ADESUA ASƐM 25
DWOM 96 Onyankopɔn Asɛm Yɛ Akorade
Nkɔm a Yakob Hyɛe Ansa Na Ɔrewu No, Nea Yebetumi Asua Afi Mu—Ɔfã 2
“Nea ɛfata obiara na ɔde hyiraa no.”—GEN. 49:28.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Yakob rebewu no, nkɔm a ɔhyɛ faa ne mma mmarima baawɔtwe a aka no ho no, nea yebetumi asua afi mu.
1. Yakob rebewu no, nkɔm a ɔhyɛe no, ne fã bɛn na yɛrebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
YAKOB mma mmarima abetwa ne ho ahyia, na wɔn nyinaa ayɛ aso retie sɛnea obehyira wɔn mu biara. Sɛnea yehui wɔ adesua a edi wei anim mu no, nsɛm a Yakob ka kyerɛɛ Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda no, ɛbɛyɛ sɛ ɛmaa ne mma no nyinaa ho dwiriw wɔn. Enti, nea na ɔrebɛka afa ne mma mmarima nwɔtwe a aka no ho no, ɛbɛyɛ sɛ na wɔn nyinaa redwen ho. Nsɛm a ɔka kyerɛɛ Sebulon, Isakar, Dan, Gad, Aser, Naftali, Yosef, ne Benyamin no, momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi mu.a
SEBULON
2. Nhyira bɛn na Sebulon nyae, na sɛn na ɛbaa mu? (Genesis 49:13) (Hwɛ adaka no nso.)
2 Kenkan Genesis 49:13. Yakob kaa sɛ Sebulon asefo bɛtena mpoano wɔ Bɔhyɛ Asaase no atifi. Bɛboro mfe 200 akyi no, Sebulonfo no nsa kaa asaase a na wɔbɛtena so no. Ná saa asaase no da Galilea Po ne Mediterranea Po no ntam. Mose hyɛɛ nkɔm sɛ: “O Sebulon, ma w’ani nnye w’akwantu mu.” (Deut. 33:18) Ɛbɛyɛ sɛ esiane sɛ na wɔn asaase no da ɛpo mmienu ntam nti na ɔka saa, efisɛ na ɛbɛyɛ mmerɛw ama wɔn sɛ wɔne afoforo bedi gua. Sɛnea ɛte biara no, na Sebulon asefo no ani betumi agye.
3. Dɛn na ɛbɛboa yɛn ma yɛn ani asɔ nea yɛwɔ?
3 Dɛn na yebetumi asua? Sɛ yɛte he oo, sɛ yɛn tebea te sɛn oo, yɛn ani betumi agye. Sɛ yɛn ani begye a, ɛsɛ sɛ yɛn ani sɔ nea yɛwɔ. (Dw. 16:6; 24:5) Ɛtɔ da a, nneɛma pa a yɛwɔ no, sɛ́ anka yɛde yɛn adwene besi so no, wobɛhwɛ no, na nea yenni mmom na yɛredwinnwen ho. Enti bɔ mmɔden fa w’adwene si nneɛma pa a wowɔ no so. Woyɛ saa a, w’ani begye.—Gal. 6:4.
ISAKAR
4. Nkɔm bɛn na Yakob hyɛ faa Isakar ho, na sɛn na ɛbaa mu? (Genesis 49:14, 15) (Hwɛ adaka no nso.)
4 Kenkan Genesis 49:14, 15. Ná Isakar yɛ adwumaden, enti Yakob kamfoo no, na ɔkaa sɛ ɔte sɛ afurum hoɔdenfo a ɔsoa nneɛma a emu yɛ duru. Yakob san kaa sɛ Isakar benya asaase pa. Asɛm a Yakob kae no baa mu, efisɛ Isakar asefo no nyaa asaase pa wɔ Yordan Asubɔnten no ho. (Yos. 19:22) Ɛda adi sɛ, wɔyeree wɔn ho yɛɛ wɔn asaase no so adwuma, nanso ɛnyɛ ɛno nko. Wɔyɛɛ adwumaden boaa afoforo nso. (1 Ahe. 4:7, 17) Ná Isakar abusua no ayɛ krado sɛ wɔbɛboa ma wɔako atia Israel atamfo. Ɛho nhwɛso ne bere a ɔtemmufo Barak ne odiyifobea Debora frɛɛ wɔn sɛ wɔmmɛboa wɔn ma wɔnko ntia Sisera no.—Atem. 5:15.
5. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yɛ adwumaden?
5 Dɛn na yebetumi asua? Sɛnea Yehowa ani sɔɔ adwumaden a Isakar abusua no yɛe no, yɛn nso adwumaden a yɛyɛ no, n’ani sɔ paa. (Ɔsɛnk. 2:24) Wo de, yɛnhwɛ anuanom mmarima a wɔyɛ adwumaden de boa asafo no. (1 Tim. 3:1) Saa mmarima yi nko ntɔkwaw ankasa mma Onyankopɔn nkurɔfo, na mmom wɔyɛ nea wɔbetumi biara de bɔ wɔn ho ban sɛnea ɛbɛyɛ a wɔne Yehowa ntam rensɛe. (1 Kor. 5:1, 5; Yuda 17-23) Afei nso, wɔyere wɔn ho siesie ɔkasa ahorow a ɛhyɛ nkuran, na wɔma de hyɛ asafo no den.—1 Tim. 5:17.
DAN
6. Nkɔm bɛn na Yakob hyɛ faa Dan ho, na ɛbaa mu sɛn? (Genesis 49:17, 18) (Hwɛ adaka no nso.)
6 Kenkan Genesis 49:17, 18. Yakob kaa sɛ Dan te sɛ ɔwɔ a ɔtow hyɛ mmoa akɛse te sɛ ɔpɔnkɔ so ma nea ɔte ne so no bu hwe. Wei kyerɛ sɛ, na Dan de akokoduru bɛtow ahyɛ Israel atamfo so. Bere a Israelfo no nam sare no so rekɔ Bɔhyɛ Asaase no so no, Dan abusuakuw no na “wɔbɔɔ asafo no nyinaa kyidɔm.” (Num. 10:25) Ɛwom sɛ ɛnyɛ obiara na ehuu adwumaden a na Danfo no reyɛ wɔ akyi hɔ, nanso na ɛyɛ adwuma a ɛho hia paa.
7. Adwuma biara a yɛyɛ wɔ Yehowa som mu no, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae wɔ ho?
7 Dɛn na yebetumi asua? Ɛtɔ da a, adwuma bi a wɔde bɛhyɛ wo nsa no, sɛ woreyɛ a, ɛbɛyɛ wo sɛ obiara nhu. Ebia woboa ma wɔsiesiee Ahenni Asa so, anaa woboa ma wɔsiesiee nneɛma bi a asɛe wɔ hɔ. Ebi nso a wutuu wo ho mae yɛɛ nnwuma bi wɔ ɔmansin anaa ɔmantam nhyiam bi ase. Anaa ebia woyɛɛ adwuma foforo bi. Sɛ saa a, ɛnde wofata nkamfo paa! Bere nyinaa kae sɛ, adwuma biara a woyɛ ma Yehowa no, ohu na n’ani sɔ. Sɛ ɔdɔ a wodɔ no nti na wufi wo koma nyinaa mu som no, na ɛnyɛ sɛ wode repɛ nnipa anim anuonyam a, ɛnde kae sɛ ɛyɛ no fɛ paa.—Mat. 6:1-4.
GAD
8. Adɛn nti na na ɛyɛ mmerɛw ma atamfo sɛ wɔbɛtow ahyɛ Gad so wɔ Bɔhyɛ Asaase no so? (Genesis 49:19) (Hwɛ adaka no nso.)
8 Kenkan Genesis 49:19. Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ dɔm bɛtow ahyɛ Gad so. Bɛboro mfe 200 akyi no, asaase a ɛda Yordan Asubɔnten no apuei no, ɛhɔ na Gad abusuakuw no kɔtenae. Esiane sɛ na wɔne atamfo na ɛbɔ hye nti, na ɛnyɛ den sɛ wɔbɛba abɛtow ahyɛ wɔn so. Nanso Gadfo no tenaa hɔ efisɛ na wɔn nyɛmmoa benya asaase pa adidi so. (Num. 32:1, 5) Ɛda adi sɛ na Gadfo no yɛ nnipa a wɔwɔ akokoduru. Nanso na wɔwɔ Yehowa mu ahotoso sɛ ɔbɛboa wɔn ma wɔako atia atamfo de abɔ asaase a ɔde ama wɔn no ho ban. Wɔmaa wɔn asraafo no mpo kɔkaa mmusuakuw a aka no ho ma wɔkoe mfe pii. Wɔyɛɛ saa de dii wɔn atamfo so nkonim wɔ bɔhyɛ asaase no so wɔ Yordan atɔe. (Num. 32:16-19) Ná wɔgye di sɛ Yehowa bɛbɔ wɔn yerenom ne wɔn mma ho ban bere a mmarima no nni hɔ no. Esiane wɔn akokoduru ne wɔn ahofama nti, Yehowa hyiraa wɔn.—Yos. 22:1-4.
9. Sɛ yɛwɔ Yehowa mu ahotoso a, gyinae bɛn na yebesisi?
9 Dɛn na yebetumi asua? Sɛ yebetumi asom Yehowa wɔ tebea a emu yɛ den mu a, ɛsɛ sɛ yɛkɔ so de yɛn ho to no so. (Dw. 37:3) Ɛnnɛ, anuanom pii de nneɛma bɔ afɔre tu wɔn ho ma kɔboa ma wɔsisi asafo adan, wɔkɔka asɛmpa no wɔ baabi a mmoa ho hia, anaa wɔyɛ nnwuma afoforo. Wɔyɛ saa de kyerɛ sɛ wɔwɔ Yehowa mu ahotoso. Afei nso, wɔwɔ ahotoso sɛ ɛdan sɛ boɔ a, Yehowa bɛhwɛ wɔn.—Dw. 23:1.
ASER
10. Sɛn na nkɔm a Yakob hyɛ faa Aser ho no baam, nanso dɛn na Aser abusuakuw no anyɛ? (Genesis 49:20) (Hwɛ adaka no nso.)
10 Kenkan Genesis 49:20. Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ Aser abusuakuw no bedi yiye, na saa pɛpɛɛpɛ na esii. Asaase a Aser abusuakuw no nyae no, asaase papa paa a na ɛwɔ Israel no, na wɔn de no ka ho. (Deut. 33:24) Ná wɔn asaase no bɛn Mediterranea Po no, na ɛhɔ na na Sidon po so hyɛn gyinabea no wɔ. Ná wɔdi gua wɔ hɔ paa, enti na sika wɔ kurow no mu. Nanso Aserfo no antu Kaananfo no amfi asaase no so. (Atem. 1:31, 32) Esiane sɛ na Aser abusuakuw no di yiye, na Kaananfo no subammɔne nyaa wɔn so nkɛntɛnso nti, ɛbɛyɛ sɛ amma wɔanyere wɔn ho ansom Yehowa. Bere a ɔtemmufo Barak rehwehwɛ nkurɔfo ama wɔakɔko atia Kaanan asraafo no, Aser abusuakuw no ankɔboa. Wei nti, sɛnea Yehowa gyee ne nkurɔfo anwanwakwan so wɔ “Megido nsu ho” no, wɔanhu bi. (Atem. 5:19-21) Ɛno akyi no, Yehowa maa Barak ne Debora too nkonimdi dwom a ne fã bi ka sɛ: “Aser yii n’ani tenaa mpoano.” Enti bere a Aser abusuakuw no tee no, ɛbɛyɛ sɛ wɔn ani wui.—Atem. 5:17.
11. Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ yɛma yɛn ani bere ahonyade?
11 Dɛn na yebetumi asua? Yɛpɛ sɛ yɛyɛ nea yebetumi nyinaa som Yehowa. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, adwene a wiase no wɔ wɔ sika ne ahonyade ho no, ɛnsɛ sɛ yenya bi. (Mmeb. 18:11) Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yɛremma yɛn ani mmere sika. (Ɔsɛnk. 7:12; Heb. 13:5) Honam fam nneɛma a yɛnhyɛ da nhia no, ɛnsɛ sɛ yɛsɛe yɛn bere ne yɛn ahoɔden di akyi, anyɛ saa a ɛbɛma yɛde Onyankopɔn som ato nkyɛn. Mmom, yɛyere yɛn ho sɛ yɛde yɛn bere ne yɛn ahoɔden bɛyɛ nea yebetumi nyinaa wɔ Yehowa som mu, efisɛ yenim sɛ daakye yebenya asetena papa paa, na yebedi yiye afebɔɔ.—Dw. 4:8.
