma a woyɛ no daa no. Tara yɛ ɔkwampaefo ne ɔbaatan a ɔsan yɛ adwuma anadwo. Ɔka sɛ, “Mereyɛ fie nnwuma a, mebɔ ɔdio Bible no tie, na ɛno boa me ma mentoto me Bible akenkan mu.”
Mia W’ani. Sɛ biribi a wonhwɛ kwan bɛbɔ wo nhyehyɛe no mu a, bɔ mmɔden kenkan nkyekyɛm kakra ansa na woada. Ketewa biara nsua, enti sɛ kakraa bi mpo na da biara wubetumi akenkan a, ɛbɛboa wo paa.—1 Pet. 2:2.