ADESUA ASƐM 28
DWOM 88 Kyerɛ Me W’akwan
Adɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Wohwehwɛ Afotu?
“Wɔn a wɔhwehwɛ afotu no na nyansa yɛ wɔn dea.”—MMEB. 13:10.
NEA ADESUA YI BƐKA HO ASƐM
Nea yɛbɛyɛ na yɛanya afotu so mfaso paa.
1. Yɛbɛyɛ dɛn asisi gyinae pa ama nneɛma akɔ yiye ama yɛn? (Mmebusɛm 13:10; 15:22)
YƐN nyinaa pɛ sɛ yesisi gyinae pa sɛnea ɛbɛyɛ a nneɛma bɛkɔ yiye ama yɛn. Sɛ yebetumi ayɛ saa a, Onyankopɔn asɛm ma yehu sɛ, ɛsɛ sɛ yɛhwehwɛ afotu.—Kenkan Mmebusɛm 13:10; 15:22.
2. Dɛn na Yehowa ahyɛ bɔ sɛ ɔbɛyɛ ama yɛn?
2 Nokwasɛm ne sɛ, yɛn Agya Yehowa ne Onii a ɔfata paa sɛ yɛkɔ ne nkyɛn kogye afotu. Asɛm a edi so yi na waka de ahyɛ yɛn bɔ sɛ ɔbɛboa yɛn: “M’ani bɛba wo so, na matu wo fo.” (Dw. 32:8) Saa asɛm yi kyerɛ sɛ, ɛnyɛ sɛ Yehowa tu yɛn fo kɛkɛ, na mmom ɔboa yɛn nso ma yɛde afotu no yɛ adwuma.
3. Dɛn na yebesusuw ho wɔ adesua yi mu?
3 Adesua yi mu no, yɛde Onyankopɔn Asɛm no beyi nsɛmmisa nnan yi ano: (1) Sɛ menya afotu pa so mfaso a, su bɛn na ɛsɛ sɛ minya? (2) Hena na obetumi ama me afotu pa? (3) Mɛyɛ dɛn akyerɛ sɛ mayɛ krado sɛ metie afotu? (4) Adɛn nti na ɛnsɛ sɛ mema afoforo si gyinae ma me?
SU BƐN NA ƐSƐ SƐ MINYA?
4. Sɛ yɛpɛ sɛ yenya afotu pa so mfaso a, su bɛn na ɛsɛ sɛ yenya?
4 Sɛ yebenya afotu pa so mfaso a, ehia sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase. Ɛsɛ sɛ yegye tom sɛ ɛnyɛ biribiara na yenim. Gyinaesi bi wɔ hɔ a, sɛ wɔn a wɔwɔ ho suahu ne nimdeɛ ammoa yɛn a, yɛrentumi nsi no yiye. Sɛ yenni ahobrɛase a, ɛnyɛ ade a Yehowa bɛboa yɛn. Ɛba saa na yɛrekan Onyankopɔn Asɛm no na yehu afotu bi a, ɛbɛyɛ te sɛ nea yɛahwie nsu agu boɔ so no; yɛrente nka mpo sɛ ɛfa yɛn ho. (Mika 6:8; 1 Pet. 5:5) Nanso, sɛ yɛbrɛ yɛn ho ase a, yɛde ntɛmpɛ begye Bible afotu atom na yɛde ayɛ adwuma.
5. Nneɛma bɛn na anka ebetumi ama Ɔhene Dawid ayɛ ahomaso?
5 Momma yɛnhwɛ nea yebetumi asua afi Ɔhene Dawid hɔ. Nneɛma pii a otumi yɛe no, anka ebetumi ama wayɛ ahomaso. Ansa na ɔrebɛyɛ ɔhene koraa no, na wagye din sɛ onim sanku bɔ paa. Ɔhene Saul mpo ma ɔkɔbɔɔ sanku maa no. (1 Sam. 16:18, 19) Bere a wɔsraa Dawid sɛ ɔno na ɔbɛyɛ Israel hene a odi hɔ no, Yehowa nam ne honhom kronkron no so maa no tumi. (1 Sam. 16:11-13) Bere a okunkum Israel atamfo no, wɔbɔ gyee no so. Ebi ne bere a okum Filistini ɔbran Goliat no. (1 Sam. 17:37, 50; 18:7) Obi a na watumi ayɛ nneɛma akɛseakɛse sei de, anka obetumi ama ne ho so na wate nka sɛ onhia obiara afotu. Nanso na Dawid nte saa.
6. Yɛyɛ dɛn hu sɛ na Dawid tie afotu? (Hwɛ mfoni no nso.)
6 Dawid bɛyɛɛ ɔhene akyi no, wɔn a wɔbetumi ama no afotu pa na ɔne wɔn bɔe. (1 Be. 27:32-34) Wei nyɛ nwanwa, efisɛ ansa na ɔrebɛyɛ ɔhene mpo, na ɔyɛ obi a otie afotu. Ɛnyɛ mmarima nko ara na na otie wɔn afotu; otiee Abigail a na ɔyɛ ɔbea no nso. Ná Abigail kunu Nabal mmu afoforo, ɔyɛ bonniayɛ, na na ɔyɛ ahantan paa. Nanso na Dawid brɛ ne ho ase, enti otiee afotu pa a Abigail de maa no no. Wei ma ɔkwatii bɔne kɛse bi a anka ɔrekɔyɛ.—1 Sam. 25:2, 3, 21-25, 32-34.
Dawid brɛɛ ne ho ase tiee Abigail afotu no, na ɔde yɛɛ adwuma (Hwɛ nkyekyɛm 6)
7. Dɛn na yebetumi asua afi Dawid nhwɛso no mu? (Ɔsɛnkafo 4:13) (Hwɛ mfoni no nso.)
7 Yebetumi asua biribi afi nea Dawid yɛe no mu. Ebia na yɛwɔ ɔdom akyɛde bi, anaa hokwan bi a yɛwɔ nti afoforo hyɛ yɛn ase. Sɛ saa na ɛte mpo a, ɛnsɛ sɛ yenya adwene da sɛ yenim biribiara, na yenhia afoforo afotu. Sɛnea Dawid yɛe no, yɛn nso, sɛ afotu no fi he oo, sɛ efi he oo, ɛsɛ sɛ yetie. (Kenkan Ɔsɛnkafo 4:13.) Sɛ yɛyɛ saa a, mfomso akɛse a ebetumi akɔfa yawdi abrɛ yɛne afoforo no, yɛbɛkwati.
Afotu a wɔde bɛma yɛn no, sɛ efi he oo, sɛ efi he oo, ɛsɛ sɛ yetie (Hwɛ nkyekyɛm 7)c
HENA NA OBETUMI AMA ME AFOTU PA?
8. Adɛn nti na na Yonatan betumi de afotu pa ama Dawid?
8 Momma yɛnhwɛ ade foforo a yebetumi asua afi nea Dawid yɛe no mu. Wɔn a na wɔwɔ Yehowa adwene, na bere koro no ara wɔte tebea a na ɔrefa mu no ase no, wɔn na otiee wɔn afotu. Yɛbɛyɛ nhwɛso a, na Dawid pɛ sɛ ohu sɛ Ɔhene Saul bɛma kwan ma ɔne no asiesie wɔn ntam anaa. Enti ɔkɔhwehwɛɛ afotu fii Saul ba Yonatan hɔ. Adɛn nti na Yonatan tumi maa Dawid afotu pa? Efisɛ na Yonatan yɛ Yehowa adamfo, na na onim Saul nso paa. (1 Sam. 20:9-13) Dɛn na yebetumi asua afi mu?
9. Sɛ yɛrepɛ afotu a, hena nkyɛn na ɛsɛ sɛ yɛkɔ? Ma ho nhwɛso. (Mmebusɛm 13:20)
9 Sɛ yɛrepɛ afotu a, wɔn a wɔwɔ Yehowa adwene na bere koro no ara wɔte yɛn tebea no ase no, wɔn na ɛsɛ sɛ yɛkɔhwehwɛ afotu fi wɔn hɔ.a (Kenkan Mmebusɛm 13:20.) Yɛmfa no sɛ onua aberante bi repɛ obi aware no. Wohwɛ a, hena na obetumi ama no afotu pa? N’adamfo a ɔnwaree betumi aboa no, nso sɛ n’afotu no bɛkɔ yiye a, gye sɛ egyina Bible so. Nanso sɛ ɔrepɛ aware mu nsɛm pɔtee bi ho afotu a, ɛda adi sɛ awarefo a wɔn ho akokwaw, wɔnim no yiye, na anigye wɔ wɔn aware mu betumi aboa no.
10. Dɛn na afei yɛrebesusuw ho?
10 Yɛahu su a ɛsɛ sɛ yenya na yɛatumi anya afotu pa so mfaso. Afei nso, yɛahu wɔn a wɔbetumi ama yɛn afotu pa. Ɛnde, momma yɛnhwɛ nea enti a ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yebetie afotu. Ɛno akyi no, yɛbɛhwɛ nea enti a ɛnsɛ sɛ yɛma afoforo sisi gyinae ma yɛn.
MƐYƐ DƐN AHU SƐ MAYƐ KRADO SƐ METIE AFOTU?
11-12. (a) Ɛtɔ da a, dɛn na yɛn mu binom tumi yɛ? (b) Bere bi a na ehia sɛ Ɔhene Rehoboam si gyinae bi a ɛho hia no, dɛn na ɔyɛe?
11 Ɛtɔ da a, obi betumi abisa afoforo adwene wɔ gyinae bi a ɔpɛ sɛ osi ho, nanso wobɛhwɛ mu paa no, na wasi gyinae no dedaw, ɛnna ɔpɛ sɛ ohu sɛ afoforo ne no yɛ adwene anaa. Onipa a ɔte saa no, ɛnyɛ afotu bi na ɔrepɛ atie. Ɛsɛ sɛ osua biribi fi nea ɛtoo Ɔhene Rehoboam no mu.
12 Israel hene Solomon wui no, Rehoboam na obedii n’ade. Rehoboam bedii ade no, na Israel man no di yiye, nanso ɔmanfo no tee nka sɛ na Solomon ma wɔyɛ adwuma boro so. Enti, ɔmanfo no baa Rehoboam nkyɛn bɛsrɛɛ no sɛ ɔmma wɔn kɔn mu nnwo wɔn kakra. Rehoboam ka kyerɛɛ wɔn sɛ wɔmma no bere kakra na ɔmfa nkodwen asɛm no ho. Mfiase no, otuu anammɔn pa; mpanyimfo a na wɔtu Solomon fo no, ɔkɔhwehwɛɛ afotu fii wɔn hɔ. (1 Ahe. 12:2-7) Nanso wamfa afotu a mpanyimfo no de maa no no anyɛ adwuma. Adɛn nti na ɔyɛɛ saa? Gyinae a na Rehoboam pɛ sɛ osi no, wohwɛ a na wasi dedaw, ɛnna ɔrepɛ obi afoa no so kɛkɛ anaa? Sɛ saa a, ɛnde afotu a ne nnamfo a ɔne wɔn sii so de maa no no, ɛno ara na na ɔrehwehwɛ. (1 Ahe. 12:8-14) Asɛm a wɔka kyerɛɛ Rehoboam no, ɛno ara na ɔkɔka kyerɛɛ ɔmanfo no. Ɛno nti ɔman no mu kyɛe, na efi saa bere no rekɔ no, Rehoboam annya asomdwoe da.—1 Ahe. 12:16-19.
13. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ yɛayɛ krado sɛ yebetie afotu?
13 Dɛn na yebetumi asua afi nea Rehoboam yɛe no mu? Sɛ yebisa afoforo adwene wɔ gyinae bi a yɛpɛ sɛ yesi ho a, ɛsɛ sɛ yɛyɛ krado sɛ yebetie afotu a wɔde bɛma yɛn no. Yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ saa na yɛte? Yebetumi abisa yɛn ho sɛ, ‘Sɛ mibisa obi adwenkyerɛ wɔ asɛm bi ho, na nea ɔbɛka no ɛnyɛ ɛno na merepɛ atie a, ɛyɛ a mebɔ gu ntɛm ara?’ Momma yɛnhwɛ nhwɛso bi.
14. Sɛ obi tu yɛn fo a, dɛn na ɛsɛ sɛ yɛkae? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ mfoni no nso.)
14 Yɛmfa no sɛ onua bi anya adwuma bi a sika wom. Ansa na ɔresi ho gyinae no, ɔkɔhwehwɛɛ afotu fii asafo mu panyin bi hɔ. Onua no kyerɛɛ mu kyerɛɛ ɔpanyin no sɛ, ɛwom ara a adwuma no nti, obegyaw n’abusua hɔ akohyem kakra. Ɔpanyin no kaee no sɛ, Bible ka sɛ n’asɛde titiriw ne sɛ ɔbɛhwɛ ama n’abusua asom Yehowa yiye. (Efe. 6:4; 1 Tim. 5:8) Fa no sɛ ɛhɔ ara na ɔbɔɔ ɔpanyin no asɛm no gui, ɛnna okobisabisaa anuanom afoforo adwene kosii sɛ ɔtee nea ɛbɛyɛ n’asom dɛ. Wohwɛ a afotu paa na na onua no repɛ atie, anaa na wasi gyinae no dedaw, ɛnna ɔrepɛ obi a ɔbɛfoa no so? Ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ yɛn koma no yɛ ɔdaadaafo. (Yer. 17:9) Ɛtɔ da a, afotu a ɛbɛboa yɛn paa no, ɛno nso na yɛmpɛ ate koraa.
Afotu paa na yɛrepɛ atie, anaa yɛasi gyinae no dedaw, ɛnna yɛrepɛ obi a ɔbɛfoa yɛn so? (Hwɛ nkyekyɛm 14)
ƐSƐ SƐ MEMA AFOFORO SISI GYINAE MA ME ANAA?
15. Dɛn na ɛnsɛ sɛ yɛyɛ, na adɛn ntia?
15 Yehowa pɛ sɛ yɛn mu biara sisi ɔno ara ne gyinae. (Gal. 6:4, 5) Sɛnea yɛahu no, ansa na yebesi gyinae bi no, ehia sɛ yɛhwehwɛ afotu fi Onyankopɔn Asɛm mu, na yɛhwehwɛ bi nso fi anuanom a wɔn ho akokwaw hɔ. Nanso ɛsɛ sɛ yɛhwɛ yiye na yɛanka ankyerɛ afoforo sɛ wɔnsisi gyinae mma yɛn. Ɛtɔ da a, ebinom tumi bisa obi a wɔwɔ obu ma no sɛ, “Sɛ wo na wuhyiaa me tebea yi a, anka dɛn na wobɛyɛ?” Ebinom nso, sɛ wɔhu sɛ obi asi gyinae bi a, wɔnnwen ho nkɔ akyiri na wɔn nso asi saa gyinae no ara bi.
16. Nam a na wɔde abɔ afɔre ama abosom no, ɛho asɛm bɛn na ɛsɔree wɔ Korinto asafo no mu, na hena na na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ ɔbɛwe anaa ɔrenwe? (1 Korintofo 8:7; 10:25, 26)
16 Yɛnhwɛ asɛm bi a esii wɔ tete Korinto asafo no mu. Ná ɛfa nam a ɛbɛyɛ sɛ wɔde abɔ afɔre ama abosom ho. Paul kyerɛw kɔmaa wɔn sɛ: “Yenim sɛ ɔbosom nyɛ hwee wɔ wiase, na Onyankopɔn baako pɛ na ɔwɔ hɔ.” (1 Kor. 8:4) Wei nti, asafo no mufo binom sii gyinae sɛ, sɛ abosonsomfo de nam bɔ afɔre na ɛno akyi no wɔkɔtɔn wɔ gua so a, wɔbetumi akɔtɔ bi awe. Ebinom nso sii gyinae sɛ wɔrenwe saa nam no, efisɛ na ɛbɛhaw wɔn ahonim. (Kenkan 1 Korintofo 8:7; 10:25, 26.) Ná wei yɛ ankorankoro gyinaesi. Paul anka ankyerɛ Korintofo no da sɛ wɔnsisi gyinae mma afoforo anaa wɔnyɛ nea afoforo reyɛ no bi pɛpɛɛpɛ. Ná wɔn mu biara “bebu ɔno ara n’akontaa akyerɛ Onyankopɔn.”—Rom. 14:10-12.
17. Sɛ yesuasua afoforo kɛkɛ a, dɛn na ebetumi afi mu aba? Ma ho nhwɛso. (Hwɛ mfoni no nso.)
17 Ɛnnɛ nso, sɛn na biribi a ɛte saa betumi asi? Momma yɛmfa mogya mu nneɛma nketenkete a ɛsɛ sɛ yesi ho gyinae no nyɛ nhwɛso. Kristoni biara na ɛsɛ sɛ osi gyinae sɛ obegye anaa ɔrennye.b Ebia ɛbɛyɛ den sɛ yebehu nea ɛsɛ sɛ yegye ne nea ɛnsɛ sɛ yegye, nanso Bible ka sɛ, obiara bɛsoa n’ankasa adesoa. Enti wei mu nso, ɛsɛ sɛ obiara si ne gyinae. (Rom. 14:4) Gyinae a obi asi no, sɛ yesuasua no, na yesi ɛno ara bi a, ebetumi ama yɛn ahonim ayɛ mmerɛw. Sɛ yɛn ahonim betumi ayɛ adwuma yiye a, gye sɛ yɛtete no. (Heb. 5:14) Enti wohwɛ a, bere bɛn na ebehia sɛ yɛhwehwɛ afotu fi Kristoni a ne ho akokwaw hɔ? Sɛ yɛn ara yɛyɛ yɛn nhwehwɛmu wie, na ɛyɛ den ma yɛn sɛ yebehu sɛnea Bible nnyinasosɛm bi fa yɛn tebea no ho a, yebetumi ahwehwɛ mmoa.
Ɛsɛ sɛ yɛn ara yedi kan yɛ yɛn nhwehwɛmu wie ansa na yɛakɔhwehwɛ mmoa afi afoforo hɔ (Hwɛ nkyekyɛm 17)
KƆ SO HWEHWƐ AFOTU
18. Dɛn na Yehowa ayɛ ama yɛn?
18 Yehowa ama yɛn mu biara kwan sɛ obetumi asi ne gyinae. Wei kyerɛ sɛ ɔwɔ yɛn mu ahotoso paa. Wama yɛn n’Asɛm Bible no. Afei nso, wama yɛn nnamfo pa a wɔbetumi aboa yɛn ama yɛate Bible nnyinasosɛm ase na yɛde ayɛ adwuma. Wei kyerɛ sɛ, n’asɛde sɛ Agya no, wadi ho dwuma. (Mmeb. 3:21-23) Dɛn na yɛbɛyɛ de akyerɛ sɛ yɛn ani sɔ nea wayɛ ama yɛn no?
19. Yɛbɛyɛ dɛn akɔ so ama Yehowa ani agye?
19 Sɛ awofo hu sɛ wɔn mma anyin abɛyɛ Yehowa asomfo a wɔn ho akokwaw na wɔtumi sisi gyinae pa a, ɛma wɔn ani gye paa. Yehowa nso, sɛ ohu sɛ daa yɛrebɔ mmɔden sɛ yɛbɛma yɛn ho akokwaw, yɛbɛhwehwɛ afotu, na yɛasisi gyinae a ɛbɛsɔ n’ani a, ɛma n’ani gye paa.
DWOM 127 Onipa Kõ a Ɛsɛ sɛ Meyɛ
a Ɛtɔ da a, Kristofo betumi akɔhwehwɛ afotu afi wɔn a wɔnsom Yehowa hɔ. Ebi ne nea ɛfa sikasɛm, ayaresa ne nneɛma a ɛtete saa ho.
b Sɛ wopɛ wei ho nkyerɛkyerɛmu a ɛkɔ akyiri a, hwɛ Wubetumi Anya Anigye Daa! nhoma no, adesua 39 nkyekyɛm 5, ne “Yɛ Nhwehwɛmu” afã hɔ.
c MFONI HO NKYERƐKYERƐMU: Sɛnea ɔpanyin bi kasae wɔ mpanyimfo nhyiam bi ase no antwa yiye, na ɔpanyin foforo de ɛho afotu rema no.