NAFTALI
12. Nkɔm a Yakob hyɛ faa Naftali ho no, ɛbɛyɛ sɛ ɛbaa mu sɛn? (Genesis 49:21) (Hwɛ adaka no nso.)
12 Kenkan Genesis 49:21. Yakob kaa sɛ Naftali bɛka “nsɛm a ɛyɛ dɛ.” Ɛbɛyɛ sɛ na wei fa sɛnea Yesu kasae bere a na ɔreyɛ ne som adwuma no ho. Ná Yesu taa tena Kapernaum a ɛwɔ Naftali asaase so no kyerɛkyerɛ. Ɛno nti na Bible ka sɛ na ɛhɔ yɛ “ɔno ara ne kurom” no. (Mat. 4:13; 9:1; Yoh. 7:46) Yesaia hyɛɛ nkɔm sɛ Sebulonfo ne Naftalifo behu “hann kɛse bi.” (Yes. 9:1, 2) Yesu nam ne nkyerɛkyerɛ so ma ɛdaa adi sɛ ɔno ne “nokware hann a ɛhyerɛn ma nnipa ahorow nyinaa no.”—Yoh. 1:9.
13. Yɛbɛyɛ dɛn de yɛn anom kasa ahyɛ Yehowa anuonyam?
13 Dɛn na yebetumi asua? Yɛn anom kasa ho hia Yehowa. Yɛbɛyɛ dɛn aka “nsɛm a ɛyɛ dɛ” a ɛbɛhyɛ Yehowa anuonyam? Ɛsɛ sɛ yɛka nokware. (Dw. 15:1, 2) Bio nso, yebetumi akamfo afoforo de ahyɛ wɔn nkuran, nanso yɛrenka wɔn mfomso ho asɛm yayaayaw. (Efe. 4:29) Afei nso, yebetumi de asi yɛn ani so sɛ yebesua sɛnea yɛne nkurɔfo befi nkɔmmɔ ase, na ama yɛatumi adi wɔn adanse.
YOSEF
14. Kyerɛ sɛnea nkɔm a Yakob hyɛ faa Yosef ho no baam. (Genesis 49:22, 26) (Hwɛ adaka no nso.)
14 Kenkan Genesis 49:22, 26. Ɛbɛyɛ sɛ na Yakob nsi Yosef fam koraa. Yehowa ‘yii no fii ne nuanom mu’ de no dii dwuma titiriw bi. Yakob kaa sɛ Yosef “yɛ nkorabata wɔ dua a ɛsow aba ho.” Ná Yakob ankasa ne dua no, ɛnna Yosef yɛ ne nkorabata. Ná Yosef yɛ Yakob dɔfo Rahel abakan. Kyɛfa mmienu a na ɛsɛ sɛ ɔba panyin nya no, Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ Yosef na obenya, nanso Yakob yere Lea abakan Ruben mmom na anka ɛsɛ sɛ onya. (Gen. 48:5, 6; 1 Be. 5:1, 2) Yosef mma mmarima Efraim ne Manase mu biara asefo bɛyɛɛ abusuakuw, na wɔn mu biara nso nyaa asaase. Wei maa nkɔm a Yakob hyɛe no baam.—Gen. 49:25; Yos. 14:4.
15. Bere a nkurɔfo ne Yosef anni no yiye no, dɛn na ɔyɛe wɔ ho?
15 Afei nso, Yakob kaa sɛ agyantofo ‘totow agyan baa Yosef so, na wɔfaa ne ho tan.’ (Gen. 49:23) Yosef nua mmarima a kan no na wɔn ani bere no no, wɔn ho asɛm na na Yakob reka. Wɔne no dii no nwenweenwene, na wɔma ohuu amane paa. Nanso, Yosef amfa ne nuanom ho abufuw anhyɛ ne mu, na saa ara nso na wammɔ Yehowa sobo. Wei nti, Yakob kaa sɛ: “[Yosef agyan] mu anyɛ mmerɛw, na ne nsa a ɛyɛ den na enim ko no nso, emu angow.” (Gen. 49:24) Bere a Yosef hyiaa sɔhwɛ no, ɔde ne ho too Yehowa so, ɔde ne nuanom bɔne kyɛɛ wɔn, na ɔne wɔn dii no yiye nso. (Gen. 47:11, 12) Yosef maa sɔhwɛ a ohyiae no siesiee no. (Dw. 105:17-19) Wei maa Yehowa de no yɛɛ nneɛma akɛseakɛse pii.
16. Yɛn nso, sɛ yehyia sɔhwɛ a, yɛbɛyɛ dɛn asuasua Yosef?
16 Dɛn na yebetumi asua? Sɛ yehyia sɔhwɛ a, mommma yɛnntew yɛn ho mmfi Yehowa anaa yɛn nuanom Kristofo ho da. Kae sɛ Yehowa betumi ama kwan ma yɛahyia sɔhwɛ sɛnea ɛbɛyɛ a ɛbɛtete yɛn. (Heb. 12:7, ase hɔ asɛm) Ntetee a ɛte saa betumi aboa yɛn ma yɛanya suban pa te sɛ mmɔborɔhunu, na ɛbɛboa yɛn ma yɛde afoforo nso bɔne akyɛ wɔn. (Heb. 12:11) Yosef miaa n’ani gyinaa sɔhwɛ mu, na Yehowa hyiraa no. Yɛn nso, sɛ yɛyɛ saa a, Yehowa behyira yɛn.
BENYAMIN
17. Nkɔm a Yakob hyɛ faa Benyamin ho no baa mu sɛn? (Genesis 49:27) (Hwɛ adaka no nso.)
17 Kenkan Genesis 49:27. Yakob hyɛɛ nkɔm sɛ Benyaminfo no bɛkwadare akodi mu te sɛ pataku. (Atem. 20:15, 16; 1 Be. 12:2) Israel ahenni no “anɔpa” anaa n’ahyɛase pɛɛ na Saul a ofi Benyamin abusuakuw mu no bɛyɛɛ Israel hene a odi kan. Ɔde akokoduru ko tiaa Filistifo no denneennen. (1 Sam. 9:15-17, 21) Israel ahenni no “anwummere” anaa ɛrekɔ n’awiei no, Ɔhemmaa Ester ne Mordekai a wɔn nyinaa yɛ Benyaminfo no twitwa gyee Israelfo, sɛnea ɛbɛyɛ a Persia Ahemman no rentɔre wɔn ase.—Ester 2:5-7; 8:3; 10:3.
18. Nokware a Benyaminfo no di maa Yehowa no, yɛbɛyɛ dɛn asuasua?
18 Dɛn na yebetumi asua? Bere a Benyaminfo no hui sɛ obi a ofi wɔn abusua mu abɛyɛ ɔhene no, ɛda adi sɛ wɔn ani gyei paa. Nanso, Yehowa maa ahenni no kodii Dawid a ofi Yuda abusuakuw mu no nsam. Ne nyinaa mu no, Benyaminfo no kɔtaa Dawid akyi. (2 Sam. 3:17-19) Mfe pii akyi no, bere a mmusuakuw a aka no tew atua no, Benyaminfo no bataa Yuda abusuakuw no ne ɔhene a na Yehowa apaw no no ho. (1 Ahe. 11:31, 32; 12:19, 21) Yɛn nso, wɔn a Yehowa apaw wɔn sɛ wɔnni ne nkurɔfo anim nnɛ no, momma yɛnkɔ so mmata wɔn ho denneennen.—1 Tes. 5:12.
19. Nkɔm a Yakob hyɛe bere a ɔrebewu no, sɛn na ebetumi aboa yɛn?
19 Nkɔm a Yakob hyɛe bere a ɔrebewu no betumi aboa yɛn. Yɛasusuw sɛnea ɛbaa mu no ho. Wei ama yɛanya gyidi kɛse sɛ Yehowa nkɔmhyɛ nyinaa bɛbam. Afei nso, sɛ yɛhwɛ nhyira a Yakob mma mmarima no nyae no a, ɛboa yɛn ma yehu nea yɛyɛ a ɛbɛsɔ Yehowa ani.
DWOM 128 Gyina Mu Kosi Awiei
a Bere a Yakob rehyira Ruben, Simeon, Lewi, ne Yuda no, ɔhyɛɛ ase fii nea ɔyɛ ɔpanyin so, nanso bere a ɔrehyira ne mma a aka no, wanyɛ no saa.