Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp22 nɔma 1 kr. 10-11
  • 3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Afotusɛm:
  • Nea Ɛkyerɛ:
  • Nea Wubetumi Ayɛ:
  • Stefano—“Adom Ne Tumi Ayɛ No Ma”
    ‘Di Onyankopɔn Ahenni Ho Adanse Fefeefe’
  • Wosiw Stefano Abo
    Me Nhoma a Ɛka Bible Mu Nsɛm
  • Sɛnea Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Anidaso Wɔ Hɔ Ma Wɔn A Wɔtan Wɔn!
    Nyan!—1984
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
wp22 nɔma 1 kr. 10-11
Ɔbarima bi a ɔyɛ buroni retwa ho mfoni sɛ ɔrekyia ɔbarima foforo a ɔyɛ bibini. Wɔn sunsuma a ɛda hɔ no ma yehu sɛ, kan no na wɔn ani nhyia koraa.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

3 | Yi Ɔtan Fi W’akomam

Bible Afotusɛm:

“Monsesa mo adwene mfa nyɛ mo ho foforo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubehu nea Onyankopɔn pɛ, a eye, na ɛsɔ ani, na edi mu no.”—ROMAFO 12:2.

Nea Ɛkyerɛ:

Nneɛma a yedwen ho no ho hia Onyankopɔn. (Yeremia 17:10) Ɛwom, ɛnsɛ sɛ yɛyɛ biribi anaa yɛka biribi a ɛkyerɛ sɛ yɛtan afoforo. Nanso ɛnyɛ ɛno nko, ɛsɛ sɛ yɛyɛ biribi foforo ka ho. Ade baako a ɛsɛ sɛ yɛkae ne sɛ, ɔtan fi ase wɔ adwene ne koma no mu. Ɛno nti, sɛ yehu sɛ ɔtan afi ase refifi wɔ yɛn adwene anaa yɛn koma mu a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ ntɛm tu ase. Ɛba saa a, ɛkyerɛ sɛ ‘yɛresesa yɛn adwene,’ na yɛpɛ sɛ yedi ɔtan so nkonim.

Nea Wubetumi Ayɛ:

Wo ara tena ase na bisa wo ho sɛ, ‘Sɛn na mihu afoforo, titiriw wɔn a ɛsono baabi a wofi ne kasa a wɔka no? Minim wɔn yiye paa? Anaa nea matete afa wɔn ho ama manya wɔn ho adwene a ɛmfata?’ Ade baako a ɛbɛboa wo ne sɛ, nsɛm a ɛnenam sohyia midia so, sini, ne biribi foforo biara a awudisɛm wom anaa ebetumi ama woanya afoforo ho tan no, twe wo ho fi ho.

Onyankopɔn Asɛm betumi aboa yɛn ma yɛatutu ɔtan ase afi yɛn koma ne yɛn adwene mu

Ɛtɔ da a, ɛyɛ den sɛ yɛn ara yɛbɛtena ase asese ahu sɛ biribi nkɔ yiye wɔ yɛn ho. Nanso ɛhɔ na Onyankopɔn Asɛm Bible no ba mu no. Ebetumi aboa yɛn ama yɛahu yɛn “komam adwene ne emu nsusuwii.” (Hebrifo 4:12) Enti kɔ so ara sua Bible no. Ɛyɛ a bisa wo ho sɛ, nea woresua no, sɛ wode toto adwene a wowɔ no ho a, ɛte sɛn. Bɔ mmɔden sɛ wode nea woresua no bɛteɛteɛ adwene biara a ɛmfata a wowɔ no. Sɛ ɔtan agye ntini anaa “ase atim denneennen” wɔ yɛn koma ne yɛn adwene mu a, Onyankopɔn Asɛm no betumi aboa yɛn ama yɛatu ase.—2 Korintofo 10:4, 5.

Asɛm a Esii Ankasa​—STEPHEN

Ɔsesaa N’adwene

Stephen.

Stephen ne n’abusua faa ateetee mu, na wohuu amane wɔ aborɔfo nsam. Ɛno nti, n’ani begyee amanyɔkuw bi a na wɔde anuɔden pere hwehwɛ amanfo yiyedi ho. Eduu baabi no, ɔno nso fii ase de ne ho hyɛɛ basabasayɛ ne nsɛmmɔnedi mu. Ɔkaa sɛ: “Bere bi, me ne me nnamfo kɔhwɛɛ sini. Ná sini no fa ayayade a wɔde yɛɛ nkoa a wɔde wɔn firi Afrika baa United States no ho. Aninyanne a wɔde yɛɛ wɔn no hyɛɛ yɛn abufuw, enti ɛhɔ ara na yɛto hyɛɛ aborɔfo nkwadaa a na yɛne wɔn rehwɛ sini no so. Yɛamma no anso hɔ ara; yɛkɔɔ baabi a aborɔfo te kɔhwehwɛɛ nkurɔfo hwee wɔn.”

Bere a Stephen fii ase sɛ ɔne Yehowa Adansefo resua Bible no, aborɔfo ho adwene a ɔwɔ no sesae koraa. Ɔkaa sɛ: “Esiane sɛ nnipa mu nyiyim abu so nti, nea mihuu wɔ Adansefo no ho no yɛɛ me nwonwa. Nhwɛso bi ni: Bere bi, na buroni bi a ɔyɛ Ɔdansefo retu kwan akɔ amannɔne. Ɔde ne mma kogyaa abusua bi a wɔyɛ abibifo. Afei nso, bere bi na aberante bi a ɔyɛ bibini repɛ baabi atena. Ɛno nso, abusua bi a wɔyɛ aborɔfo gyee no tenaa wɔn fie.” Saa nneɛma yi maa Stephen behuu sɛ Yehowa Adansefo ne Yesu akyidifo ankasa, efisɛ wɔdodɔ wɔn ho.—Yohane 13:35.

Dɛn na ɛboaa Stephen ma ɔsesae, na ogyaee nsɛmmɔne a na odi no? Kyerɛwsɛm a ɛwɔ Romafo 12:2 boaa no. Ɔse: “Mibehuu sɛ ɛho hia sɛ mesesa m’adwene. Ná ɛsɛ sɛ mesesa m’adwene na afei meyɛ nneɛma a ɛde asomdwoe ba, efisɛ ɛno na na ɛbɛma asi me yiye.” Seesei Stephen adi ɔtan so nkonim, na bɛboro mfe 40 ni, watete ne ho afi ɔtan ho.

Sɛ wopɛ sɛ wuhu Stephen ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban July 1, 2015, kratafa 10-11.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena