Nsunsuanso Bɔne a Ɔko De Ba
Biribiara nni hɔ a ɛma nnipa di amia wɔ asaase so te sɛ ɔko. Asogyafo ne temanmufo a wɔahu ɔko pɛn no, wɔn paa na wɔnim nsunsuanso bɔne a ɔko de ba.
ASOGYAFO
“Sɛ wokɔ ɔko a, ɛyɛ a nea wode w’ani hu no ani yɛ nyan; ebi repirapira na ebi nso rewuwu. Da biara wowɔ hɔ a, na wo yam hyehye wo sɛ biribi rebesi.”—Gary a ɔwɔ Britain.
“Nkurɔfo totow atuo maa ebi bɔɔ m’anim ne m’akyi. Mihui sɛ wɔakunkum nnipa pii; ebi yɛ mmofra ɛnna ebi nso yɛ mpanyimfo. Sɛ wotaa hu ɔko a, ebedu baabi no, na nnipa asɛm nyɛ wo mmɔbɔ bio.—Wilmar a ɔwɔ Colombia.
“Sɛ wode w’ani hu sɛ wɔabɔ obi tuo a, wo werɛ remfi da; ebegyinagyina w’ani so saa ara. Da biara na wokae.”—Zafirah a ɔwɔ United States.
TEMANMUFO
“Ná mete nka sɛ m’ani rentumi nnye bio. Wowɔ hɔ a, na wusuro sɛ anhwɛ a, wo anaa wo ho nnipa bi nkwa befi ne nsa.”—Oleksandra a ɔwɔ Ukraine.
“Yetumi to santen fi anɔpa nnɔn 2 kosi anadwo 11 sɛ yɛrekɔpɛ aduan. Wugyina santen no mu nso a, ehu nko ara, efisɛ anhwɛ a na tuo bi afom abɛbɔ wo.”—Daler a ɔwɔ Tajikistan.
“Ɔko nti, mayɛ agyanka. Minni papa anaa maame a ɔbɛboa me anaa ɔbɛkyekye me werɛ.”—Marie a ɔwɔ Rwanda.
Wɔn a wɔn anom asɛm wɔ ha yi, ɛwom, ɔko ama wɔadi amia paa, nanso seesei wɔwɔ asomdwoe. Afei nso, wɔwɔ awerɛhyem sɛ ɛrenkyɛ ɔko nyinaa to betwa. Ɔwɛn-Aban yi bɛma yɛahu nea Bible aka a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm no bɛba mu.