ASETENAM NSƐM
“Seesei M’ani Gye Asɛnka Ho Paa!”
WƆTETEE me wɔ Balclutha. Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ South Island a ɛwɔ New Zealand man mu. Misua no de, na medɔ Yehowa, na na ɛyɛ me dɛ sɛ mewɔ nokware no mu. Ná asafo nhyiam kɔ nyɛ adesoa mma me. Afei nso, na asafo no mu yɛ dɛ, na mete nka sɛ mewɔ ahobammɔ, na na m’ani gye. Ɛwom, na mefɛre ade, nanso na m’ani gye ho sɛ nnawɔtwe biara mɛkɔ asɛnka. Ná ɛnyɛ den mma me sɛ medi me sukuufo ne afoforo adanse. Ná m’ani gye ho paa sɛ mɛyɛ Yehowa Danseni, enti bere a midii mfe 11 no, mihyiraa me nkwa so maa Onyankopɔn.
ANIGYE A NA MEWƆ NO TU YERAE
Awerɛhosɛm ne sɛ, bere a midii bɛyɛ mfe 13 no, sɛnea na me ne Yehowa ntam te no, efii ase yɛɛ basaa. Sɛ mehwɛ me sukuufo a, ɛyɛ a na ɛyɛ me sɛ wotumi yɛ nea wɔpɛ biara, enti minyae a na anka mete sɛ wɔn. Ná misusuw sɛ m’awofo hyehyɛ mmara pii ma me, na sɛnea ɛsɛ sɛ Kristofo bɔ wɔn bra no, na mihu sɛ ɛyɛ den dodo. Afei nso, na m’adwene yɛ me sɛ Yehowa som yɛ adesoa. Ɛwom sɛ na migye di sɛ Yehowa wɔ hɔ de, nanso na mete nka sɛ me ne no ntam retetew.
Mannyae asɛnka kɔ de, nanso na menteɛ me ho nkɔ; na meyɛ no biara biara. Enti sɛ mekɔ asɛnka mpo a, na minhu nea mɛka de adi nkurɔfo adanse efisɛ na minsusuw nea mɛka ho ansa na makɔ. Ɛno nti, na minni sankɔhwɛ anaa Bible adesua biara. Wei nyinaa ka ho bi nti na amma m’ani annye asɛnka ho no. Ɛyɛ a na mibisa me ho sɛ, ‘Ɛbɛyɛ dɛn na obi atumi ayɛ asɛnka adwuma no nnawɔtwe biara ne bosome biara?’
Bere a midii mfe 17 no, na mepɛ sɛ metew me ho. Enti mesesaw me nneɛma fii fie, na mitu kɔɔ Australia. Mitu fii fie no, ɛyɛɛ m’awofo yaw paa. Ná ɛhaw m’awofo de, nanso na wonim sɛ, sɛ mekɔ a, mɛkɔ so asom Yehowa.
Mikoduu Australia no, ahokeka a na mede som Yehowa no, afei de, ɛkɔɔ fam koraa. Ná metoto asafo nhyiam mu. Mefaa mmaayewa a wɔn suban te sɛ me nnamfo. Enti sɛ yɛkɔ asafo nhyiam baako a, nea edi hɔ no, yɛnkɔ. Mmom na yɛkɔ disko kɔnom nsa, na yɛadi asaw. Sɛ mitwa m’ani hwɛ m’akyi a, mihu sɛ na me nan baako wɔ nokware no mu, ɛnna baako wɔ wiase no mu. Nanso na minhu baabi a migyina ankasa.
MANHWƐ KWAN SƐ MESUA BIRIBI A ƐHO HIA SAA
Bɛyɛ mfe mmienu akyi no, me ne onuawa bi tenaa kakraa bi, na ɔboaa me ma misusuw m’abrabɔ ho. Nanso na onuawa no ara mpo nnim sɛ waboa me saa. Ná me ne anuanom mmea asigyafo nnum te fie baako mu, na bere bi yɛmaa ɔmansin sohwɛfo ne ne yere Tamara bɛtenaa yɛn fie hɔ nnawɔtwe baako. Sɛ Tamara kunu reyɛ nnwuma bi ama asafo no a, na Tamara ba yɛn nkyɛn ne yɛn bɛbɔ nkɔmmɔ ma yɛn nyinaa yɛserew. M’ani gyee nea ɔyɛe no ho paa. Ná ɔpɛ nnipa paa, enti na ɛnyɛ den sɛ wo ne no bɛbɔ nkɔmmɔ. Ɛyɛɛ me nwonwa paa sɛ obi a ɔwɔ nneɛma pii yɛ saa wɔ Yehowa som mu nyaa bere ne yɛn bɔɔ nkɔmmɔ serewee saa.
Ahokeka a na Tamara de som Yehowa no, na ɛnyɛ agorɔ. Sɛnea na n’ani gye nokware no ne asɛnka adwuma no ho no, nea ɛbɛyɛ biara, ɛbɛka wo. Ná ɔde anigye yɛ nea obetumi biara de som Yehowa, nanso me de, na meyɛ no biara biara, enti na m’ani nnye. Ne suban pa ne sɛnea na n’ani gye wɔ ne koma mu no, ɛboaa me paa wɔ m’abrabɔ mu. Ne nhwɛso pa no ma midwinnwen Bible mu asɛm a ɛho hia paa yi ho: Yehowa pɛ sɛ yɛn nyinaa de “anigye” som no, na yɛto “ahurusi dwom.”—Dw. 100:2.
M’ANI BEGYEE ASƐNKA ADWUMA NO HO BIO
Ná mepɛ sɛ m’ani gye te sɛ Tamara, nanso sɛ m’ani betumi agye saa a, na ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae akɛse bi. Egyee bere nanso mifii ase yɛɛ nsakrae no nkakrankakra. Afei de, sɛ merebɛkɔ asɛnka a, na metena ase hwɛ nea mekɔ a, mɛka. Ɛwom a, na mayɛ akwampaefo boafo nso. Ɛboaa me ma minyaa akokoduru, enti mekɔ asɛnka a na minsuro bio. Ná metaa kenkan Bible kyerɛ nkurɔfo wɔ asɛnka mu, enti m’ani begyee asɛnka ho paa. Afei de, bosome biara na mitumi yɛ akwampaefo boafo.
Mpanyimfo ne mmofra a na wɔbɔ mmɔden wɔ nokware no mu a wɔn ani gye wɔ Yehowa som mu no, mifii ase faa wɔn nnamfo. Wɔn nhwɛso pa no boaa me ma metenaa ase hwɛɛ nea ehia paa wɔ m’abrabɔ mu, na ɛma mifii ase kenkan Bible da biara. Asɛnka adwuma no bɛyɛɛ me dɛ paa, na ewiee ase no, mebɛyɛɛ daa kwampaefo. Mihui sɛ m’ase atim wɔ asafo no mu. Ná m’ani gye, na na mewɔ ahotɔ. Ná metee nka saa akyɛ.
MINYAA OBI A ME NE NO BƐYƐ AKWAMPAE ADWUMA NO DAA
Afe baako akyi no, mihyiaa Alex. Ná odwen nnipa ho, na wayi ne yam resom Yehowa, na na ɔpɛ asɛnka adwuma no paa. Ná ɔyɛ asafo mu somfo, na na wayɛ akwampae adwuma no mfe nsia. Afei nso, na Alex de bere kakra akɔsom wɔ baabi a wohia mmoa wɔ Malawi. Ɔkɔɔ hɔ no, ɔne asɛmpatrɛwfo bi bɔe, na osuaa nneɛma pii fii wɔn hɔ. Wɔhyɛɛ no nkuran sɛ ɔnkɔ so mfa Yehowa nni kan wɔ biribiara mu.
Afe 2003 na me ne Alex waree, na efi saa bere no, yɛakɔ so ayɛ bere nyinaa som adwuma no abesi nnɛ. Yɛasua nneɛma pa pii, na Yehowa ahyira yɛn bebree.
YENYAA NHYIRA PII KAA HO
Mereyɛ asɛnka adwuma no wɔ Gleno, Timor-Leste
Afe 2009 no, asafo ma yɛkɔyɛɛ asɛmpatrɛwfo wɔ Timor-Leste. Ɛyɛ ɔman ketewa bi a ɛka Indonesia nsuano aman no ho. Bere a wɔkaa sɛ yɛnkɔ hɔ no, ɛyɛɛ yɛn nwonwa, yɛn ani gyei, na yɛn yam hyehyee yɛn nso. Abosome nnum akyi no, yekoduu Dili; ɛno ne ɔman no ahenkurow.
Ná ɛhɔ nte sɛ baabi a na yɛwɔ no koraa. Ná ɛsono ɛhɔ amammerɛ, ɛhɔ kasa, ɛhɔ aduan ne ɛhɔ asetena. Enti na ɛsɛ sɛ yesua ne nyinaa. Sɛ yɛkɔ asɛnka a, na yehu sɛ ohia wɔ ɔman no mu; ná nnipa pii nkɔɔ sukuu, na na wɔhyɛ wɔn so. Afei nso ɔko ne basabasa a esii hɔ no nti, na nnipa bebree adi dɛm, na na ebinom nso redi awerɛhow.a
Ná asɛnka adwuma no yɛ dɛ wɔ hɔ paa! Bere bi sei, mihyiaa abaayewa bi a wadi mfe 13. Ne din de Maria.b Ná ne maame wui nkyɛe, na ne papa nso, na ɔntaa nhu no. Ná Maria nhu nea ɔreyɛ wɔ n’abrabɔ mu. Saa na na mmaayewa pii a wɔne no bɔ tipɛn no te. Mekae sɛ da bi, ɔkaa nea na ɛhaw no kyerɛɛ me, na na ɔresu. Nanso mante nea ɔkae no ase, efisɛ saa bere no, na mente kasa no papa. Mebɔɔ mpae srɛɛ Yehowa sɛ ɔmmoa me mma mintumi nhyɛ no nkuran. Mebɔɔ mpae no wiei no, mekenkan kyerɛwnsɛm bi de kyekyee ne werɛ. Nkakrankakra, mfe bi twaam no, mihui sɛ nokware no asesa Maria suban. Afei de, ná osiesie ne ho yiye, na na n’abrabɔ nso asesa. Ɔbɔɔ asu, na seesei ɔno nso ne ebinom sua Bible. Ɛnnɛ, Maria anya abusua kɛse a ɔne wɔn som Yehowa na wahu sɛ ɔwɔ abusua a wɔdɔ no.
Yehowa rehyira asɛnka adwuma no so wɔ Timor-Leste. Adawurubɔfo a ɛwɔ hɔ no, bɛyɛ mfe 10 ni na dodow no ara bɔɔ asu, nanso bebree yɛ akwampaefo, asafo mu asomfo ne asafo mu mpanyimfo. Ebinom nso yɛ adwuma wɔ baabi a wɔkyerɛ kasa ase, na wɔboa ma wɔkyerɛ nhoma ahorow ase kɔ wɔn kurom kasa mu. Bere a mihui sɛ wɔreto nnwom wɔ asafo nhyiam ase no, mehwɛ sɛnea na wɔn ani agye, na wɔrebɔ mmɔden wɔ Yehowa som mu no a, na m’ani agye paa.
Me ne Alex, yɛrekɔ asasesin a wɔmfa nhyɛɛ obiara nsa mu akɔkyekyɛ nkrataa de ato nsa afrɛ nkurɔfo aba nkaedi
YƐN ANI GYEI PAA
Ná Timor-Leste asetena nte sɛ Australia koraa, nanso yɛn ani gyei paa wɔ Timor-Leste. Sɛ yɛrekɔfa kar a, ɛtɔ da a wo ara wuhu sɛ kar no ayɛ ma, nso na wɔde yɛn awura mu bi. Yɛreka yi nso, na nsunam a wɔahow ne atosode a wɔakɔtɔ afi gua so bebree nso gu kar no mu. Da bi wɔ hɔ a, ofie ketewa bi mu na na yɛne obi sua ade. Ná ɛhɔ yɛ hyew paa, enti na mfifiri tew yɛn. Afei nso, na fam hɔ yɛ dɔte, na wonguu hɔ semɛnte; sɛ́ nkokɔ nenam hɔ ara ni. Ɔhaw yi nyinaa akyi no, na metaa ka sɛ, ‘Adwuma na ɛyɛ dɛ sei!’
Yɛnam kwan so rekɔyɛ asɛnka adwuma no
Sɛ mehwɛ m’akyi a, meda m’awofo ase paa sɛ wɔyɛɛ nea wobetumi nyinaa kyerɛkyerɛɛ me Yehowa akwan na wɔboaa me. Bere a meyɛ abaayewa a na menyere me ho nsom Yehowa no mpo, wɔboaa me. Mehwɛ m’abrabɔ mu a, mihu sɛ asɛm a ɛwɔ Mmebusɛm 22:6 no yɛ nokware paa. Me ne Alex nyinaa, me maame ne me papa nni yɛn ho agorɔ. Ɛyɛ wɔn dɛ sɛ Yehowa de yɛn reyɛ adwuma wɔ ne som mu. Yɛayɛ ɔmansin adwuma no fi afe 2016 abesi saa bere yi, na yɛhyɛ Australasia baa dwumadibea no ase.
Mereyi Caleb ne Sophia video no bi akyerɛ Timorfo mmofra bi; wɔn ani agye
Sɛ mekae sɛ bere bi na asɛnka adwuma no yɛ me den a, na ɛyɛ me nwonwa paa. Seesei m’ani gye asɛnka ho paa! Mabehu sɛ, nea ɛbɛto yɛn wɔ abrabɔ mu biara no, sɛ yɛde yɛn koma nyinaa som Onyankopɔn a, ɛno nko ara na ɛbɛma yɛn ani agye paa. Anokwa, mfe 18 a me ne Alex de asom Yehowa no, ɛno ne bere a m’ani agye paa wɔ m’abrabɔ mu. Seesei mahu sɛ, asɛm a odwontofo Dawid ka kyerɛɛ Yehowa no yɛ nokware. Ɔkaa sɛ: “Wɔn a woguan toa wo no de, wɔn nyinaa bedi ahurusi. . . . Na wɔn a wɔdɔ wo din bedi wo mu ahurusi.”—Dw. 5:11.
Wo ne nnipa a wɔbrɛ wɔn ho ase saa sua Bible a, ɛyɛ anigye sɛ!
a Fahodi a na Timor-Leste man no rehwehwɛ nti, ɔko kɔɔ so wɔ hɔ mfe 20. Efii ase afe 1975.
b Wɔasesa din no.