Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp22 nɔma 1 kr. 6-7
  • 1 | Nyɛ Nyiyim

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 1 | Nyɛ Nyiyim
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Afotusɛm:
  • Nea Ɛkyerɛ:
  • Nea Wubetumi Ayɛ:
  • Tito—‘Yɔnko Dwumayɛfo Ma Mo Yiyedi’
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1998
  • 3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Sɛnea Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Yehowa “Nhwɛ Nnipa Anim”
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2013
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
wp22 nɔma 1 kr. 6-7
Ɔbarima bi a ɔyɛ bibini kura buroni bi a ɔreserew mfoni, na buroni bi nso kura bibini bi a ɔreserew mfoni. Ebinom a wɔaka wɔn anim asi so nso mfoni gu hɔ.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

1 | Nyɛ Nyiyim

Bible Afotusɛm:

“Onyankopɔn nyiyi nnipa mu, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ nea ɛteɛ no, ogye no tom.”—ASOMAFO NNWUMA 10:34, 35.

Nea Ɛkyerɛ:

Yehowaa Nyankopɔn nhwɛ ɔman a obi fi mu, sɛ́ ɔyɛ bibini anaa buroni, anaa n’amammerɛ; ɔne nnipa nyinaa di no pɛ. Nea ehia no paa ne nea ɛwɔ yɛn komam. Bible ma yehu sɛ, “onipa dasani hwɛ nea etua aniwa, na Yehowa de, ɔhwɛ komam.”—1 Samuel 16:7.

Nea Wubetumi Ayɛ:

Ɛwom yɛrentumi nhu nea ɛwɔ obi komam, nanso yebetumi asuasua Yehowa na yɛabɔ mmɔden sɛ yɛrenyiyi nnipa mu. Obiara a wubehyia no no, bɔ mmɔden sɛ wubenya ne ho adwempa. Nhwɛ baabi a ofi, sɛnea ɔte, anaa kasa a ɔka so ne no nni. Sɛ wuhu sɛ ɔman a obi fi mu, kasa a ɔka, anaa biribi foforo nti woreyɛ anya ne ho adwemmɔne a, bɔ Onyankopɔn mpae na srɛ no sɛ ɔmmoa wo na yi saa adwene no fi wo tirim. (Dwom 139:23, 24) Sɛ wufi wo koma nyinaa mu srɛ Onyankopɔn sɛ ɔmmoa wo sɛnea ɛbɛyɛ a worenyinyi nnipa mu a, ɔbɛboa wo dodo.—1 Petro 3:12.

a Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

“Paa sɛ me ne buroni bɛtena ase a obiara nka ne yɔnko de, na ebi nsii da . . . Abusua a mabɛka ho no, emufo dodɔ wɔn ho paa.”—TITUS

Asɛm a Esii Ankasa​—TITUS

Otumi Dii Ɔtan So Nkonim

Titus.

Ɔman a na Titus te mu no, na aban no ahyehyɛ mmara bi a ɛma nnipa mu nyiyim kɔ so paa, na na ne bo nnwo so. Wei nti ɔkɔdɔm kuw bi a na wɔn nso ani nnye nea aban no reyɛ no ho. Ná wɔpɛ basabasayɛ, na na wodi atuturasɛm. Ɔkaa sɛ: “Mmeae bi wɔ hɔ a, na wɔmma kwan sɛ abibifo bɛkɔ hɔ. Ebi ne hotels ne mmeae a nkurɔfo kɔ kɔnom nsã. Enti nea na yɛyɛ ne sɛ, ɛtɔ da a, yɛhyɛ da bɔ wura hɔ kɔka ntɔkwaw.” Titus ankasa gye toom sɛ na ɔtan adidi ne mu. Ɔkaa sɛ: “Gye sɛ me ne obi annya akasakasa, sɛ́ ɔyɛ ɔbarima oo, sɛ́ ɔyɛ ɔbea oo, ɛreyɛ ara ni na mato twɛre.”

Bere a Titus fii ase ne Yehowa Adansefo suaa Bible no, ofii ase sesaa n’abrabɔ. Bible a ɔresua no nyaa ne so tumi paa. Ade baako a ɛkaa no paa ne bɔhyɛ a ɛka sɛ, bere bi bɛba a “owu nni hɔ bio, na awerɛhow ne osu ne yaw nso nni hɔ bio” no.—Adiyisɛm 21:3, 4.

Kan no, na ɛyɛ den ma Titus sɛ obeyi ɔtan afi ne mu. Ɔno ara too n’anom tuo sɛ: “Ná ɛyɛ den sɛ mɛsesa adwene a mewɔ ne sɛnea meyɛ m’ade.” Nanso bere a ɔkenkan asɛm a ɛwɔ Asomafo Nnwuma 10:34, 35 a ɛka sɛ Onyankopɔn nyiyi nnipa mu no, ɛkaa ne koma paa.

Ekosii sɛn? Titus se: “Mibehuu sɛ Yehowa Adansefo dodɔ wɔn ho paa. Ná wɔnhwɛ sɛ wei yɛ oburoni anaa obibini. Ɛno ma mihuu sɛ wɔn som no na ɛyɛ nokware. Ansa na merebɛbɔ asu mpo no, onua baako a ɔyɛ buroni too nsa frɛɛ me sɛ memmra ne fie na me ne no nto nsa nnidi. Ná ɛyɛ me sɛ nea mereso dae no. Efisɛ paa sɛ me ne buroni bɛtena ase a obiara nka ne yɔnko de, na ebi nsii da, na kampɛsɛ makodidi wɔ ne fie. Ɛmaa mihuu sɛ, abusua a mabɛka ho no, emufo dodɔ wɔn ho paa.”

Sɛ wopɛ sɛ wuhu Titus ho nsɛm pii a, hwɛ August 1, 2009 Ɔwɛn-Aban a ɛwɔ Borɔfo kasa mu no, kratafa 28-29.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena