BIBLE MU AKORADE
Wopɛ Sɛ Wokyekye Obi Werɛ a, Nsuasua Elifas
Elifas ka kyerɛɛ Hiob sɛ nnipa de, yɛtwe yɛn mu tann, yɛrentumi nsɔ Onyankopɔn ani da (Hio 15:14-16; w05 9/15 26 ¶4-5)
Ná Elifas pɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ Hiob yɛ nipabɔnefo, na ɛno nti na na ɔrehu amane no (Hio 15:20)
Nsɛm a Elifas kekae no ankyekye Hiob werɛ (Hio 16:1, 2)
Nsɛm a Elifas keka kyerɛɛ Hiob no, na nokware baako koraa nni mu. Yehowa de, mmɔden biara a yɛbɔ sɛ yɛbɛsom no no, n’ani sɔ. (Dw 149:4) Ɔtreneeni mpo betumi ahyia ɔhaw ama ayɛ yiye.—Dw 34:19.
DWINNWEN WEI HO: Sɛ yɛpɛ sɛ ‘yɛkyekye wɔn a wɔabotow no werɛ’ a, yɛbɛyɛ no sɛn?—1Te 5:14; w15 2/15 8 ¶16.