Hiob
16 Ɛnna Hiob kae sɛ:
2 “Mate nsɛm a ɛtete sɛɛ bebree.
Mo nyinaa moyɛ gyamserefo!+
3 Da bɛn na nsɛnhunu yi begyae?
Ɛdɛn na ɛka wo* ma wokasa saa?
4 Me nso metumi akasa sɛ mo.
Nea ato me no, sɛ ebi ato mo a,*
Anka metumi aka nsɛm pii atia mo,
Na mawosow me ti de adi mo ho fɛw.+
8 Woayere me, na nkurɔfo ahu,
Na me honam mpo di adanse sɛ mafɔn paa.
9 N’abufuw atetew me pasapasa, na ɔde me ho asɛm ahyɛ ne mu.+
Ohu me a na ne bo afuw denneennen.*
Me tamfo apɔkyere n’ani hwɛ me.+
10 Wɔabue wɔn anom kakraa rebɛmene me,+
Na wɔabɔ m’asom agu m’anim ase;
Wɔaboaboa wɔn ano bebree reba me so.+
12 Ná mete hɔ dwoodwoo, nanso ɔwosow me;+
Osoo me kɔn akyi, na obubuu me pasaa,
Na otuu n’ani sii me so.
14 Mayɛ sɛ ɔfasu a otutu me mu ntokuru daa.
Ɔba me so sɛ ɔsabarima.
18 O asaase, nkata me mogya so!+
Na me sufrɛ nso, mma ennnyae!
19 Seesei mpo, me dansefo te soro;
Nea obetumi adi me ho adanse wɔ sorosoro.