Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • wp22 nɔma 1 kr. 8-9
  • 2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua Ka

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • 2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua Ka
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
  • Nsɛmti Nketewa
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Bible Afotusɛm:
  • Nea Ɛkyerɛ:
  • Nea Wubetumi Ayɛ:
  • Bere a Obi Ayɛ Wo Bɔne
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2009
  • Ná Nsɛm Haw Me, na na Midi Atuturasɛm
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2016
  • So Aweredi Yɛ Mfomso?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1991
  • Yebetumi Adi Ɔtan So Nkonim!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Ɔmanfo De)—2022
wp22 nɔma 1 kr. 8-9
Mmarima mmienu bi a wɔn bo afuw te dua bi mman so. Wɔn mu biara retwa dua no mman a ɔte so no afi dua no ho.

SƐNEA YEBETUMI ADI ƆTAN SO NKONIM

2 | Sɛ Obi Ne Wo Anni No Yiye a, Nyɛ Bi Ntua Ka

Bible Afotusɛm:

“Mommfa bɔne nntua obiara bɔne so ka. . . . Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mo fam de, monyɛ nea mubetumi biara ne nnipa nyinaa ntena asomdwoe mu. . . . Munntua bɔne so ka, . . . efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘“Me na mitua bɔne so ka; me ara metua ka,” Yehowa na waka.’”—ROMAFO 12:17-19.

Nea Ɛkyerɛ:

Sɛ obi yɛ yɛn bɔne na sɛ yɛn bo fuw a, ntease wom, nanso Onyankopɔn nhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ no bi atua ka. Mmom no, ɔpɛ sɛ yɛto yɛn bo ase, na yegyaw biribiara ma no. Bere pa mu no, ɔde yiye bɛto yiye.—Dwom 37:7, 10.

Nea Wubetumi Ayɛ:

Sɛ obi yɛ yɛn biribi na yɛyɛ no bi tua ka a, na yɛresosɔ gya gu mu. Ɛba saa a, na ɔtan no yɛ ara na ɛreyɛ kɛse. Wei nti, sɛ obi fom wo anaa ɔyɛ biribi ma ɛyɛ wo yaw a, bɔ mmɔden sɛ wobɛhyɛ wo ho so, na hwehwɛ asomdwoe. Mpɛn pii no, sɛ wugyaa nsɛm mu, na woma asɛm de n’asɛm kɔ a, ɛyɛ a ɛyaw no ntaa nyɛ kɛse. (Mmebusɛm 19:11) Nanso yɛmfa no sɛ obi adi wo bɔne, ebia wabɔ wo korɔno anaa biribi saa. Ɛba saa a, wubetumi aka ho asɛm akyerɛ apolisifo anaa wɔn a ɛsɛ sɛ wɔte.

Sɛ obi yɛ yɛn biribi na yɛyɛ no bi tua ka a, ɛremfa mfaso biara mmrɛ yɛn

Yɛmfa no sɛ asɛm a aba no, asɛ wunhu kwan a wobɛfa so asiesie. Anaa woayɛ nea wubetumi biara sɛ wubesiesie ama asomdwoe aba, nanso anyɛ yiye. Ɛba saa a, dɛn na wobɛyɛ? Sɛnea ɛte biara, nyɛ bi ntua ka. Anyɛ saa a, ebetumi ama nneɛma agye nsam. Sɛ yɛanyɛ bi antua ka a, ɔtan a asɔ sɛ gya no, yebedum no, na ɛrentrɛw. Nya awerɛhyem sɛ bere a ɛsɛ mu no, Onyankopɔn bedi w’asɛm ama wo, na obesiesie ntɛnkyea biara. Bible ka sɛ, “Fa wo ho to no so, na obeso wo mu.”—Dwom 37:3-5.

Asɛm a Esii Ankasa​—ADRIÁN

Obehui Sɛ Obi Yɛ No Ade a, Ɛnsɛ Sɛ Ɔyɛ No Bi Tua Ka

Adrián.

Bere a Adrián nnya nnii mfe dunsia mpo no, na ɔyɛ obi a abufuw ahyɛ no mã, na na odi atuturasɛm. Gye sɛ obi anyɛ no biribi, ɔno nso bɛyɛ no bi atua ka. Ɔkaa sɛ: “Ná metaa ne nkurɔfo de si ani toto atuo, na mpɛn pii no, wubehu no na meda abɔnten a mogya repram me.”

Bere a Adrián dii mfe 16 no, ofii ase suaa Bible. Ɔkaa sɛ: “Bere a merenya nkɔso wɔ Bible adesua mu no, mibehui sɛ, ɛsɛ sɛ meyɛ nsakrae wɔ m’abrabɔ mu.” Ɔtan a na adidi ne mu no, ohui sɛ ɛsɛ sɛ otu ase na ogyae atuturasɛm a na odi no. Kyerɛwsɛm baako a ɛkaa ne koma paa ne Romafo 12:17-19. Ɛhɔ ma ohuu sɛ, sɛ obi yɛ no bɔne a, ɛnsɛ sɛ ɔyɛ no bi tua ka. Adrian kaa sɛ: “Mibehui sɛ, Yehowa beyi asisisɛm nyinaa afi hɔ. Nkakrankakra, atuturasɛm a na ɛwɔ m’ani so no tu yerae.”

Dakoro anwummere bi, mmerante bi a kan no na Adrián ne wɔn ani nhyia koraa tow hyɛɛ ne so. Nea odi mmerante no anim no ka kyerɛɛ Adrian sɛ: “Sɛ woyɛ barima a, tow me bi!” Adrián se: “Ná anka mepɛ sɛ me ne wɔn de si ani.” Nanso wanyɛ saa, mmom ɔbɔɔ mpae tiawa, na ofii hɔ kɔe.

Ɔkaa sɛ: “Ade kyee no, mihyiaa nea na odi nsɛmmɔnedifo no anim no. Biribi bɛhyɛɛ me bo ma anka mereyɛ ahwe no atew me ka, nanso mebɔɔ mpae wɔ me tirim sɛ Yehowa mmoa me ma menhyɛ me ho so. Ɛyɛɛ me nwonwa paa sɛ ɔbaa me nkyɛn bɛkaa sɛ: ‘Nea esii no, fa kyɛ me. Nokwasɛm ne sɛ mepɛ sɛ meyɛ sɛ wo na misua Bible.’ M’ani gyee paa sɛ mitumi dii m’abufuw so! Efi saa bere no, yefii ase suaa Bible.”

Sɛ wopɛ sɛ wuhu Adrian ho nsɛm pii a, hwɛ Ɔwɛn-Aban No. 5 2016, kratafa 14-15.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena