Sɛnea yɛte nka no, sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae a, bere biara na ɛboa yɛn anaa?
Papa Ne Bɔne: Nea Ebinom Hwɛ Ho Si Gyinae
Nneɛma bi wɔ hɔ a, obiara gye tom sɛ eye, nneɛma bi nso wɔ hɔ a, obiara gye tom sɛ enye. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, nnipa pii gye tom sɛ, awudi, mmonnaato, ne mmofra a wɔfeefee wɔn yɛ bɔne, nanso sɛ obi ne nkurɔfo di no yiye, ne yam ye, na ne yam hyehye no ma afoforo de a, nkurɔfo pɛ n’asɛm. Nneɛma foforo a yɛyɛ wɔ asetena mu nso ɛ? Sɛ ɛba nneɛma bi te sɛ ɔbarima ne ɔbea nna, nokwaredi, ne abatete de a, nnipa pii ka sɛ, worentumi nka sɛ wei na ɛyɛ papa anaa wei na ɛyɛ bɔne. Wɔsusuw sɛ, nea wopɛ biara wubetumi ayɛ. Sɛ nkurɔfo resi biribi ho gyinae a, ɛyɛ a wɔtaa hwɛ sɛnea wɔte nka wɔ ho anaa sɛnea afoforo te nka wɔ ho na wɔasi gyinae no. Wohwɛ a ɛno yɛ kwampa anaa?
SƐNEA YƐTE NKA
Anammɔn biara a yetu no, yɛn adwene tumi kyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne. Ɛno ara nso na yɛfrɛ no ahonim anaa tiboa no. (Romafo 2:14, 15) Mmofra nketewa mpo, wusisi wɔn a wɔtumi hu, na wɔyɛ ade a enye nso a, wɔhu sɛ wɔanyɛ no yiye. Bere a yɛrenyin no, nneɛma a yɛn abusuafo, yɛn atipɛnfo, yɛn atikyafo, wɔn a yɛne wɔn te mpɔtam, ɔsom a yɛwom, ne yɛn amammerɛ kyerɛ yɛn sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no, ɛno ara na yɛn nso yɛfa. Sɛ yɛresi gyinae a, yɛn ahonim hwɛ nea yɛpɛ sɛ yɛyɛ no, na ɛde atoto nea yɛabegye atom sɛ ɛyɛ papa anaa bɔne no ho, na akyerɛ yɛn nea yɛnyɛ.
Yɛn ahonim tumi ka yɛn ma yenya tema ma nkurɔfo, yɛkyerɛ nneɛma ho anisɔ, yɛne obiara di no yiye, na ɛma yehu nkurɔfo mmɔbɔ. Ebetumi nso aboa yɛn na yɛanyɛ biribi a ebepira yɛn adɔfo, biribi a ɛde animguase bɛbrɛ yɛn, anaa biribi a ɛbɛma yɛanu yɛn ho.
Sɛnea yɛte nka no, sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae a, bere biara na ɛboa yɛn anaa? Garrick ka sɛ bere a na ɔyɛ aberante no, na ɔbɔ ne bra sɛnea ɔpɛ biara. Akyiri yi, obehui sɛ bere a ɔyɛɛ nea ɔte nka sɛ eye no, ansi no yiye. Ɔde ne ho kɔhyɛɛ bra bi mu, na ɔno ara ka sɛ, “abrabɔ a ɛte saa no de me kowiee aguamammɔ, nnubɔnenom, ɛne nsawe mu, na aturuturasɛm de, yɛnka.”
SƐNEA AFOFORO TE NKA
Ɛnyɛ sɛnea yɛte nka nko ara na yegyina so sisi gyinae, mmom sɛnea afoforo nso te nka wɔ gyinae no ho no, ɛyɛ a yɛtaa dwen ɛno nso ho. Ɛno tumi boa yɛn ma yenya afoforo suahu ne wɔn nyansa so mfaso. Sɛ yɛyɛ nea yɛn abusuafo, yɛn nnamfo, ne wɔn a yɛne wɔn te yɛn mpɔtam no te nka sɛ eye a, ɛma wɔnya obu ma yɛn.
Sɛnea afoforo te nka no, sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae a, bere biara na ɛboa yɛn anaa? Bere a Priscila yɛ ababaawa a ɔnwaree no, na ɔtaa bɔ aguaman, efisɛ ɛno ara na na ne nnamfonom yɛ. Nanso obehui sɛ, bere a ɔyɛɛ nea afoforo te nka sɛ eye no, amma n’ani annye. Ɔkaa sɛ: “Bere a meyɛɛ nea obiara reyɛ no bi no, ammoa me. Ɛma meyeyɛɛ nneɛma bi a nyansa nnim na ɛyɛ hu.”
ƆKWAMPA BI WƆ HƆ ANAA?
Sɛ yɛresi papa ne bɔne ho gyinae a, sɛnea yɛte nka ne sɛnea afoforo te nka ho hia. Nanso ɛno nko ara rentumi mmoa yɛn. Sɛ yɛhwɛ sɛnea yɛte nka nko ara ho de si gyinae a, ɔhaw a ebetumi akɔfa abrɛ yɛn anaa afoforo no, anhwɛ a na yɛanhu. (Mmebusɛm 14:12) Bio nso, dɛn na ɛkyerɛ sɛ papa ne bɔne ho adwene a yɛwɔ ne nea nkurɔfo wɔ no, ɔkyena bi ɛrensesa? Yɛreka yi mpo, suban bi a kan na obiara bu no sɛ enye no, ɛnnɛ nkurɔfo gye tom, ɛnna nea kan no na nkurɔfo gye tom no, ɛnnɛ wɔnnye ntom.
Sɛnea afoforo te nka no, sɛ yɛhwɛ ho sisi gyinae a, bere biara na ɛboa yɛn anaa?
Ɔkwampa bi wɔ hɔ a yebetumi afa so asisi papa ne bɔne ho gyinae anaa? Abrabɔ ho akwankyerɛ bi wɔ hɔ a sɛ yedi akyi a daakye bi yɛrennu yɛn ho anaa?
Anigyesɛm ne sɛ, akwankyerɛ bi wɔ hɔ a entwam da. Ɛno de, sɛ woyɛ hwan oo, wufi he oo, wode yɛ adwuma a, ɛboa bere nyinaa. Asɛm a edi hɔ no bɛboa yɛn ama yɛahu baabi a yebenya akwankyerɛ a edi mu de asisi papa ne bɔne ho gyinae.