Ɔwɛn-Aban INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Ɔwɛn-Aban
INTANƐT SO NHOMAKORABEA
Twi
?
  • ã
  • á
  • ẽ
  • é
  • ɛ
  • ɛ̃
  • ĩ
  • õ
  • ɔ
  • ũ
  • Ã
  • Á
  • Ẽ
  • É
  • Ɛ
  • Ɛ̃
  • Ĩ
  • Õ
  • Ɔ
  • Ũ
  • BIBLE
  • NHOMA
  • ASAFO NHYIAM
  • w24 October kr. 30
  • So Wunim?

Nea woapaw yi, video biara nni ho.

Yɛsrɛ wo, video no antumi ammɔ.

  • So Wunim?
  • Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
  • Nsɛm a Ɛne No Di Nsɛ
  • Nnwom​—So Ebetumi Ayɛ Nea Ɛsɛe Ade?
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1983
  • Nnwom a Ɛsɔ Onyankopɔn Ani
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—2000
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom A Ɛsɛe Ɔbra Pa Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1984
  • Hwɛ Yiye Wɔ Nnwom a Ɛmfata Ho!
    Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ—1993
Hwɛ Pii Ka Ho
Ɔwɛn-Aban Ɛka Yehowa Ahenni Kyerɛ (Nea Adesua Nsɛm Wom)—2024
w24 October kr. 30
Israelfo nnwontofo rehyɛn torobɛnto, wɔrebɔ asanku, na wɔfi wɔn komam reto dwom de ayi Yehowa ayɛ.

So Wunim?

Yɛyɛ Dɛn Hu Sɛ Na Nnwom Di Akoten Wɔ Tete Israelfo Amammerɛ Mu?

NÁ NNWOM di akoten paa wɔ tete Israelfo amammerɛ mu. Bible taa ka sankudwom ne nea nnwontofo to ho asɛm. Nokwasɛm ne sɛ, wokyɛ Bible no mu du a, emu baako yɛ nnwom. Ebi ne Nnwom nhoma no, Solomon Dwom, ne Kwadwom. Enti nhoma bi a yɛato din Music in Biblical Life ka sɛ, Bible “ma yehu pefee sɛ, nneɛma a na Israelfo no yɛ wɔ wɔn da biara da asetenam no, pii wɔ hɔ a, wɔreyɛ nyinaa na nnwom nam mu.”

Ná nnwom di akoten wɔ wɔn da biara da asetenam. Nnwom a na Israelfo no bɔ no, na etumi ma wuhu sɛ wɔwɔ anigye mu anaa awerɛhow mu. (Yes. 30:29) Sɛ wɔresi obi hene, wɔredi afahyɛ, anaa wɔdi nkonim wɔ ɔko mu a, na mmea no bɔ mpintin de anigye to dwom di asaw. (Atem. 11:34; 1 Sam. 18:​6, 7; 1 Ahe. 1:​39, 40) Sɛ obi wu nso a, na Israelfo no to awerɛhow nnwom. (2 Be. 35:25) Ɛnyɛ nwanwa sɛ McClintock ne Strong Cyclopedia nhoma no ka sɛ, “na Israelfo no nkɔ nnyaw nnwom koraa.”

Ná wɔbɔ nnwom wɔ ahemfie. Ná Israel ahemfo no ani gye nnwom ho. Ɔhene Saul frɛɛ Dawid sɛ ɔmmɛbɔ nnwom mma no wɔ n’ahemfie. (1 Sam. 16:​18, 23) Bere a Dawid ankasa bɛyɛɛ ɔhene no, ɔyɛɛ nneɛma a wɔde bɔ nnwom, ɔhyehyɛɛ nnwom a ɛyɛ dɛ, na ɔboaboaa nnwontofo ano ma akyiri yi wɔbɔɔ nnwom wɔ Yehowa asɔrefie. (2 Be. 7:6; Amos 6:5) Ná Ɔhene Solomon wɔ mmarima ne mmea nnwontofo wɔ n’ahemfie.—Ɔsɛnk. 2:8.

Ná Israelfo nkɔ nnyaw nnwom wɔ wɔn som mu. Ná wɔto nnwom yi Yehowa ayɛ. Nea ɛwom ne sɛ, na nnwontofo 4,000 na wɔde nnwonto nneɛma yi Yehowa ayɛ wɔ Yerusalem asɔrefie hɔ. (1 Be. 23:5) Wɔbɔɔ nnawuru, asanku, asankuten, na na wɔhyɛn ntorobɛnto. (2 Be. 5:12) Nanso, ɛnyɛ saa nnwontofo yi nko ara na wɔde nnwom yii Yehowa ayɛ wɔ wɔn som mu. Ɛda adi sɛ, sɛ Israelfo no rekɔ Yerusalem akodi afe afe afahyɛ no a, na wɔn mu pii to Dwom a Wɔde Foro Bepɔw No. (Dw. 120–134) Nhoma ahorow a tete Yudafo kyerɛwee no nso ma yehu sɛ, sɛ Israelfo no redi Twam afahyɛ no a, na wɔto Hallel Nnwoma no.

Ɛnnɛ ne nnɛ nyinaa, nnwonto ho hia Onyankopɔn asomfo paa. (Yak. 5:13) Yɛto nnwom yi Yehowa ayɛ. (Efe. 5:19) Sɛ yɛne yɛn nuanom Kristofo bom to nnwom a, ɛka yɛn bom. (Kol. 3:16) Afei nso, sɛ yɛrehyia ɔhaw bi a, nnwom tumi hyɛ yɛn den. (Aso. 16:25) Nnwonto yɛ ɔkwan baako a yɛfa so kyerɛ sɛ yɛwɔ Yehowa mu gyidi na yɛdɔ no.

a Nnwom 113 kosi 118 na na Yudafo frɛ no Hallel Nnwom no, na na wɔto de yi Yehowa ayɛ.

    Twi Nhoma Ahorow (1980-2025)
    Fi Mu
    Kɔ Mu
    • Twi
    • Fa Mena
    • Yɛ Nsakrae a Wopɛ Wɔ Ha
    • Copyright © 2025 Watch Tower Bible and Tract Society of Pennsylvania
    • Wɛbsaet No Ho Nhyehyɛe
    • Sɛnea Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • Kyerɛ Sɛnea Wopɛ Sɛ Yɛde Wo Ho Nsɛm Di Dwuma
    • JW.ORG
    • Kɔ Mu
    Fa Mena